Ahene Nhoma a Edi Kan 13:1-34

  • Wɔhyɛɛ nkɔm tiaa Betel afɔremuka no (1-10)

    • Afɔremuka no mu paee (5)

  • Onyankopɔn nipa no yɛɛ asoɔden (11-34)

13  Bere a Yeroboam gyina afɔremuka no+ ho rehyew afɔrebɔde no, Onyankopɔn nipa bi+ a Yehowa asoma no fi Yuda baa Betel.  Ɛnna ɔteɛɛm kaa Yehowa anom asɛm kyerɛɛ afɔremuka no sɛ: “O afɔremuka, afɔremuka! Nea Yehowa aka ni: ‘Hwɛ! Wɔbɛwo ɔbabarima wɔ Dawid fi, na wɔbɛfrɛ no Yosia!+ Ɔde sorɔnsorɔmmea* asɔfo a wɔbɔ wo so afɔre no bɛbɔ afɔre wɔ wo so, na ɔbɛhyew nnipa nnompe wɔ wo so.’”+  Saa da no, ɔde too gua sɛ sɛnkyerɛnne* bi besi. Ɔkae sɛ: “Sɛnkyerɛnne* a Yehowa aka sɛ ebesi ni: Hwɛ! Afɔremuka no mu bɛpae, na emu nsõ* bɛbɔ apete.”  Bere a Ɔhene Yeroboam tee nokware Nyankopɔn nipa no asɛm a ɔka tiaa Betel afɔremuka no, ntɛm ara na Yeroboam yii ne nsa fii afɔremuka no so teɛɛ ne nsa kae sɛ: “Monkyere no!”+ Ɛhɔ ara, ne nsa a ɔde kyerɛɛ no so no sinsenee,* na wantumi anka anto ne ho.+  Sɛnea nokware Nyankopɔn nipa no kaa Yehowa anom asɛm sɛ sɛnkyerɛnne* bi besi no, ampa-ne-ampa ara afɔremuka no mu paee, na nsõ a ɛwɔ afɔremuka no so no bɔ petee.  Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ nokware Nyankopɔn nipa no sɛ: “Mesrɛ wo, pa Yehowa wo Nyankopɔn kyɛw ma me, na bɔ mpae ma me, na me nsa no nyɛ yiye.”+ Enti nokware Nyankopɔn nipa no paa Yehowa kyɛw, na ɔhene nsa no yɛɛ yiye, na ɛyɛɛ sɛnea na ɛte kan no.  Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ nokware Nyankopɔn nipa no sɛ: “Ma yɛnkɔ fie na kodidi, na menkyɛ wo ade.”  Nanso nokware Nyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Sɛ wode wo fi fã mpo ma me a, me ne wo renkɔ, na merennidi* na merennom nsu wɔ ha.  Efisɛ asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ me ne sɛ, ‘Nnidi,* na nnom nsu, na ɔkwan a wobɛfa so akɔ no, nsan mfa so mma.’” 10  Enti osiim faa ɔkwan foforo so, na ɔkwan a ɔnam so baa Betel no, wansan amfa so. 11  Ná odiyifo akwakoraa bi te Betel, na ne mma kɔɔ fie kɔkaa nea nokware Nyankopɔn nipa no yɛe wɔ Betel saa da no nyinaa kyerɛɛ no. Nsɛm a ɔka kyerɛɛ ɔhene no nso, wɔka kyerɛɛ wɔn papa. 12  Ɛnna wɔn papa bisaa wɔn sɛ: “Ɛhe na ɔfa kɔe?” Enti ne mma no kyerɛɛ no ɔkwan a nokware Nyankopɔn no nipa a ofi Yuda bae no faa so kɔe. 13  Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne mma no sɛ: “Monhyehyɛ afurum no mma me.” Enti wɔhyehyɛɛ afurum no maa no, na ɔtenaa so. 14  Otiw nokware Nyankopɔn nipa no kɔtoo no sɛ ɔte dua kɛse bi ase. Ɛnna obisaa no sɛ: “Wone nokware Nyankopɔn no nipa a ofi Yuda bae no?”+ Na obuae sɛ: “Ɛyɛ me.” 15  Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ma yɛnkɔ fie na kodidi.”* 16  Nanso ɔkae sɛ: “Merentumi ntie wo ne wo nkɔ, na merentumi ne wo nnidi* nnom nsu wɔ ha. 17  Efisɛ asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ me ne sɛ, ‘Nnidi,* na nnom nsu wɔ hɔ. Ɔkwan a wobɛfa so akɔ no, nsan mfa so mma.’” 18  Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me nso meyɛ odiyifo te sɛ wo ara, na ɔbɔfo bi bɛkaa Yehowa anom asɛm kyerɛɛ me sɛ, ‘Ma ɔnsan ne wo mmra wo fi na ommedidi na ɔnnom nsu.’” (Ɔdaadaa no.) 19  Enti ɔne no kɔe sɛ ɔrekodidi* na wanom nsu wɔ ne fi. 20  Bere a wɔte pon ho no, Yehowa kasa kyerɛɛ odiyifo akwakoraa no, 21  na ɔteɛɛm ka kyerɛɛ nokware Nyankopɔn no nipa a ofi Yuda bae no sɛ: “Nea Yehowa aka ni: ‘Esiane sɛ woabu Yehowa asɛm so na woanni Yehowa wo Nyankopɔn mmara so, 22  na woasan w’akyi akodidi* na woanom nsu wɔ beae a ɔka kyerɛɛ wo sɛ: “Nnidi,* na nnom nsu wɔ hɔ” no nti, wo funu renkɔ w’agyanom amusiei.’”+ 23  Bere a nokware Nyankopɔn nipa no didi* nom wiei no, odiyifo akwakoraa a ɔsan de no bae no hyehyɛɛ afurum maa no. 24  Enti osiim kɔe, nanso gyata tow hyɛɛ no so wɔ kwan so kum no,+ na na ne funu da ɔkwan no mu. Ná afurum no gyina funu no ho, na na gyata no nso gyina ho. 25  Nkurɔfo a wɔretwam hui sɛ funu no da ɔkwan no mu na gyata no gyina ho. Enti wɔbɛbɔɔ amanneɛ wɔ odiyifo akwakoraa no kurom hɔ. 26  Bere a odiyifo a ɔde no san fi ɔkwan no so bae no tee asɛm no, ɛhɔ ara na ɔkae sɛ: “Ɛyɛ nokware Nyankopɔn no nipa a obuu Yehowa asɛm so no;+ ɛno nti na Yehowa de no maa gyata sɛ ɔntow nhyɛ no so nkum no, sɛnea Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ no no te.”+ 27  Afei ɔka kyerɛɛ ne mma no sɛ: “Monhyehyɛ afurum no mma me.” Na wɔhyehyɛ maa no. 28  Osiim kɔe, na okohui sɛ funu no da ɔkwan no mu, na afurum no ne gyata no gyinagyina ho. Ná gyata no nwee funu no, na afurum no nso, na gyata no nyɛɛ no hwee. 29  Odiyifo no maa nokware Nyankopɔn nipa no funu so de too afurum no so, na ɔsan de no baa ne kurom sɛ ɔrebesu no na wasie no. 30  Enti ɔde ne funu no bɛtoo n’ankasa amusiei, na wosuu no sɛ: “Due, me nua!” 31  Osiee no wiei no, ɔka kyerɛɛ ne mma no sɛ: “Sɛ miwu a, munsie me wɔ amusiei a wosiee nokware Nyankopɔn nipa no. Ne nnompe ho na momfa me nnompe ngu.+ 32  Yehowa asɛm a ɔnam no so ka tiaa afɔremuka a ɛwɔ Betel ne Samaria nkurow mu abosom adan a ɛwowɔ sorɔnsorɔmmea no,+ ne nyinaa bɛba mu.”+ 33  Asɛm yi akyi mpo, Yeroboam ansan amfi ne kwammɔne ho; mmom ɔkɔɔ so paw ɔmanfo no mu biara kɛkɛ yɛɛ wɔn sorɔnsorɔmmea asɔfo.+ Obiara a n’ani gye ho no, ɔma ɔyɛɛ ɔsɔfo,* na ɔkae sɛ: “Ma ɔno nso nyɛ sorɔnsorɔmmea sɔfo.”+ 34  Bɔne a ɛkɔɔ so wɔ Yeroboam fi+ yi de ɔsɛe baa wɔn so ma wɔtɔree wɔn ase fii asaase so.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “anwonwade.”
Anaa “anwonwade.”
Anaa “srade nsõ,” kyerɛ sɛ, nsõ ne mmoa srade a adi afra.
Anaa “ɔde kyerɛɛ no so no kaa hɔ.”
Anaa “anwonwade.”
Anaa “merenni paanoo.”
Anaa “Nni paanoo.”
Anaa “kodi paanoo.”
Anaa “nni paanoo.”
Anaa “Nni paanoo.”
Anaa “ɔrekodi paanoo.”
Anaa “akodi paanoo.”
Anaa “Nni paanoo.”
Anaa “dii paanoo.”
Nt., “ɔde tumi hyɛɛ ne nsa ma ɔyɛɛ ɔsɔfo.”