Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SUASUA WƆN GYIDI | ELIA

Ogyinaa Mu Kosii Awiei

Ogyinaa Mu Kosii Awiei

 Wɔbɛka kyerɛɛ Elia sɛ Ɔhene Ahab awu. Wo de hwɛ sɛ odiyifo akwakoraa yi ayɛ dinn de ne nsa refofa n’abɔgyesɛ mu na ɔrekaakae nneɛma a asisi wɔ ɔne saa ɔhene tirimɔdenfo no ntam. Ɔhene Ahab ne ɔhemmaa Yesebel tuu wɔn ani sii Elia so hunahunaa no mpɛn pii. Wei maa Elia faa ɔhaw pii mu! Anka wɔreyɛ akum no mpo! Ná Yesebel ahyɛ ama wɔakunkum Yehowa adiyifo pii, nanso ɔhene Ahab anka ho hwee. Esiane sɛ na Ahab ne ne yere ani bere ade nti, wɔyɛ ma wokum ɔtreneeni Nabot a ne ho nni asɛm no, ne ne mma nyinaa. Ɛbaa saa no, Yehowa maa Elia kɔkaa atemmusɛm kyerɛɛ Ahab sɛ, ɔbɛsɛe Ahab ne ne fiefo nyinaa. Saa bere yi de, na nea Onyankopɔn aka no nyinaa afi ase reba mu. Ahab wui sɛnea Yehowa kae no ara pɛ.—1 Ahene 18:4; 21:1-26; 22:37, 38; 2 Ahene 9:26.

 Ne nyinaa akyi no, na Elia nim sɛ n’amanehunu to ntwae, enti ɛsɛ sɛ ɔkɔ so ara mia n’ani gyina mu. Nea ɛte ne sɛ na Yesebel nwui, na na ɔda so ara hyɛ n’abusuafo ne ɔman no nyinaa so. Afei na ɔhaw bebree da hɔ retwɛn Elia, na na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ n’adamfo Elisa a obedi n’ade no nso nneɛma pii. Nnwuma a etwa to a Yehowa de hyɛɛ Elia nsa no, momma yensusuw emu mmiɛnsa ho. Yɛbɛhwɛ sɛnea gyidi boaa Elia ma ogyinaa tebea a emu yɛ den ano. Wei bɛboa yɛn ama yɛahu sɛnea yɛbɛhyɛ yɛn gyidi den wɔ mmere a emu yɛ den mu.

Obuu Ahasia Atɛn

 Ná Ahasia yɛ Ahab ne Yesebel ba. Ɔno na ɔbɛyɛɛ ɔhene wɔ Israel. Wansua hwee amfi n’awofo subammɔne no mu, mmom nneɛma bɔne a wɔyɛe no, ɛno ara bi na ɔyɛe. (1 Ahene 22:52) Ɔno nso, na ɔsom Baal te sɛ n’awofo ara pɛ. Baalsom nso de, na ɛma nkurɔfo yɛ nneɛma bɔne. Ebi ne sɛ, na ɛma wosi tuutuu wɔ Baal asɔrefie hɔ, na na wɔde mmofra mpo bɔ afɔre. Ná biribi wɔ hɔ a ebetumi ama Ahasia asakra na waboa Israelfo a saa bere no na wɔayɛ bɔne kɛse atia Yehowa no ma wɔasan aba Yehowa nkyɛn anaa?

 Bere a ɔhene aberantewa a ommu ade yi ani nna ne ho so no, asɛnkɛse bi too no. N’abansoro pia a ɔte mu no buu no guu mu ma ɔbɛhwee fam, na opiraa pira bɔne. Nea ɛtoo no nyinaa akyi, wanhwehwɛ Yehowa hɔ mmoa. Mmom ɔsoma kɔɔ Filistifo kurow Ekron mu kobisaa wɔn nyame Baal-Sebub sɛ ebia ne ho bɛtɔ no anaa. Afei de na Yehowa abrɛ no. Enti Yehowa somaa ne bɔfo ma ɔkɔka kyerɛɛ Elia sɛ onkohyia saa mmarima no wɔ kwan so. Elia kaa nsɛm a emu yɛ den kyerɛɛ mmarima no sɛ wɔnkɔka nkyerɛ ɔhene no. Asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn ne sɛ, esiane sɛ Ahasia yɛɛ n’ade te sɛ nea Onyankopɔn biara nni Israel nti, wadi mfomso kɛse. Enti Yehowa aka sɛ Ahasia rensi mfi ne yarepa so, na obewu.—2 Ahene 1:2-4.

 Ahasia annu ne ho, mmom obisaa sɛ: “Ɔbarima a ofi behyiaa mo a ɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ mo no, na ɔte dɛn?” Nnipa a ɔsomaa wɔn no kaa atade a ɛnyɛ kyenkyenee a na odiyifo no hyɛ no ho asɛm kyerɛɛ Ahasia. Ntɛm ara na ɔkaa sɛ: ‘Ɛyɛ Elia.’ (2 Ahene 1:7, 8) Nea ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ, na Elia yɛ ɔwiɛmfoɔ a n’asetena nkyere so koraa ma enti sɛ obi reka Elia ho asɛm akyerɛ obi a, na onii no betumi de atade a Elia hyɛ mpo akyerɛ no sɛnea ɔte. Ɛda adi sɛ yɛrentumi nka biribi a ɛte saa mfa Ahasia anaa n’awofo a na wɔn ani bere ade no ho. Ɛnnɛ Elia nhwɛso no ma yɛkae Yesu afotu a ɛne sɛ yɛnyɛ yɛn ho awiɛmfoɔ na yɛmfa yɛn ani nsi nneɛma a ehia so. —Mateo 6:22-24.

 Asɛm a mmarima no bɛkae nti, na Ahasia abɔ n’adwene pɔw sɛ ɔbɛyɛ biribi de atua Elia ka. Enti ɔsomaa asogyafo 50 ne wɔn panyin sɛ wɔnkɔkyere Elia mmrɛ no. Bere a asogyafo panyin no kɔtoo Elia sɛ ‘ɔte bepɔw no atifi’ a no, ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔhene asoma no sɛ ɔmmɛfa no mmra, enti ‘onsian mmra.’ Ɛda adi sɛ na wɔrebɛfa no akokum no. Wo ara hwɛ! Ɛwom, na asogyafo no nim sɛ Elia yɛ “nokware Nyankopɔn nipa” de, nanso wɔamfɛre sɛ wobehunahuna no apoopoo wɔn ani akyerɛ no. Wodii mfomso pa ara! Elia ka kyerɛɛ asogyafo panyin no sɛ: “Sɛ meyɛ Onyankopɔn nipa a, ɛnde ogya mfi soro mmɛhyew wo ne w’aduonum.” Ɛhɔ ara na Onyankopɔn kekaa ne ho! “Ogya fii soro bae, na ɛbɛhyew ɔne n’aduonum no.” (2 Ahene 1:9, 10) Awerɛhosɛm a ɛtoo saa asogyafo no ma yɛkae pefee sɛ, sɛ nkurɔfo teetee Yehowa asomfo na wobu wɔn animtiaa a, ɔne wɔn wɔ bi ka.—1 Beresosɛm 16:21, 22.

 Ahasia somaa asogyafo panyin foforo ne ne mmarima 50 bio. Wohwɛ sɛnea asogyafo panyin a ɔto so mmienu yi ne Elia dii no a, anka nea odi kan no de mpo ye. Ɛda adi sɛ mmarima 51 a ogya no dii kan hyew wɔn no, na wɔn nsõw da so ara gu bepɔw no so. Nanso asogyafo panyin no ansua hwee amfi wɔn wu no mu. Sɛ yɛbɛkae a, asogyafo panyin a odi kan no buu Elia animtiaa ka kyerɛɛ no sɛ, “sian bra.” Asogyafo panyin a ɔto so mmienu no mpo de, wanka ankyerɛ Elia kɛkɛ sɛ onsian mmra, mmom ɔka kyerɛɛ no sɛ, “sian bra ntɛm”! Wanyɛ n’ade nyansam koraa! Enti ɔne ne mmarima no hweree wɔn nkwa te sɛ asogyafo kuw a edii kan bae no ara. Nanso sɛ yɛbɛka a, ɔhene no pa ara na wanyɛ n’ade nyansam. Wansua hwee amfi nea edii kan sii no mu. Ɔsan somaa asogyafo foforo ne mprɛnsa so. Anigyesɛm ne sɛ, asogyafo panyin a ɔto so mmiɛnsa yi de, na ɔyɛ onyansafo. Ofi ahobrɛase mu kɔɔ Elia nkyɛn kɔpaa no kyɛw sɛ ɔmfa ɔne ne mmarima no ho nkyɛ wɔn. Ɛda adi sɛ, bere a Onyankopɔn nipa Elia tiee asogyafo panyin a ɔbrɛ ne ho ase yi asɛm no, ɔdaa Yehowa su a ɛne mmɔborohunu no adi. Yehowa bɔfo bɛka kyerɛɛ Elia sɛ ɔne asogyafo no nkɔ. Elia tiee no, na ɔkɔkaa Yehowa atemmusɛm kyerɛɛ ɔhemmɔne no. Sɛnea Onyankopɔn kae no ara, Ahasia wui. Odii ade mfe mmienu pɛ.—2 Ahene 1:11-17.

Elia suasuaa Yehowa, enti ɔdaa mmɔborohunu adi kyerɛɛ asogyafo panyin a na ɔbrɛ ne ho ase no

 Dɛn na ɛboaa Elia ma odii nokware ɛmfa ho mpo sɛ nnipa a na ɔne wɔn te no yɛ asoɔdenfo ne atuatewfo no? Saa asɛmmisa yi ho hia ɛnnɛ pa ara, ɛnte saa? Woabɔ mmɔden sɛ wode afotu a ntease wom bɛma obi a wopɛ n’asɛm pɛn? Bere a wuhui sɛ onii no antie wo na mmom ɔda so ara nam ne kwammɔne so no, w’abam bui anaa? Sɛ obi di yɛn huammɔ saa a, yɛbɛyɛ dɛn agyina ano? Yebetumi asua biribi afi baabi a asogyafo no hui sɛ na Elia te no mu. Ná “ɔte bepɔw no atifi.” Yɛrentumi nkyerɛ nea enti a na Elia wɔ hɔ nanso yebetumi aka sɛ esiane sɛ na ɔpɛ mpaebɔ nti, ebia sɛnea na ɛhɔ yɛ dinn na atew ne ho nti, na obetumi de hokwan no abɛn ne Nyankopɔn a ɔdɔ no no. (Yakobo 5:16-18) Ɛsɛ sɛ yɛn nso yegye bere ne Onyankopɔn kasa, yɛbɔ ne din, na yɛka yɛn komam asɛm ne yɛn haw nyinaa kyerɛ no. Yɛyɛ saa a, bere a wɔn a yɛne wɔn te no reyɛ nneɛma bɔne no, yebetumi agyina ano.

Ɔde Ne Dwumadi Hyɛɛ Obi Foforo Nsa

 Afei na bere aso sɛ Elia de ne dwumadi hyɛ onipa foforo nsa. Hyɛ nea ɔyɛe no nsow. Bere a Elia ne Elisa refi Gilgal kurow no mu no, Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ ɔntena hɔ na ɔno Elia de, ɔbɛtoa so atwa kwan bɛyɛ kilomita 11 akɔ Betel. Nanso Elisa ka kyerɛɛ no pen sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase na wo kra nso te ase yi, merennyaw wo.” Bere a Elia ne Elisa baanu nyinaa koduu Betel no, Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ ɔno nko ara betwa kwan bɛyɛ kilomita 22 akɔ Yeriko. Ɛha nso, Elisa maa no mmuae sɛnea odii kan yɛe no ara. Ne mprɛnsa so, bere a na wɔwɔ Yeriko no, asɛm koro no san sii bio ansa na wɔde wɔn ani rekyerɛ Asubɔnten Yordan. Efi Yeriko rekɔ baabi a Asubɔnten Yordan da no bɛyɛ kilomita 8. Ɛha nso, Elisa ansesa n’adwene. Wannyaw Elia nko ara amma wankɔ!—2 Ahene 2:1-6.

 Nea Elisa yɛe no nyinaa kyerɛ sɛ na ɔwɔ ɔdɔ kann. Ɔdɔ a ɛte saa na Rut yii no adi kyerɛɛ Naomi. Sɛ obi wɔ ɔdɔ a ɛte saa a, ɔde ne ho bɛfam onii a ɔdɔ no no ho, na ɔrennyaw no da. (Rut 1:15, 16) Ɛnnɛ pa ara na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo da saa su yi adi. Ɛyɛ a yɛda ɔdɔ kann adi sɛnea Elisa yɛe no anaa?

 Bere a Elia huu sɛnea Elisa daa ɔdɔ kann adi no, akyinnye biara nni ho sɛ ɛhyɛɛ no nkuran pa ara. Ɔdɔ a na Elisa wɔ ma Elia no nti, onyaa hokwan huu anwonwade a etwa to a Elia yɛe no. Asubɔnten Yordan ho na asɛm yi sii. Elia yii n’atade na ɔde bɔɔ nsu no mu ma nsu no mu paee mmienu kɔɔ ha ne ha. Asubɔnten no fã baabi wɔ hɔ a emu dɔ, na ne fã baabi nso wɔ hɔ a na nsu no sen ntɛmntɛm. Anwonwasɛm yi sii no, “na adiyifo asefo no aduonum” gyina hɔ rehwɛ. Adiyifo asefo yi, ɛda adi sɛ na wɔyɛ mmarima a na wɔretete wɔn ama wɔadi ɔman no anim wɔ nokware som mu. (2 Ahene 2:7, 8) Ɛbɛyɛ sɛ Elia na na odi anim ma wɔde ntetee ma saa mmarima yi. Mfe bi a atwam no, na Elia susuw sɛ ɔno nko ara ne ɔnokwafo a na waka wɔ ɔman no mu. Efi saa bere no, na Yehowa ama Elia anya ne boasetɔ no so akatua. Nkɔanim kɛse a ɛbaa Yehowa asomfo mu no, ɔmaa Elia hui.—1 Ahene 19:10.

 Bere a wotwaa Yordan no, Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: “Ka nea menyɛ mma wo ansa na wɔafa me afi wo nkyɛn.” Ná Elia nim sɛ bere aso sɛ ɔkɔ. Nanso anyɛ no yaw sɛ daakye Elisa benya ɔsom hokwan ne anuonyam. Mmom na Elia wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛfa ɔkwan biara so aboa Elisa. Adesrɛde a Elisa de too Elia anim ara ne sɛ: “Mesrɛ wo, mepɛ sɛ minya wo honhom no abupɛn abien.” (2 Ahene 2:9) Nea ɔkae no nkyerɛ sɛ na ɔpɛ sɛ onya honhom kronkron a na Elia wɔ no mmɔho mmienu. Mmom na ɔrebisa sɛ ɔmma no agyapade a ɛte sɛ abakan de. Tete no, sɛ agya bi wu a, n’abakan na ɔbɛyɛ abusua ti, enti na onya ne papa agyapade mmɔho mmienu sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi adi n’asɛde ho dwuma. (Deuteronomium 21:17) Esiane sɛ na Elisa nim sɛ ɔno na obesi Elia anan ayɛ odiyifo nti, ɛda adi sɛ ohui sɛ obehia akokoduru a na Elia wɔ no bi na watumi ayɛ adwuma no.

 Ná Elia brɛ ne ho ase, enti ɔmaa Yehowa ankasa kyerɛɛ nea obesi n’anan. Sɛ ɛba sɛ Yehowa refa Elia akɔ, na ɔma kwan ma Elisa hu Elia a, ɛnde na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bɛyɛ Elisa abisade no ama no. Afei bere a nnamfo mmienu yi nam kwan so “rekɔ na wɔrekasa no,” anwonwasɛm bi sii!—2 Ahene 2:10, 11.

Adamfofa a na ɛda Elia ne Elisa ntam no, akyinnye biara nni ho sɛ ɛboaa wɔn ma wotumi gyinaa tebea a emu yɛ den ano

 Wohui sɛ biribi asɔ kɔɔ wɔ wim, ɛnna wohui sɛ ade a asɔ kɔɔ no rebɛn wɔn. Yebetumi atwa nea afei esii no ho mfoni wɔ yɛn adwenem. Mframa kɛse bi bɔe denneennen, na biribi a ɛretwa yerɛwyerɛw de mmirika kɔɔ baabi a mmarima mmienu no wɔ no. Ɛbaa saa no, ɛmaa wɔn ntam tetewee, na ɛbɛyɛ sɛ wɔde ehu pini kɔɔ wɔn akyi. Nea wohui no, na ɛyɛ afiri anaa teaseɛnam, na na ɛretwa yerɛwyerɛw te sɛ ogya. Elia hui sɛ afei de, bere aso sɛ ɔkɔ. Ɔforoo teaseɛnam no anaa? Bible no ankyerɛ. Nea ohui ara ne sɛ ɔnam ahum mu rekɔ sorosoro!

 Bere a Elisa rehwɛ nea ɛrekɔ so no, ne ho dwiriw no! Saa anwonwade a Elisa hui no maa no awerɛhyem sɛ ɔkwan biara so Yehowa bɛma no Elia honhom a ɛma ɔyɛɛ ɔkokodurufo no “abupɛn abien.” Nanso ɛno mpo de, Elisa annwen ho efisɛ na ne werɛ ahow pa ara. Ná onnim baabi a n’adamfo a ne mfe akɔ anim yi rekɔ, na ɛda adi sɛ na ɔnhwɛ kwan nso sɛ obehu Elia bio. Ɔteɛɛm sɛ: “Me papa, me papa, Israel ɔko teaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefo!” Ɔde n’ani hwɛɛ teaseɛnam a ɛfaa ne wura no kɔe no ara kosii sɛ wanhu no bio. Afei ɔde awerɛhow suan n’atade mu.—2 Ahene 2:12.

 Bere a Elia nam ahum mu rekɔ no, ɔtee sɛ Elisa reteɛm refrɛ no anaa, na ɛmaa ne werɛ howee? Sɛnea ɛte biara no, na onim pa ara sɛ n’adamfo no aboa no ma wagyina tebea a emu yɛ den pii mu. Ɛsɛ sɛ yesuasua Elia nhwɛso yi, na yɛne nnipa a wɔdɔ Onyankopɔn na wɔpɛ sɛ wɔyɛ n’apɛde no fa nnamfo.

Yehowa faa Elia kɔe kɔmaa no dwumadi foforo

N’adwuma a Etwa To

 Ɛhefa na afei Elia kɔe? Ɔsom ahorow bi kyerɛkyerɛ sɛ wɔde no kɔɔ soro kɔtenaa Onyankopɔn nkyɛn. Nanso ɛrentumi mma saa. Saa asɛm yi akyi mfe pii no, Yesu Kristo kaa sɛ ansa na ɔreba asase so no, na obiara mforo nkɔɔ soro. (Yohane 3:13) Enti sɛ Bible ka sɛ “Elia faa ahum mu kɔɔ soro” a, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, Ɔsoro bɛn na wɔreka ho asɛm yi? (2 Ahene 2:11) Sɛ Bible ka “ɔsoro” ho asɛm a, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛkyerɛ baabi a Yehowa te no. Etumi nso kyerɛ wim, baabi a mununkum wɔ na nnomaa tu no. (Dwom 147:8) Ɛno nti, ɔsoro a Elia foro kɔe no yɛ wim. Wei akyi no, dɛn na esii?

 Nea Yehowa yɛe ara ne sɛ, ɔde ne diyifo a ɔda ne koma so yi kɔɔ Yuda ahemman no mu de dwumadi foforo kɔhyɛɛ ne nsa. Bɛyɛ mfe nson akyi no, Bible kyerɛ sɛ na Elia da so ara reyɛ adwuma wɔ hɔ. Saa bere no na ɔhene tirimɔdenfo Yehoram na odi Yuda so. Ɔwaree Ahab ne Yesebel babea, enti na wɔn subammɔne no da so ara kɛntɛn ɔman no so. Yehowa ka kyerɛɛ Elia sɛ ɔnkyerɛw Yehoram ho atemmusɛm ngu krataa so nkɔma no. Sɛnea Yehowa kae no, Yehoram wu anyɛ fɛ. Nea enye koraa ne sɛ, Bible ka sɛ: “Ɔkɔe a anyɛ obiara yaw.”—2 Beresosɛm 21:12-20.

 Yetumi hu sɛ ɛsono Yehoram na ɛsono Elia koraa! Yennim ɔkwan a Elia faa so wui, na saa ara nso na yennim bere a owui. Nanso yenim sɛ sɛnea Yehoram wui a anyɛ obiara yaw no, ɛnyɛ saa na ɛtoo Elia. Yɛhwɛ Elisa sei a, n’ani gyinaa n’adamfo Elia. Akyinnye biara nni ho sɛ adiyifo anokwafo afoforo no nso ani gyinaa no. Yehowa ankasa nso, bɛyɛ mfe 1,000 akyi no, na Elia da so ara som bo ma no. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɔde odiyifo a ɔda ne koma so yi dii dwuma wɔ ahosakra ho anisoadehu no mu. (Mateo 17:1-9) W’ani gye ho sɛ wubesuasua Elia na woanya gyidi a ebetumi ama woagyina tebea a emu yɛ den ano anaa? Sɛ saa a, ɛnde kae bere nyinaa sɛ wo ne wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn bɛfa nnamfo, wode w’adwene nyinaa besi Onyankopɔn som so, na woafi wo koma mu abɔ no mpae daa. Ɛmmra sɛ wo nso, Yehowa de wo bɛto ne koma so daa!

a Abenfo bi kyerɛ sɛ bepɔw a wɔkaa ho asɛm wɔ ha no yɛ Karmel Bepɔw. Ɛhɔ na Onyankopɔn maa Elia tumi ma odii Baal adiyifo so nkonim mfe bi a na atwam no. Nanso Bible no nkyerɛ bepɔw pɔtee no.