Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | OWUSƆREƐ—ƐBƐBA AMPA?

Sɛ Obi Wu a Ɛhe na Ɔkɔ?

Sɛ Obi Wu a Ɛhe na Ɔkɔ?

“Ná menim sɛ sɛ obi wu a, baabi mmiɛnsa na ɔbɛtumi akɔ: ɔsoro, Ɔbonsam gya mu, anaa ahodwiragya mu anaasɛ mfinimfinibea. Me deɛ na menim sɛ memfata sɛ mɛkɔ soro, nanso na menyɛ ɔbɔnefo saa sɛ mɛkɔ Ɔbonsam gya mu. Ahodwiragya no deɛ na mennim nea ɛkyerɛ, na na mentee ho asɛm wɔ Bible mu da. Nkurɔfo na na akeka ama mate.”—Lionel.

“Wɔkyerɛkyerɛɛ me sɛ sɛ onipa biara wu a ɔkɔ soro, nanso na mennye nni. Na menim sɛ sɛ obi wu a na asa, ɔnni anidaso biara bio.”—Fernando.

Ebia woabisa nsɛm bi te sɛ nea ɛdidi so yi pɛn: ‘Sɛ yɛwu a tebea bɛn mu na yɛkɔ ankasa? Yɛn adɔfo a wɔawuwu no rehu amane wɔ baabi? Yɛbɛsan ahu wɔn bio? Yɛbɛyɛ dɛn ahu nokwasɛm no?’ Yɛsrɛ wo, susu nea Kyerɛwnsɛm no ankasa ka ho. Nea ɛdi kan, momma yɛnsusu nea Bible ka fa owuo ho no ho nhwɛ. Ɛno akyi no, yɛbɛsusu anidaso a Onyankopɔn Asɛm, Bible ma yɛnya no ho.

Tebea bɛn na awufo wom?

MMUAEƐ A BIBLE DE MA: “Ateasefoɔ nim sɛ wɔbɛwuwu; awufoɔ deɛ, wɔnnim biribiara, na wɔnni akatua biara bio, ɛfiri sɛ nnipa nkae wɔn bio. Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ, ɛfiri sɛ adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa biara nni Adamena mu a worekorɔ no.” *Ɔsɛnkafoɔ 9:5, 10.

Sɛ yɛbɛka no tiawa a, Adamena yɛ baabi a wɔsie awufo; ɛyɛ baabi a obi kɔ a ɔnte nka biara anaa ɔrentumi nyɛ biribiara. Sɛn na ɔnokwafo Hiob tee Adamena ase? Da koro pɛ, ɔhweree ne mma ne n’agyapade nyinaa. Afei mpɔmpɔ bɔne bobɔɔ ne ho nyinaa. Ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ: “O sɛ wode me resie Adamena [“hell,” Catholic Douay Version] mu ɛ, sɛ wode me rehunta” nso ɛ. (Hiob 1:13-19; 2:7; 14:13) Ɛda adi sɛ na Hiob nim sɛ Adamena nyɛ hellgya a wɔyɛ nkurɔfo ayayade, efisɛ anka n’amanehunu bɛsen nea na ɔrefa mu no. Mmom na ɔnim sɛ ɛyɛ baabi a ɔrente yaw biara.

Ɔkwan foforo bi wɔ hɔ a yɛbɛtumi afa so ahu tebea a awufo wom. Yɛbɛtumi ahwehwɛ nea Kyerɛwnsɛm no ka wɔ nnipa nwɔtwe a wɔnyanee wɔn firii awufo mu no mu.—Hwɛ adaka a wɔato din “ Bible Ka Nnipa Nwɔtwe a Wɔnyanee Wɔn Ho Asɛm.”

Nnipa nwɔtwe a wɔnyanee wɔn no mu baako mpo anka sɛ na ɔregye n’ani anaa wɔreyɛ no ayayade wɔ baabi. Bere a wɔwuiɛ no sɛ na wɔwɔ baabi a ɛte saa a, wonnye nni sɛ anka wɔbɛka ho asɛm akyerɛ nkurɔfo? Na anka wɔrenyɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu mma obiara nhu? Nanso, wɔnyɛɛ biribiara a ɛte saa ho kyerɛwtohɔ wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Ɛda adi sɛ saa nnipa nwɔtwe no anka tebea a wɔkɔɔ mu no ho hwee. Dɛn ntia? Efisɛ na wɔnnim biribiara; ná ɛte sɛ nea wɔada hatee. Nokwarem no, ɛtɔ da a Bible de owuo toto obi a wada hatee ho. Sɛ nhwɛso no, ɛka sɛ ɔnokwafo Dawid ne Stefano nyinaa ‘daa wɔ owuo mu.’Asomafoɔ Nnwuma 7:60; 13:36.

Ɛnde anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma awufo? Wɔbɛtumi anyane afiri saa nna hatee no mu?

^ nky. 7Twerɛ KronkronWiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no mu no, wɔkyerɛɛ Hebri asɛmfua “Sheol” ne Hela asɛmfua “Hades” ase sɛ “Adamena.” Bible nkyerɛaseɛ afoforo bi kyerɛ asɛmfua no ase sɛ “hell,” nanso adwene a nkurɔfo kura sɛ ɛyɛ baabi a wɔyɛ abɔnefo a wɔawu no ayayade wɔ ogya mu no nyɛ Bible nkyerɛkyerɛ.