Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Amu a Wɔhyew—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

Amu a Wɔhyew—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

Nea Bible ka

 Mmara pɔtee biara nni Bible mu a ɛka sɛ, sɛ obi wu a wonsie no anaa wɔnhyew n’amu no.

 Wokan Bible a wubehu sɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo bi siee wɔn abusuafo a wowui no. Ɛho nhwɛso ne Abraham. Ɔyɛɛ nea obetumi biara tɔɔ asase de siee ne yere Sara.​—Genesis 23:​2-​20; 49:29-​32.

 Bible no san ka sɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo bi nso hyew ebinom amu. Ɛho nhwɛso ne Ɔhene Saul ne ne mma mmiɛnsa no. Bere a wowui wɔ akono no, wɔn amu no kaa wɔn atamfo asase so, na atamfo no ansie wɔn. Bere a Israel asraafo anokwafo bi tee asɛm no, wɔkɔfaa Saul ne ne mma amu no bɛhyewee, na afei wosiee nsõ no. (1 Samuel 31:​8-​13) Bible ma yehu sɛ ɔkwan a wɔfaa so siee mmarima no amu no, na ɛfata.​—2 Samuel 2:​4-6.

Amu a wɔhyew ho atosɛm

 Atosɛm: Wɔhyew obi amu a, egu n’anim ase.

 Nokwasɛm: Bible ka sɛ awufo san kɔ dɔte mu. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ amu no porɔw a ɛdan dɔte. (Genesis 3:​19) Enti wɔhyew amu no a, nea ɛyɛ ara ne sɛ ɛma amu no dan nsõ anaa dɔte ntɛm.

 Atosɛm: Bible mmere mu no, Onyankopɔn atamfo nko ara na na wowu a wɔhyew wɔn.

 Nokwasɛm: Nnipa bi a wɔansom Onyankopɔn yiye te sɛ Akan ne n’abusua sei, wɔhyew wɔn amu. (Yosua 7:​25) Nanso ɛno nkyerɛ sɛ abɔnefo nko ara na sɛ wowu a na wɔhyew wɔn. (Deuteronomium 21:22, 23) Sɛnea yɛadi kan aka no, nnipa anokwafo bi mpo wɔ hɔ a wowui no wɔhyew wɔn amu. Ɛho nhwɛso ne Ɔhene Saul ba Yonatan.

 Atosɛm: Wɔhyew obi amu a Onyankopɔn rentumi nnyan no.

 Nokwasɛm: Sɛ Onyankopɔn benyan obi a, sɛ wosiee no oo, wɔhyew no oo, po na ɛfaa no oo, aboa bi na ɔkyeree no wee oo, ɛho asɛm nyɛ no den. (Adiyisɛm 20:13) Ɛnyɛ den mma ade nyinaa so Tumfoɔ no sɛ ɔbɛbɔ nipadua foforo ama onii no.​—1 Korintofo 15:35, 38.