Ahene Nhoma a Edi Kan 18:1-46

  • Elia kohyiaa Obadia ne Ahab (1-18)

  • Elia ne Baal adiyifo no de pem so wɔ Karmel (19-40)

    • ‘Wɔn adwene hinhim wɔ asɛm no mu’ (21)

  • Mfe abiɛsa ne fã a osu antɔ no baa awiei (41-46)

18  Akyiri yi, Yehowa ne Elia kasae wɔ afe a ɛto so abiɛsa no mu+ sɛ: “Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ Ahab, na mɛma osu atɔ agu asaase no so.”+  Enti Elia kɔe sɛ ɔde ne ho rekɔkyerɛ Ahab. Saa bere no, na ɔkɔm no mu ayɛ den+ wɔ Samaria.  Saa bere no ara mu na Ahab frɛɛ Obadia a ɔyɛ ne fiepanyin no. (Ná Obadia yɛ obi a osuro Yehowa paa,  na bere a Yesebel+ rekunkum Yehowa adiyifo* no, Obadia faa adiyifo no mu 100 de wɔn kohintaw ɔbodan mu, aduonum aduonum, na ɔmaa wɔn aduan ne nsu.)  Ahab ka kyerɛɛ Obadia sɛ: “Kɔhwehwɛ asaase no so nsuti ne nsubon nyinaa ho. Ebia yebenya sare a ɛbɛso mmoa no, na ama yɛatumi akora apɔnkɔ ne mfurumpɔnkɔ no nkwa so, anyɛ saa a, yɛn mmoa nyinaa bewuwu.”  Enti wɔkyɛɛ asaase no mu maa obiara faa ne kwan. Ahab de n’ani kyerɛɛ baabi, na Obadia nso de n’ani kyerɛɛ baabi foforo.  Bere a Obadia nam kwan so rekɔ no, Elia behyiaa no. Ɛhɔ ara na ohui sɛ ɛyɛ ɔno, na ɔde n’anim butuw fam bisae sɛ: “Me wura Elia ni anaa?”+  Ɛnna obuae sɛ: “Ɛyɛ me. Kɔka kyerɛ wo wura sɛ: ‘Elia aba ha.’”  Nanso obuae sɛ: “Bɔne bɛn na mayɛ a enti wopɛ sɛ wode w’akoa hyɛ Ahab nsa ma okum me? 10  Sɛ́ Yehowa wo Nyankopɔn te ase yi, ɔman anaa ahenni biara nni hɔ a me wura nsoma nkɔhwehwɛɛ wo wɔ hɔ. Sɛ wɔka sɛ, ‘Onni ha’ a, ɔma ahenni anaa ɔman no ka ntam sɛ wonhuu wo.+ 11  Nanso wuse: ‘Kɔka kyerɛ wo wura sɛ, “Elia aba ha.”’ 12  Sɛ mifi w’anim kɔ a, Yehowa honhom bɛfa wo akɔ+ baabi a minnim, na sɛ mekɔbɔ Ahab amanneɛ na wanhu wo a, nea ɛbɛyɛ biara obekum me. Nanso w’akoa de, efi me mmofraase na masuro Yehowa. 13  Wɔnkaa nea meyɛe nkyerɛɛ me wura bere a Yesebel rekunkum Yehowa adiyifo no anaa? Mede Yehowa adiyifo no mu 100 kohintaw ɔbodan mu, aduonum aduonum, na memaa wɔn aduan ne nsu daa.+ 14  Seesei sɛ mekɔka kyerɛ me wura sɛ, ‘Mahu Elia’ sɛnea woreka yi a, nea ɛte biara obekum me.” 15  Ɛnna Elia kae sɛ: “Sɛ́ asafo Yehowa a mesom no* no te ase yi, ɛnnɛ mɛma wahu me.” 16  Enti Obadia kɔhwehwɛɛ Ahab bɔɔ no amanneɛ, na Ahab kohyiaa Elia. 17  Bere a Ahab huu Elia pɛ, Ahab bisaa no sɛ: “Wo a wode mmusu aba Israel so, wuni?” 18  Ɛnna obuae sɛ: “Ɛnyɛ me na mede mmusu aba Israel so, ɛyɛ wo ne wo papa fifo, efisɛ moagyaw Yehowa mmara nsɛm akodi Baal anyame akyi.+ 19  Na afei soma ma wɔnkɔboaboa Israel nyinaa ano mmehyia me wɔ Karmel Bepɔw+ so, wɔne Baal adiyifo 450 no ne abosonnua*+ ho adiyifo 400 a wodidi Yesebel pon so no.” 20  Enti Ahab de nkra kɔmaa Israelfo nyinaa, na wɔkɔboaboaa adiyifo no ano baa Karmel Bepɔw so. 21  Ɛnna Elia twiw bɛn ɔman no nyinaa kae sɛ: “Mo adwene behinhim wɔ asɛm yi mu* akosi da bɛn?+ Sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no a, munni n’akyi,+ na sɛ Baal nso a, munni n’akyi.” Nanso ɔman no amma no mmuae biara. 22  Afei Elia ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Me nkutoo ne Yehowa diyifo a maka,+ nanso Baal adiyifo yɛ 450. 23  Momma wɔmma yɛn anantwinini nkumaa abien, na wɔmfa nantwi kumaa baako na wontwitwa mu asinasin ngu anyina so, nanso ɛnsɛ sɛ wɔde ogya to mu. Me nso mɛyɛ nantwi kumaa a aka no ho adwuma de agu anyina so, nanso meremfa ogya nto mu. 24  Muwie a, mommɔ mo nyame din mfrɛ no,+ na me nso mɛbɔ Yehowa din afrɛ no. Onyame a obegye so atɔ ogya abegu so no, ɔno ne nokware Nyankopɔn no.”+ Ɛnna ɔman no nyinaa buae sɛ: “Wonkaa bɔne.” 25  Afei Elia ka kyerɛɛ Baal adiyifo no sɛ: “Mompaw nantwinini kumaa baako, na munni kan nyɛ mo de ho adwuma, efisɛ mo na modɔɔso. Muwie a, mommɔ mo nyame din mfrɛ no, nanso ɛnsɛ sɛ mode ogya to mu.” 26  Ɛnna wɔfaa nantwinini a ɔde maa wɔn no. Afei wɔyɛɛ ho adwuma, na wɔbɔɔ Baal din frɛɛ no fi anɔpa kosii awia* sɛ: “O Baal, gye yɛn so!” Nanso wɔante nne biara, na obiara nso annye so.+ Saa bere no nyinaa, na wɔrehuruhuruw twa afɔremuka a wɔasi no ho hyia. 27  Eduu awia no, Elia fii ase dii wɔn ho fɛw sɛ: “Monteɛteɛm denneennen! Sɛ́ ɔyɛ onyame!+ Ebia na ɔredwen asɛm bi ho, anaa ɔrekogya n’anan.* Ebi nso a wada, na ɛsɛ sɛ obi nyan no!” 28  Wɔteɛteɛɛm denneennen, na sɛnea wɔn amanne te no, wɔde asekan twitwaa wɔn ho de mpeaw wowɔɔ wɔn ho ara maa wɔn ho nyinaa yɛɛ mogya. 29  Eduu awia* nyinaa, na wogu so rekɔm,* na wɔtoaa so ara kosii anwummere a wɔbɔ aduan afɔre no, nanso wɔante nne biara, obiara annye so, na wɔante obiara nka.+ 30  Afei Elia ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: “Muntwiw mmɛn me.” Na ɔman no nyinaa twiw bɛn no. Ɛnna osiesiee Yehowa afɔremuka a wɔabubu no no.+ 31  Afei Elia sesaw abo 12 sɛnea Yakob mma mmusuakuw no dodow te; Yakob na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔbɛfrɛ wo Israel” no.+ 32  Ɔde abo no sii afɔremuka+ wɔ Yehowa din mu. Afei otuu amoa wɔ afɔremuka no ho hyiae; ná amoa no kɛse te sɛ asaase a wobetumi agu aba seah susude* abien wɔ so. 33  Ɛno akyi no, ɔhyehyɛɛ anyina no wɔ so, na otwitwaa nantwinini no mu asinasin de guu anyina no so.+ Afei ɔkae sɛ: “Momfa nsu nhyehyɛ nhina akɛse anan amaama, na munhwie ngu ɔhyew afɔre ne anyina no so.” 34  Ɛnna ɔkae sɛ: “Monsan nyɛ bio.” Na wɔsan yɛe bio. Na ɔsan kae sɛ: “Monyɛ no ne mprɛnsa so.” Na wɔyɛɛ no ne mprɛnsa so. 35  Enti nsu no fofaa afɔremuka no ho nyinaa hyiae, na amoa no nso, ɔde nsu hyɛɛ no ma. 36  Bere a aduan afɔre bere duu so anwummere no,+ Elia twiw bɛn afɔremuka no, na ɔkae sɛ: “O Yehowa, Abraham+ ne Isak+ ne Israel Nyankopɔn, ɛnnɛ ma wonhu sɛ wone Onyankopɔn wɔ Israel, na meyɛ w’akoa, na w’asɛm nti na mayɛ eyinom nyinaa.+ 37  Gye me so, O Yehowa, gye me so, na ɔman yi nhu sɛ wo Yehowa, wone nokware Nyankopɔn no, na wo na woredan wɔn koma aba wo nkyɛn bio.”+ 38  Ɛnna Yehowa gya tɔ fii soro bae, na ɛbɛhyew ɔhyew afɔre no+ ne anyina no ne abo ne dɔte no, na ɛmaa nsu a ɛwɔ amoa no mu yowee.+ 39  Bere a ɔman no nyinaa hui no, ntɛm ara na wɔde wɔn anim butubutuw fam kae sɛ: “Yehowa ne nokware Nyankopɔn! Yehowa ne nokware Nyankopɔn!” 40  Ɛnna Elia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkyere Baal adiyifo no! Mommma wɔn mu baako mpo nnguan!” Ɛhɔ ara na wɔkyeree wɔn, na Elia de wɔn sian kɔɔ Kison nsu*+ no ho kokunkum wɔn wɔ hɔ.+ 41  Afei Elia ka kyerɛɛ Ahab sɛ: “Kɔ na kodidi na nom efisɛ mate osu kɛse nka.”+ 42  Enti Ahab kodidi nomee. Elia de, ɔforo kɔɔ Karmel atifi kɔbɔɔ ne mu ase na ɔde ne ti sii fam wɔ ne nkotodwe anim.+ 43  Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne somfo sɛ: “Mesrɛ wo, foro fa w’ani kyerɛ po na hwɛ nea ɛrekɔ so.” Enti ɔkɔhwɛe, na ɔkae sɛ: “Manhu hwee.” Elia kaa no mpɛn ason kyerɛɛ no sɛ, “San kɔ.” 44  Bere a ne somfo no kɔɔ nea ɛto so ason no, ɔbɛkae sɛ: “Hwɛ! mihuu omununkum ketewa bi a ne kɛse te sɛ onipa nsam sɛ efi po mu reforo kɔ soro.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔka kyerɛ Ahab sɛ, ‘Siesie wo teaseɛnam na sian kɔ, na osu anka wo anhyɛ ha!’” 45  Omununkum maa wim yɛɛ tumm, na mframa bɔe na osu kɛse tɔe.+ Na Ahab de ne teaseɛnam kɔe ara kosii sɛ oduu Yesreel.+ 46  Yehowa nsa hyɛɛ Elia den, na ɔde n’ataade kyekyeree n’asen* tuu mmirika, na osian Ahab ho kɔe ara koduu Yesreel.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “retwa Yehowa adiyifo afi hɔ.”
Nt., “migyina n’anim.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “Mobɛtɔ agu mo nan so.”
Anaa “owigyinae.”
Ebetumi nso akyerɛ, “watu kwan.”
Anaa “owigyinae.”
Anaa “reyɛ wɔn ho sɛ adiyifo.”
Seah susude baako yɛ lita 7.33 (bɛyɛ olonka 2 ne magyirin konko 2 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “subon.”
Anaa “ɔbɔɔ n’asen.”