Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SUASUA WƆN GYIDI | HIOB

Yehowa Tuu Ɛyaw a Na Ɔrefa Mu No Ase

Yehowa Tuu Ɛyaw a Na Ɔrefa Mu No Ase

 Ewiee ase no, mmarima no nyinaa kaa wɔn ano toom maa ɛhɔ yɛɛ dinn. Mframa a emu yɛ hyew a na ɛrebɔ fi Arabia anweatam no so no, ɛbɛyɛ sɛ ɛno nko ara ne nnyigyei a na ɛwɔ hɔ. Saa bere yi de, na Hiob anom nsɛm nyinaa asa. Mmarima no ne no gyee akyinnye kyɛe, enti na wabrɛ. Twa ne ho mfoni hwɛ: Wayɛ dinn rehwɛ ne nnamfo baasa no, Elifas, Bildad, ne Sofar. Wohwɛ n’anim a, wutumi hu sɛ ne bo afuw wɔn paa, na ɛte sɛ nea ɔreka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Mo de, monkɔ so ara nka nea mopɛ nkyerɛ me.’ Nanso, mmarima baasa no de, na wontumi nhwɛ Hiob anim, efisɛ na wɔayɛ basaa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, nsɛmmɔne a wɔka faa Hiob ho, nsɛm a wɔkekae a na ɛyɛ wɔn sɛ ɛtɔ asom, ne wɔn “nsɛnkeka hunu” no, Hiob amfa anyɛ asɛm. (Hiob 16:3) Mmom, afei koraa na na Hiob asi ne bo denneennen sɛ obekura ne mũdi mu.

 Ɛbɛyɛ sɛ Hiob nyaa adwene sɛ, sɛ wahwere biribiara mpo a, ne mũdi de, ɔda so ara kura mu. Wo de hwɛ, na wahwere ne mma du ne n’ahode nyinaa. Ná ne nnamfo ne n’afipamfo mfa no nyɛ hwee bio, na wɔanyɛ biribiara amfa ammoa no. Ɔno nso na na yare ayɛ no pasaa yi. Ná yare no ama ne honam ayɛ tumm, na atwintwam, na na adɔre mmoawa nso. Ná ne home mpo bɔn. (Hiob 7:5; 19:17; 30:30) Nea na Hiob refa mu nyinaa akyi no, nsɛm a ɛyɛ yaw a mmarima baasa no keka kyerɛɛ no no maa ne bo fuwii paa. Ná mmarima no aka sɛ Hiob yɛ ɔbɔnefo paa. Enti na Hiob ayɛ n’adwene sɛ, sɛnea ɛte biara, ɔbɛma mmarima no ahu sɛ ɔnte saa. Hiob kasa a etwa to no, ɛno na ɛmaa mmarima no yɛɛ dinn. Afei de, nsɛm yayaayaw a na wɔrekeka kyerɛ no no, na ɛto atwa. Nanso, na ɛno nkyerɛ sɛ ɛyaw a Hiob refa mu no afi hɔ. Ná ɔda so ara hia mmoa denneennen!

 Ɔhaw a na Hiob refa mu no, na ɔnte ase, enti ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔkekaa nsɛm bi a ɛmfata. Ná ohia obi a ɔbɛma no afotu pa na wateɛ n’adwene. Afei nso, na ohia obi a ɔbɛkyekye ne werɛ na waka ne koma ato ne yam. Weinom nyinaa, ne nnamfo baasa no na anka ɛsɛ sɛ wɔyɛ, nanso wɔanyɛ. Wo nso, wokae bere bi a na wuhia obi a ɔbɛma wo afotu pa ne awerɛkyekye? Nnipa bi a na w’adwene yɛ wo sɛ wɔyɛ wo nnamfo adi wo huammɔ pɛn? Sɛ wuhu sɛnea Yehowa Nyankopɔn boaa ne somfo Hiob, ne sɛnea Hiob nso yɛɛ n’ade a, ebetumi aboa wo paa, na ama woanya anidaso.

Obi a Onim Nyansa Na Ne Yam Ye Tuu Hiob Fo

 Sɛ yɛtoa Hiob asɛm no so a, yebehu biribi a ɛbɛyɛ yɛn nwonwa kakra. Ɛne sɛ, nea ɛkɔɔ so wɔ Hiob ne ne nnamfo baasa no ntam no, na aberante bi gyina nkyɛn baabi rehwɛ ne nyinaa. Ná wayɛ dinn retie nea na wɔreka no nyinaa, na nsɛm a ɔtee no, anyɛ no dɛ koraa. Aberante yi din de Elihu.

 Ná Elihu bo afuw Hiob. Ɛyɛɛ no yaw sɛ Hiob ama mmarima baasa no apiapia no ama ‘ɔrebu ne ho bem asen Onyankopɔn.’ Nanso, Hiob asɛm yɛɛ Elihu mmɔbɔ. Ná otumi hu sɛ Hiob reteetee. Afei nso, ohui sɛ Hiob wɔ koma pa. Ɛnyɛ ɛno nko, ohui nso sɛ Hiob hia afotu ne awerɛkyekye. Enti edi sɛ Elihu bo fuw gyamserefo baasa no! Nsɛm a gyamserefo no ka tiaa Hiob nyinaa, na egu Elihu asom. Ohui sɛ na wɔpɛ sɛ wɔsɛe Hiob gyidi na wɔma ɔte nka sɛ ne so nni mfaso. Afei nso, na wɔpɛ sɛ wɔma ogyaa ne mũdi mu. Nea enye koraa ne sɛ, wokyinkyim wɔn nsɛm ma ɛyɛɛ te sɛ nea Onyankopɔn tirim yɛ den. Enti na nsɛm pii hyɛ Elihu bo, na na ɔka n’ano tom a, ɛnyɛ yiye!—Hiob 32:2-4, 18.

 Elihu kaa sɛ: “Meyɛ abofra, na mo de, moyɛ mpanyimfo. Ɛno nti na metwɛnee no efisɛ na misuro sɛ mɛka nea minim akyerɛ mo.” Nanso afei de, na ontumi nka n’ano ntom. Ɔtoaa so sɛ: “Ɛnyɛ nna dodow nko na ɛma nyansa, na ɛnyɛ onyin nko na ɛma nnipa te atemmu ase.” (Hiob 32:6, 9) Afei, Elihu kasae paa. Na wohwɛ ne nsɛm no a, wubehu sɛ ɔkae a ɔmmoa sɛ, “ɛnyɛ nna dodow nko na ɛma nyansa.” Afei nso, nsɛm a Elifas, Bildad, ne Sofar ka kyerɛɛ Hiob no, ɛnyɛ saa nsɛm no bi koraa na Elihu ka kyerɛɛ no. Elihu maa Hiob awerɛhyem sɛ ɔno de, ɔremmu no animtiaa, na ɔremma ɛyaw a ɔredi no nyɛ kɛse. Ɔsan dii Hiob ni, efisɛ ɔde ne din frɛɛ no. Ɔmaa Hiob hui sɛ, ogye tom sɛ mmarima no ne no anni no yiye. a Ɔkasa kyerɛɛ Hiob nidi mu sɛ: “Afei Hiob, mesrɛ wo, tie me kasa.”—Hiob 33:1, 7; 34:7.

Elihu de Hiob din frɛɛ no, ɔdaa ayamye adi kyerɛɛ no, na odii no ni

 Elihu maa Hiob afotu bi, na ɔkaa ne nsɛm pefee. Ɔkaa sɛ: ‘Woaka wɔ m’asom sɛ, “Me ho tew, na bɔne biara nni me ho; me ho nguu fĩ, na mfomso biara nni me ho. Nanso Onyankopɔn anya biribi agyina so ne me adi asi.”’ Adwene a ɛnteɛ a na Hiob anya no, Elihu kaa ho asɛm. Obisaa Hiob sɛ: “Eyi na wubu no trenee no? Woka sɛ, ‘Meteɛ sen Onyankopɔn.’” Ná Elihu ntumi nhwɛ mma Hiob ntoa so nkeka nsɛm a ɛte saa. Elihu kaa sɛ: “Woanyɛ no yiye.” (Hiob 33:8-12; 35:2) Ná Elihu nim sɛ Hiob bo afuw paa, efisɛ na Hiob ahwere nneɛma pii, na wɔn a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ ne nnamfo no nso, na wɔne no adi no yayaayaw. Nanso Elihu bɔɔ Hiob kɔkɔ sɛ: “Hwɛ yiye na abufuw antwetwe wo na woammɔ wo nsam animtiaabu mu.”—Hiob 36:18.

Elihu Kaa Yehowa Ayamye Ho Asɛm

 Nsɛm a Elihu kae nyinaa mu no, nea ehia paa ne sɛ, ɔmaa Hiob hui sɛ Yehowa Nyankopɔn yɛ nea ɛteɛ bere nyinaa. Ɔkaa asɛm tiawa bi a ɛka koma a na emu dɔ paa. Ɛne sɛ: “Ɛmpare nokware Nyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ bɔne, ne ade nyinaa so Tumfoɔ sɛ ɔbɛyɛ nea ɛnteɛ! . . . Ade nyinaa so Tumfoɔ no, ɔnkyea atemmu.” (Hiob 34:10, 12) Elihu kaa asɛm bi a ɛmaa Hiob hui sɛ Yehowa yɛ mmɔborɔhunufo, na obu atɛntrenee. Ɔkaa sɛ, ɛwom sɛ Hiob apere ne ho akeka nsɛm bi a nidi nnim afa Yehowa ho de, nanso Yehowa antwe n’aso wɔ ho. (Hiob 35:13-15) Afei nso, Elihu anyɛ ne ho sɛ onim Onyankopɔn ho nsɛm nyinaa. Mmom, ɔde ahobrɛase kaa sɛ: “Onyankopɔn korɔn sen sɛnea yebetumi ate ase.”—Hiob 36:26.

 Bere a Elihu de afotu rema Hiob no, ɔkaa ne nsɛm pefee. Nanso, ɔdaa ayamye adi kyerɛɛ Hiob. Ɔkaa anidaso bi a ɛso bi nni ho asɛm kyerɛɛ Hiob. Ɛne sɛ, Yehowa bɛma Hiob anya apɔwmuden bio. Ná Onyankopɔn bɛka ne somfo nokwafo Hiob ho asɛm sɛ: “Ma ne honam nyɛ frɔmfrɔm nsen mmofra de; ma ɔnsan nkɔ ne mmeranteberem ahoɔden mu.” Ade foforo a Elihu yɛ de kyerɛe sɛ ne yam ye ni: Wanworo nsɛm angu Hiob so, na mmom ɔka kyerɛɛ Hiob sɛ ɔno nso nkasa bi. Ná ɔpɛ sɛ Hiob yi n’ano. Ɔkaa sɛ: “Kasa, efisɛ wo trenee ho asɛm hia me.” (Hiob 33:25, 32) Nanso Hiob anyi n’ano. Ɛbɛyɛ sɛ, nsɛm a Elihu ka de kyekyee Hiob werɛ no tɔɔ ne koma so paa, na na onhu nea enti a ɛsɛ sɛ ɔpɛ asɛm bi de yi ne ho ano. Ebi mpo a, Elihu nsɛm no kaa no ara ma ɔtew nusu.

 Mmarima anokwafo baanu yi nyinaa, yebetumi asua nneɛma pii afi wɔn hɔ. Sɛnea Elihu yɛɛ n’ade no, ɛma yehu sɛnea yɛbɛkyekye nkurɔfo a wɔwɔ ahohia mu werɛ, na yɛatu wɔn fo. Adamfo pa rentwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛka mfomso bi a wahu wɔ yɛn ho akyerɛ yɛn. Afei nso, sɛ ohu sɛ yɛreyɛ biribi a ebetumi de yɛn ato ɔhaw mu a, ɔrentena hɔ nhwɛ ara mma yɛnkɔtɔ mu. (Mmebusɛm 27:6) Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ma yɛn nnamfo. Sɛ wɔkɔ ahokyere mu na wɔkasa hatuhatu mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ara da ayamye adi kyerɛ wɔn, na yɛhyɛ wɔn nkuran. Yɛn nso, sɛ ɛba sɛ obi de afotu bi a yehia rema yɛn a, ɛsɛ sɛ yesuasua Hiob na yɛbrɛ yɛn ho ase tie gu aso pa mu; ɛnsɛ sɛ yɛpo afotu no. Yɛn nyinaa hia afotu ne kasakyerɛ. Sɛ yegye tom a, ebetumi agye yɛn nkwa.—Mmebusɛm 4:13.

‘Yehowa Fi Ahum Mu Kasae’

 Elihu rekasa no, na ɔtaa twe adwene si mframa, mununkum, aprannaa, ne anyinam so. Ɔkaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Monyɛ aso ntie ne nne mmobom.” Bere tiaa bi akyi no, Elihu kaa “mframa” ho asɛm. (Hiob 37:2, 9) Ɛbɛyɛ sɛ, n’ano gu so a ɔrekasa no, na mframa a ɛrebɔ wɔ hɔ no ano yɛ ara na ɛreyɛ den. Ankyɛ koraa na ahum kɛse bi tui. Afei, biribi a ɛyɛ nwonwa paa sii. Yehowa kasae!—Hiob 38:1.

Wo de, hwɛ sɛ Ɔbɔadeɛ no ankasa rekyerɛ wo nneɛma a wabɔ ho ade!

 Sɛ worekenkan Hiob nhoma no na wudu baabi a Yehowa kasa kyerɛɛ Hiob no a, nsɛm a ɛwɔ hɔ no ka koma yiye. Saa ti ahorow no mu nsɛm yɛ dɛ paa. Sɛnea ahum tumi bɔ nwura nketenkete kogu baabi no, saa ara na nsɛm a Yehowa kae no bɔɔ Elifas, Bildad, ne Sofar atosɛm no nyinaa gui. Saa mmarima no mpo de, akyiri yi koraa na Yehowa ne wɔn kasae. Ɛha yi de, Hiob nko ara na Yehowa de n’adwene sii no so. Sɛnea agya bi kasa kyerɛ ne ba no, saa ara na Yehowa kasa kyerɛɛ ne somfo a ɔda ne koma so no.

 Ɛyaw a na Hiob refa mu nyinaa, na Yehowa nim. Bere biara a Yehowa mma a ɔdɔ wɔn behu amane no, ne yam hyehye no ma wɔn. Saa ara nso na ne yam hyehyee no maa Hiob. (Yesaia 63:9; Sakaria 2:8) Ná Yehowa nim nso sɛ, nsɛm a Hiob akeka no, na “nimdeɛ nnim.” Saa nsɛm a Hiob kekae no koraa na ɛmaa ne haw no yɛɛ kɛse no. Enti Yehowa bisabisaa Hiob nsɛm pii maa Hiob susuw nneɛma ho kɔɔ akyiri. Yehowa fii ase sɛ: “Ɛhe na na wowɔ bere a mede asase tim hɔ no? Sɛ wunim a, ka kyerɛ me.” Bere a Yehowa bɔɔ ade no, “adekyee nsoromma,” kyerɛ sɛ, Onyankopɔn abɔfo no, bɔɔ ose bere a wohuu abɔde mu nneɛma a ɛyɛ nwonwa no. (Hiob 38:2, 4, 7) Nsɛm a Yehowa bisaa Hiob no, wantumi anyi emu biara ano, efisɛ na onnim ho hwee.

Yehowa fi ahum mu kasae, oyii ne yam teɛɛ Hiob adwene

 Afei, Yehowa kaa nneɛma a wabɔ ho asɛm. Nneɛma bɛn saa na ɔkaa ho asɛm? Wo de, ma yɛnhwɛ sukuu ahorow a ɛwɔ wiase nnɛ no. Nneɛma a wɔkyerɛ sukuufo no bi ne nsoromma ho nsɛm, abɔde a nkwa wom, asase ne abotan, ne nneɛma foforo a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛm. Wohwɛ nsɛm a Yehowa kae no a, na ɛte sɛ nea ɔde Hiob akɔ sukuu rekyerɛ no saa nneɛma yi. Nea Yehowa kaa ho asɛm paa ne mmoa a na wɔwɔ baabi a Hiob te saa bere no. Ebi ne gyata, kwaakwaadabi, abotan so abirekyi, sare so afurum, ɛkoɔ, sohori, ɔpɔnkɔ, akorɔma, ɔkɔre, susono, ɛnna afei ɔdɛnkyɛm. Wo de, hwɛ sɛ Ɔbɔadeɛ no ankasa rekyerɛ wo nneɛma a wabɔ ho ade! b

Yehowa Kyerɛɛ No Ahobrɛase Ne Ɔdɔ Ho Ade

 Dɛn paa na na Yehowa pɛ sɛ ɔma Hiob hu? Ná ɔpɛ sɛ Hiob hu sɛ ehia paa sɛ ɔbrɛ ne ho ase. Nsɛm a Hiob keka de kyerɛe sɛ Yehowa ne no anni no yiye no, na ɛretete ɔne n’Agya a ɔdɔ no no ntam. Wei maa ɛyaw a na ɔredi no yɛɛ kɛse. Enti abɔde mu nneɛma a Yehowa kaa ho asɛm no, obisaa Hiob mpɛn pii sɛ, ɔnkyerɛ no baabi a na ɔwɔ bere a ɔbɔɔ saa nneɛma no. Afei nso, Yehowa bisaa Hiob mpɛn pii sɛ, mmoa a wabɔ no, Hiob betumi akɔpɛ aduan ama wɔadi, na obetumi ama saa mmoa no abrɛ wɔn ho ase anaa. Enti nneɛma a Yehowa abɔ mpo, sɛ na Hiob nni wɔn so tumi a, ɛnde na tumi bɛn na ɔwɔ sɛ ɔbɛkyerɛ Ɔbɔadeɛ no nea ɔnyɛ? Ɔkwan a Yehowa fa so yɛ n’ade ne sɛnea osusuw nneɛma ho no, enti na Hiob betumi ate ase ama ayɛ yiye?

Hiob ne Yehowa anyiyi nsɛm ano, na wammɔ mmɔden sɛ obebu ne ho bem

 Nsɛm a Yehowa kae nyinaa mu no, wuhu sɛ na ɔdɔ Hiob paa. Ná ɛte sɛ nea Yehowa ne Hiob resusuw nsɛm ho sɛ: ‘Me ba, wo de, hwɛ nneɛma a mabɔ yi, na hwɛ sɛnea mehwɛ wɔn nyinaa so. Enti wohwɛ a, merentumi nhwɛ wo mma ɛmmoro so anaa? Wugye di paa sɛ meyi wo baako ahyɛ wo nsa, akunkum wo mma, aprapra wo ho nneɛma nyinaa, na masan de yare abɛsoɛ wo so anaa? Nneɛma a woahwere nyinaa, ɛnyɛ me nko ara na metumi asan ahyɛ w’anan? Ɛnyɛ me na metumi ayi ɛyaw a worefa mu nyinaa afi wo so anaa?’

 Nsɛm a Yehowa bisaa Hiob nyinaa no, Hiob yii ano mprenu pɛ. Ɔne Yehowa anyiyi nsɛm ano, na wammɔ mmɔden sɛ obebu ne ho bem. Hiob brɛɛ ne ho ase gye toom sɛ na onnim nea ɔreka. Afei, onuu ne ho sɛ ɔperee ne ho kekaa nsɛm bi a ɛmfa kwan mu. (Hiob 40:4, 5; 42:1-6) Wei ma yehu sɛ na Hiob wɔ gyidi paa. Ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a na wafa mu nyinaa akyi no, na ɔda so ara wɔ Yehowa mu gyidi kɛse. Hiob gyee nteɛso a Yehowa de maa no no toom, na ɔsesaa ne nsusuwii. Nea Hiob yɛe no betumi ama yɛabisa yɛn ho sɛ, ‘Sɛ obi kasa kyerɛ me anaa otu me fo a, mebrɛ me ho ase tie anaa?’ Yɛn nyinaa hia afotu. Sɛ yetie afotu gu aso pa mu a, na yɛresuasua Hiob gyidi no.

“Moanka Me Ho Nokwasɛm”

 Afei, Yehowa yɛɛ biribi de kyekyee Hiob werɛ. Ɔne Elifas kasae. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔno ne gyamserefo baasa no mu panyin. Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Me bo afuw wo ne wo nnamfo baanu no kɛse, efisɛ moanka me ho nokwasɛm te sɛ m’akoa Hiob.” (Hiob 42:7) Susuw saa asɛm no ho hwɛ. Wohwɛ a, nea na Yehowa reka ne sɛ, biribiara a mmarima baasa no kae yɛ atosɛm, na biribiara a Hiob kae yɛ nokware anaa? Ɛnte saa koraa. c Nanso, sɛ wohwɛ Hiob, na wohwɛ mmarima a wɔbɔɔ no sobo no a, wuhu sɛ na nsonsonoe kɛse da wɔn ntam. Ná Hiob koma abubu, na na awerɛhow ama wahodwow. Nsɛm a ɛyɛ yaw a na ne nnamfo no aka agu no so no, na ɛno nso ama ɔredi yaw kɛse. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ, ɛtɔ da a, na ɔkasa hatuhatu. Nanso, Elifas ne ne nnamfo baanu no de, na saa ɔhaw yi mu biara nna wɔn so. Wɔhyɛɛ da paa na wɔkekaa nsɛm a wɔkae no, efisɛ na wɔyɛ ahantan, na na wonni Onyankopɔn mu gyidi papa. Wɔkasa tiaa ɔbarima a na ne ho nni asɛm biara, na nea enye koraa no, wohwɛ nsɛm bi a wɔkeka faa Yehowa ho no a, na wɔrepɛ akyerɛ sɛ, Onyankopɔn nni ahummɔbɔ, na ne tirim yɛ den!

 Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ, afɔre a Yehowa maa saa mmarima no bɔe no, na ɛho ka sõ. Yehowa ma wɔde anantwinini nson ne adwennini nson bɔɔ afɔre. Ná wei nyɛ asɛm ketewa. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, akyiri yi, Mose Mmara no kyerɛe sɛ, sɛ ɔsɔfo panyin no yɛ bɔne ma ɛde mmusu ba ɔman no nyinaa so a, nantwinini na na ɛsɛ sɛ ɔde bɔ ne bɔne no ho afɔre. (Leviticus 4:3) Nneɛma a Mose Mmara no kyerɛe sɛ Israelfo no betumi de abɔ afɔre no, nantwinini na na ne bo yɛ den paa. Nea ɛka ho bio ne sɛ, Yehowa ka kyerɛɛ mmarima a wɔbɔɔ Hiob sobo no sɛ, sɛ obegye wɔn afɔre no atom a, gye sɛ Hiob di kan bɔ mpae ma wɔn ansa. d (Hiob 42:8) Yehowa buu atɛntrenee, na ɔmaa Hiob hui sɛ ne nnamfo no ne no anni no yiye ampa. Ɛbɛyɛ sɛ wei kaa Hiob koma too ne yam paa.

“M’akoa Hiob na ɔbɛbɔ mpae ama mo.”—Hiob 42:8

 Nea Yehowa kae no, na onim sɛ Hiob bɛyɛ. Ná ɛno bɛkyerɛ sɛ ɔde mmarima a wɔkekaa nsɛm yayaayaw kyerɛɛ no no bɔne akyɛ wɔn. Hiob nso amma n’Agya Yehowa nsa ansi fam. (Hiob 42:9) Otiee Yehowa asɛm, na ɛno paa na ɛkyerɛe sɛ okura ne mũdi mu. Sɛ ɔkaa wiase mu nsɛm nyinaa mpo na wanyɛ nea Yehowa kae no a, anka ɔrentumi nka da sɛ okura ne mũdi mu. Nea ɔyɛe yi nti, nhyira a Yehowa de maa no no, wanna anso ho dae da.

“Yehowa Wɔ Ayamhyehye”

 Yehowa daa “ayamhyehye ne mmɔborɔhunu” adi kyerɛɛ Hiob. (Yakobo 5:11) Adɛn ntia? Yehowa saa Hiob yare. Wohwɛ a, bere a Hiob hui sɛ ne honam ayɛ ‘frɔmfrɔm asen mmofra de’ sɛnea Elihu kae no, ɔtee nka sɛn? Ɛnyɛ ɛno nko, n’abusuafo ne ne nnamfo nyinaa san betwaa ne ho hyiae. Akyɛde ne awerɛkyekyesɛm nso de, na ɔfa no kwa. Yehowa san maa Hiob nyaa ahode pii; agyapade a na wahwere no, ɔbɔɔ ho maa no. Amanehunu a ɛbaa Hiob so no, nea etwaa ne nsono mu koraa ne ne mma a wowuwui no. Ɛno nso, dɛn na Yehowa yɛ faa ho? Hiob ne ne yere san woo mma du! Wei ma wonyaa awerɛkyekye kakra. Afei, Yehowa nam anwonwakwan so too Hiob nkwa nna so. Ɔde mfe 140 kaa Hiob nkwa nna ho, enti ohuu ne mma ne ne mmanana kosii awo ntoatoaso a ɛto so nnan so. Awiei koraa no, Bible ka sɛ, “Hiob wui; na wabɔ akora, na wadi nna amee.” (Hiob 42:10-17) Na Paradise nso, Hiob ne ne yere a ɔdɔ no, ne n’abusua nyinaa bɛsan ahyia bio. Hiob mma du a Satan ma wowuwui no nso, Hiob bɛsan ahu wɔn bio.—Yohane 5:28, 29.

 Adɛn nti na Yehowa hyiraa Hiob saa? Bible bua sɛ: “Moate Hiob boasetɔ no ho asɛm.” (Yakobo 5:11) Nneɛma a Hiob faa mu no, ɛnyɛ biribi a yebetumi de yɛn adwene abu. Sɛ Bible ka sɛ Hiob nyaa “boasetɔ” a, ɛma yehu sɛ, ɛnyɛ sɛ ogyinaa ɔhaw a ohyiae no ano kɛkɛ. Mmom, ɔhaw a ohyiae no nyinaa akyi no, na ɔda so ara dɔ Yehowa, na na ɔwɔ ne mu gyidi. Nnipa a wɔhyɛɛ da maa Hiob dii awerɛhow no mpo, wannya wɔn ho tirimka, na wamfa wɔn ho asɛm anhyɛ ne mu. Mmom, nea wɔde yɛɛ no nyinaa no, ɔde kyɛɛ wɔn koraa. Ná ɔda so ara wɔ anidaso sɛ Yehowa begye no. Afei nso, na ne mũdi mu a obekura ho hia no paa, enti wannyaa mu da.—Hiob 27:5.

 Ehia sɛ yɛn mu biara nya boasetɔ. Satan de, ɛnyɛ dɛn araa a, ɔbɛbɔ mmɔden sɛ obebu yɛn abam, sɛnea ɔbɔɔ mmɔden sɛ obebu Hiob abam no. Nanso, sɛ yemia yɛn ani gyina ɔhaw biara a yɛrefa mu ano, yenya Onyankopɔn mu gyidi, yɛbrɛ yɛn ho ase, yɛde afoforo mfomso kyɛ wɔn, na yesi yɛn bo sɛ yebekura yɛn mũdi mu a, yebetumi anya anidaso sɛ Yehowa behyira yɛn. (Hebrifo 10:36) Sɛ yesuasua Hiob gyidi no a, ɛbɛhyɛ Satan abufuw, nanso Yehowa a ɔdɔ yɛn no de, n’ani begye paa!

a Nsɛm a Elifas, Bildad, ne Sofar kekae no, na ɛdɔɔso paa. Wohwɛ Bible mu a, wɔn nsɛm no nko ara bɛyɛ ti ahorow nkron. Nanso, wɔn mu baako mpo nni hɔ a ɔde Hiob din ankasa frɛɛ no.

b Bere a Yehowa ne Hiob rekasa no, edu baabi a, na oyi n’asɛm no anim ka no tẽẽ. Edu baabi nso a, wobɛhwɛ no, na ne kasa no adan anwensɛm. (Hwɛ wei ho nhwɛso wɔ Hiob 41:1, 7, 8, 19-21.) Ne nyinaa mu no, na Onyankopɔn botae ara ne sɛ ɔbɛboa Hiob ama wanya obu kɛse ama ne Bɔfo no.

c Nea ɛwom ne sɛ, nsɛm a Elifas kae no, akyiri yi ɔsomafo Paul faa emu baako de kaa asɛm, na ɔkyerɛe sɛ saa asɛm no yɛ nokware. (Hiob 5:13; 1 Korintofo 3:19) Enti asɛm a Elifas kae wɔ Hiob 5:13 no yɛ nokware de, nanso sɛ anka ɔbɛka saa asɛm no afa obi ho a, na ɛnyɛ Hiob.

d Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa maa Hiob bɔɔ afɔre bi a ɛte saa maa ne yere.