Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yewu a, Ɛhe na Yɛkɔ?

Yewu a, Ɛhe na Yɛkɔ?

Nea Bible ka

 Bible ka sɛ: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu; awufo de, wonnim biribiara, na wonni akatua biara bio, efisɛ nnipa nkae wɔn bio.” (Ɔsɛnkafo 9:5; Dwom 146:4) Enti sɛ yɛwu a, yɛnni baabiara bio. Obi a wawu ntumi nnwen, ontumi nkeka ne ho, na onni atenka biara.

“Dɔte mu na wobɛsan akɔ”

 Bere a Onyankopɔn ne Adam, onipa a odi kan, no rekasa no, ɔkyerɛɛ baabi a yewu a, yɛkɔ. Adam asoɔden nti, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Woyɛ dɔte na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” (Genesis 3:19) Onyankopɔn de “fam dɔte” na ɛbɔɔ Adam. Onyankopɔn nnya mmɔɔ Adam no, na Adam nni baabiara. (Genesis 2:7) Enti bere a Adam wui no, ɔsan kɔɔ dɔte mu, na na onni baabiara bio.

 Ɛnnɛ nso sɛ obi wu a, ade koro no ara na ɛba no so. Bible kaa asɛm bi faa nnipa ne mmoa ho sɛ: “Wɔn nyinaa fi dɔte mu, na wɔn nyinaa san kɔ dɔte mu.”​—Ɔsɛnkafo 3:19, 20.

Sɛ yewu a, ɛnkyerɛ sɛ anidaso nyinaa asa

 Bible ka owu ho asɛm a, ɛtaa de toto nna ho. (Dwom 13:3; Yohane 11:11-14; Asomafo Nnwuma 7:60) Sɛ biribi rekɔ so a, obi a wada hatee nte ho biribiara. Saa ara nso na obi a wawu te. Nanso Bible kyerɛ sɛ, sɛnea obi da a yetumi nyan no no, Onyankopɔn nso betumi anyan obi a wawu aba nkwa mu bio. (Hiob 14:13-15) Wɔn a Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ obenyan wɔn afi owu mu no, anidaso wɔ hɔ ma wɔn.