Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Adansefo Dodow Sɛn Na Ɛwɔ Wiase Nyinaa?

Yehowa Adansefo Dodow Sɛn Na Ɛwɔ Wiase Nyinaa?

2023 Akontaabu

Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa dodow

8,816,562

Asafo ahorow

118,177

Aman a Yehowa Adansefo ka asɛm no wɔ so

239

Wiase Nyinaa Akontaabu—Nea Aba Foforo

Aman Ne Nsaasesin Ho Kyerɛwtohɔ—Nea Aba Foforo

Moyɛ dɛn hu Yehowa Adansefo dodow?

 Wɔn a wɔka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa bosome biara no, wɔn nko ara na yɛkan wɔn sɛ Yehowa Adansefo. (Mateo 24:14) Enti yɛkan wɔn a wɔabɔ asu sɛ Yehowa Adansefo ne wɔn a wɔmmɔɔ asu nanso wɔfata sɛ wɔka asɛmpa no bi no.

Ɛsɛ sɛ obi tua sika bi na ama watumi abɛyɛ Ɔdansefo anaa?

 Daabi. Enhia sɛ obi tua sika biara ansa na wɔakan no sɛ Ɔdansefo anaa wɔama no kwan sɛ ɔnyɛ dwumadi pɔtee bi anaa wɔde hokwan bi ama no wɔ ahyehyɛde no mu. (Asomafo Nnwuma 8:18-20) Nokwasɛm ne sɛ, sika anaa biribi foforo biara a nkurɔfo de ma no, emu dodow no ara wɔyɛ no kokoam. Ɔdansefo biara de ne bere, n’ahoɔden, ne nea ɔwɔ boa wiase nyinaa adwuma no sɛnea ɔpɛ ne sɛnea ne tebea bɛma kwan.—2 Korintofo 9:7.

Moyɛ dɛn hu nnipa dodow a wɔreka asɛm no?

 Bosome biara, Yehowa Danseni biara de asɛnka adwuma a ɔyɛe no ho kyerɛwtohɔ ma asafo a ɔwɔ mu no, na wofi wɔn pɛ mu na ɛyɛ saa.

 Asafo biara gyigye kyerɛwtohɔ no a, wɔkeka ne nyinaa bom, na wɔde mena Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ ɔman no mu no. Adwumayɛbea ti no nso de nea wɔakeka abom no kɔma yɛn wiase nyinaa adwumayɛbea ti no.

 Sɛ ɔsom afe a biara ba awiei a, wohu adawurubɔfo dodow a ɛsen biara a Adansefo no nyae wɔ ɔman biara mu. Wɔkeka ne nyinaa bom a, ɛma wohu Adansefo a ɛwɔ wiase nyinaa dodow. Ɔman biara kye rɛwtohɔ mu nsɛntitiriw no, yɛkyerɛw ho asɛm wɔ “Wiase Baabiara” afã hɔ wɔ yɛn wɛbsaet no so. Kyerɛwtohɔ ahorow yi hyɛ yɛn nkuran sɛnea amanneɛbɔ a ɛte saa hyɛɛ tete Kristofo no nso nkuran no.—Asomafo Nnwuma 2:41; 4:4; 15:3.

Wɔn a wɔnka asɛm no bi nanso wɔne mo bɔ no, mokan wɔn ka mo ho anaa?

 Ɛwom, yɛnkan saafo no nka Adansefo no ho de, nanso yɛn ani gye ho sɛ wɔbɛba yɛn asafo nhyiam ahorow no bi. Wɔn mu bebree ba Kristo Wu Nkaedi a yɛyɛ no afe biara no ase. Yɛpɛ sɛ yehu saafo no dodow a, yɛde wɔn a wɔba Nkaedi no toto Yehowa Adansefo ankasa dodow ho, na ɛboa yɛn ma yetumi hu. Nnipa dodow a wɔbaa afe 2023 Nkaedi no dodow yɛ 20,461,767.

 Wɔn a wɔmma yɛn nhyiam ase no, wɔn mu pii nya Bible adesua a yɛne nkurɔfo yɛ no so mfaso. Afe 2023 mu no, wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, bosome biara yenyaa Bible adesua 7,281,212. Adesua no bi wɔ hɔ a, wɔne nnipa mmienu anaa nea ɛboro saa na ɛbom sua wɔ bere koro mu.

Adɛn nti na aban kan nnipa a, Yehowa Adansefo dodow dɔɔso sen mo ankasa de a mo de to gua no?

 Aban kan nnipa a, wɔtaa bisa nkurɔfo ma wɔkyerɛ nyamesom kuw a wɔdɔm. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, U.S. Census Bureau ka sɛ, sɛ wɔrebisabisa ɔmanfo adwenkyerɛ a, “nea wɔrepɛ ahu ne sɛ ebia nipa no hu ne ho sɛ ɔyɛ nyamesom kuw pɔtee bi muni anaa.” Wɔde ka ho sɛ, nɔma a wonya no yɛ “adwenkyerɛ; adanse biara nni ho.” Nanso yɛn de, wɔn a wɔka asɛm no kyerɛ nkurɔfo, na wobu ho akontaa no nko ara na yɛkan wɔn sɛ Yehowa Adansefo, na ɛnyɛ wɔn a wɔka kɛkɛ sɛ wɔyɛ Adansefo.

a Yɛka ɔsom afe a, ɛhyɛ ase fi September 1, na ewie August 31 wɔ afe a edi hɔ no mu. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, 2015 ɔsom afe no hyɛɛ ase fii September 1, 2014, na ewiee August 31, 2015.