Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO | ONYANKOPƆN AHENNI—ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ ƐHO HIA WO?

Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni Ho Hia Wo?

Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni Ho Hia Wo?

Nnipa pii wɔ hɔ a, Onyankopɔn Ahenni no ne wɔn anidaso. Wɔsuasua Yesu a ɔtwaa sa too hɔ maa wɔn no. Ɔkyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.”Mateo 6:10, Akuapem Twi Bible.

Sɛnea Onyankopɔn Ahenni no ho hia nnipa pii no, ɛyɛ nwonwa sɛ Ahenni no nhyɛ da nhia asɔre dodow no ara saa. Abakɔsɛm kyerɛwfo H. G. Wells kaa suban a asɔre ahorow da no adi ho asɛm. Ɔkyerɛɛ mu sɛ, ade a na ɛdi akoten paa wɔ Yesu nkyerɛkyerɛ mu ne nea ɔfrɛɛ no Ɔsoro Ahenni no, nanso ɛmpue ahe biara wɔ asɔre dodow no ara nkyerɛkyerɛ mu.

Yehowa Adansefo de, Onyankopɔn Ahenni ho hia wɔn paa. Wo de hwɛ o, Ɔwɛn-Aban a worekenkan yi, ɛno ne yɛn nhoma a yɛde yɛ adwuma kɛse. Yɛtintim no kasa 220 mu, na emu biara, yɛtintim bɛyɛ ɔpepem 46. Nsɛmma nhoma biara nni wiase a wɔkyekyɛ no pii saa. Dɛn paa na ɛka ho asɛm? Wohwɛ din a ɛda so a, wobɛhu. Ɛno ne: Ɔwɛn-AbanƐka Yehowa Ahenni Kyerɛ. *

Adɛn na Yehowa Adansefo kum wɔn ho bɔ Onyankopɔn Ahenni no ho dawuru saa? Nea ɛte ne sɛ, yɛgye di sɛ wohwɛ nhoma a ɛho hia sen nhoma biara a ɛne Bible no mu a, wobɛhu sɛ ade titiriw a ɛka ho asɛm ne Onyankopɔn Ahenni. Afei nso, yɛgye di sɛ Onyankopɔn Ahenni no nko ara na ɛbɛtumi ayi nnipa haw afi hɔ.

Onyankopɔn Ahenni no ho dawuru a Yehowa Adansefo bɔ no, wɔyɛ saa de suasua Yesu. Bere a Yesu wɔ asase so no, na Onyankopɔn Ahenni no ho hia no sen biribiara, na ɛno titiriw na ɔkaa ho asɛm wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu. (Luka 4:43) Adɛn nti na na Ahenni no ho hia Yesu saa? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wo nso, woma ɛho hia wo? Yɛsrɛ wo, kenkan nsɛm a ɛdidi so no, na wobɛhu nea Bible ka fa saa nsɛm no ho.

^ nky. 5 Bible ma yɛhu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.