Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmoa Bɛkɔ Soro Anaa?

Mmoa Bɛkɔ Soro Anaa?

Nea Bible ka

 Wohwɛ abɔde a ɛwɔ asase so nyinaa a, nnipa kakraa bi na Bible kyerɛ sɛ wɔbɛkɔ soro. (Adiyisɛm 14:1, 3) Nea enti a wɔbɛkɔ soro ne sɛ, wɔrekɔyɛ ahemfo ne asɔfo na wɔne Yesu adi ade. (Luka 22:28-30; Adiyisɛm 5:9, 10) Asase so nnipa a aka no, wobenyan wɔn mu dodow no ara ama wɔabɛtena paradise asase so.—Dwom 37:11, 29.

 Bible nkaa wɔ baabiara sɛ nkraman anaa mmoa foforo wɔ baabi a wɔte wɔ soro. Ntease wom, efisɛ nneɛma a ɛma obi fata ma “ɔsoro frɛ” no, mmoa ntumi nyɛ. (Hebrifo 3:1) Saa nneɛma no bi ne sɛ, ɛsɛ sɛ onii no nya nimdeɛ ne gyidi, na ɛsɛ sɛ odi Onyankopɔn mmara so. (Mateo 19:17; Yohane 3:16; 17:3) Nnipa nko ara na wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa.—Genesis 2:16, 17; 3:22, 23.

 Sɛ obi betumi akɔ soro a, gye sɛ wonyan no fi awufo mu. (1 Korintofo 15:42) Bible ka owusɔre ahorow bi a ɛkɔɔ so ho asɛm. (1 Ahene 17:17-24; 2 Ahene 4:32-37; 13:20, 21; Luka 7:11-15; 8:41, 42, 49-56; Yohane 11:38-44; Asomafo Nnwuma 9:36-42; 20:7-12) Nanso emu baako mpo nni hɔ a wonyan aboa; nnipa nko ara na wonyan wɔn.

 Mmoa wɔ akra anaa?

 Dabi. Bible ka sɛ mmoa ne nnipa nyinaa akra. (Numeri 31:28) Bere a Onyankopɔn bɔɔ onipa a odi kan Adam no, wamfa ɔkra anhyɛ ne mu, mmom ‘ɔbɛyɛɛ ɔkra teasefo.’ (Genesis 2:7) Nneɛma mmienu na ɛka bom yɛ ɔkra: “fam dɔte” ne “nkwa home.”

 Ɔkra tumi wu anaa?

 Yiw, Bible kyerɛkyerɛ sɛ ɔkra tumi wu. (Leviticus 21:11; Hesekiel 18:20) Sɛ onipa anaa aboa wu a, ɔsan kɔ dɔte mu. (Ɔsɛnkafo 3:19, 20) Wei kyerɛ sɛ ɔntena nkwa mu bio. a

 Mmoa tumi yɛ bɔne anaa?

 Dabi. Sɛ yɛka sɛ obi ayɛ bɔne a, nea ɛkyerɛ ne sɛ biribi a onii no dwen ho, sɛnea ɔte nka, anaa biribi a wayɛ tia Onyankopɔn mmara. Sɛ obi bɛyɛ bɔne a egyina ɔno ara ne so, kyerɛ sɛ, ɔno ara na osi gyinae sɛ ɔbɛyɛ biribi a eye anaa enye. Wei nyɛ biribi a mmoa betumi ayɛ. Mmoa ntumi nnwen; wɔn nkwa nna nyinaa wofi nkate mu na ɛyɛ ade. (2 Petro 2:12) Enti ɛmfa ho sɛ wɔnyɛ bɔne no, sɛ bere tenten a wotumi de tena nkwa mu no so a, wowu.

 Ɛfata sɛ yɛyɛ mmoa ayayade anaa?

 Dabi. Onyankopɔn de mmoa hyɛɛ nnipa nsa sɛ wonni wɔn so, na ɛnyɛ sɛ wɔnyɛ wɔn ayayade anaa wɔnteetee wɔn. (Genesis 1:28; Dwom 8:6-8) Onyankopɔn dwen aboa biara yiyedi ho; nnomaa nketewa mpo, odwen wɔn ho. (Yona 4:11; Mateo 10:29) Tete no, ɔka kyerɛɛ n’asomfo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ mmoa ayayade.—Exodus 23:12; Deuteronomium 25:4; Mmebusɛm 12:10.

a Wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? nhoma no ti 6.