Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ná Ɔyare Paa Nso Ɔkyekyee Afoforo Werɛ

Ná Ɔyare Paa Nso Ɔkyekyee Afoforo Werɛ

 Ɔbea bi a ɔde Clodean yɛ Yehowa Danseni bi a ɔte South Africa. Ɛho behiae sɛ wɔyɛ no oprehyɛn kɛse bi, enti wogyee no too ayaresabea. Ná nyarewa a ɛyɛ hu bebree reteetee no, na na akwan bebree wɔ hɔ a wobetumi afa so asa no yare, nanso na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ nea ɛbɛboa no. Onnya nyɛɛ oprehyɛn no, na ɔte brɛ ne yaw nka, na na ne ho yeraw no. Owiei nso saa ara. Wɔyɛɛ no oprehyɛn no wiei a ɔbaa fie no, bɛyɛ abosome mmienu ne nnawɔtwe mmienu de, na ontumi ntena ase. Ɛno da nkyɛn a, ɛnam COVID-19 yare kodiawuo no nti, na obiara nso ntumi mmɛsra no.

 Ná Clodean mpɛ sɛ obesu ne ho mmɔbɔ, enti ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma no ahoɔden a ɔde bɛkyekye afoforo werɛ. Ahoɔden kakra bae a afei na otumi tena ase no, ɔne maame bi a ɔte bɛn no nuabaa kasae. Kan no, na ɔne Adansefo no sua Bible, nanso na wagyae. Clodean kan Bible mu asɛm dɛdɛɛdɛ bi kyerɛɛ ɔbea no, na ɛhyɛɛ no nkuran maa osii gyinae sɛ ɔne Adansefo no bɛsan asua Bible no bio. Clodean san boaa ɔbaa no ma ohuu sɛ, sɛ ɔkɔ Kristofo nhyiam a, ɛbɛboa no paa. Wamfa anso hɔ ara, ɔkyerɛɛ no sɛnea ɔbɛfa videoconference so akɔ nhyiam no bi. Ɔbaa no tumi bae, na mpo ɔmaa mmuae wɔ adesua no ase.

 Ná ɔbaa no nua kumaa nso ani gye ho sɛ obesua Bible, enti Clodean ne ɔno nso bɔɔ nkɔmmɔ. Ɔno nso ka kyerɛɛ Clodean sɛ, onim ebinom a wɔn nso pɛ sɛ wosua Bible. Ekosii sɛn? Clodean ne mmaa nnan fii ase suaa Bible. Nanso wei koraa de, ɛyɛ ne nketewa mu!

Clodean

 Ɛnam sɛ Clodean pɛ nnipa na ɔtew n’anim ma obiara nti, otumi ne mmaa afoforo du fii Bible adesua ase, kyerɛ sɛ, woka ne nyinaa bom a, ɔne mmaa 16 na esua Bible wɔ COVID bere yi mu! Wɔn mu bi kɔ Kristofo nhyiam nnawɔtwe biara wɔ videoconference so. Esiane sɛ Clodean de ne bere nyinaa reka asɛmpa no nti, onni adaagye a ɔde bedwinnwen nea ɔrefa mu no ho. Afei ɔte nka sɛ Yehowa a ɔyɛ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no akyekye ne werɛ, na wei ama wanya ahoɔden de rekyekye afoforo werɛ.—2 Korintofo 1:3, 4.

 Wɔn a wɔne Clodean sua ade no, wohu adesua no sɛn? Wɔn mu baako kaa sɛ: “Adesua no aboa me paa. Nea ɛyɛ me dɛ koraa ne sɛ mibehuu Onyankopɔn din. Aboa me ama mabɛn Yehowa paa.” Ɔbaa a odi kan a Clodean frɛɛ no ne no bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ no, ɛrenkyɛ koraa ɔbɛbɔ asu. Suahu ahorow a Clodean anya yi ama n’ani agye paa. Yɛrekasa yi nso, oprehyɛn a ɔkɔyɛe no, ne ho atɔ no kama.