Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mote Nka sɛ Mo Nko Ara Mo Som na Ɛyɛ Papa?

Mote Nka sɛ Mo Nko Ara Mo Som na Ɛyɛ Papa?

 Obiara a ɔmfa ne som nni agoru no gye di sɛ Onyankopɔn ne Yesu gye ne som no tom. Anyɛ saa a, ɛnde anka ɔte asɔre no mu reyɛ dɛn?

 Nnipa a wɔwɔ adwene sɛ ɔsom pii a ɛwɔ hɔ no yɛ akwan a ne nyinaa kɔ daa nkwa mu no, Yesu Kristo ne wɔn anyɛ adwene. Mmom no ɔkae sɛ: “Ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na nnipa kakraa bi na wohu.” (Mateo 7:​14) Enti Yehowa Adansefo gye di sɛ wɔahu saa kwan no. Sɛ ɛnyɛ saa a, anka wɔakɔhwehwɛ ɔsom foforo.