Yesaia 33:1-24

  • Atemmu; atreneefo anidaso (1-24)

    • Yehowa yɛ Ɔtemmufo, Mmarahyɛfo, ne Ɔhene (22)

    • Obiara renka sɛ: “Meyare” (24)

33  Due! Ɔsɛefo a wɔnsɛee wo;+Wo a wutwa nkontompo a wontwaa wo nkontompo! Sɛ wosɛe ade wie a, wo nso wɔbɛsɛe wo.+ Sɛ wutwa nkontompo wie a, wo nso wobetwa wo nkontompo.   O Yehowa, dom yɛn.+ Yɛn ani da wo so. Bɛyɛ yɛn basa*+ anɔpa biara,Bɛyɛ yɛn nkwagye wɔ amanehunu bere mu.+   Wobobom a, aman guan, Wosɔre gyina a, amanaman hwete.+   Sɛnea mmebɛw boaboa wɔn ho ano no, saa ara na wɔbɛboaboa w’asade ano;Nnipa betu agu so te sɛ ntutummɛ.   Wɔbɛma Yehowa so,Efisɛ ɔte soro tɔnn. Ɔde atɛntrenee ne trenee bɛhyɛ Sion ma.   Ɔno na ɔma w’abrabɔ* si yiye.Nkwagye+ ne nyansa ne nimdeɛ mmoroso, ne Yehowa suro;+Eyi ne n’agyapade.   Hwɛ! Wɔn akatakyi su wɔ mmɔnten so;Asomdwoe abɔfo su yayaayaw.   Akwantempɔn ada mpan;Obiara nni hɔ a ɔfa akwan no so. Wabu apam no so;*Wapo nkurow no;Ommu onipa dasani biara.+   Asaase no redi awerɛhow,* na abotow. Lebanon ani awu;*+ aporɔw. Saron ayɛ sɛ anwea pradadaa,Na Basan ne Karmel nhaban apo.+ 10  Yehowa se: “Afei mɛsɔre,Afei mɛhyɛ me ho anuonyam;+Afei mɛyɛ me ho kɛse. 11  Munyinsɛn sare a aguan, na mowo wura. Mo ara mo honhom bɛhyew mo te sɛ ogya.+ 12  Nnipa bɛyɛ sɛ akado a wɔahyew, Na wɔde ogya bɛto mu+ te sɛ nsɔe a wɔatwa agu fam. 13  Mo a mowɔ akyirikyiri, muntie nea mɛyɛ! Mo a mobɛn, munnye m’ahoɔden ntom! 14  Abɔnefo a wɔwɔ Sion abɔ hu;+Awaefo ho popo biribiri: ‘Yɛn mu hena na obetumi atena baabi a ogyaframa kɛse wɔ?+ Yɛn mu hena na obetumi ne ogya a ɛredɛw daa atena?’ 15  Nea ɔnantew trenee kwan so daa,+Na ɔka nea ɛteɛ,+Nea okyi nsisi ne apoobɔ sika,Nea ne nsa kyi adanmude* na onso mu,+Nea osisiw n’aso na ante mogyahwiegu ho asɛm,Na ɔkata n’ani na anhu bɔne. 16  Ɔno na ɔbɛtena mmepɔw so wɔ sorosoro;Ne guankɔbea a ɛyɛ den* bɛyɛ ɔbotan aban a ɛhɔ kɔ yɛ den.Wɔde n’aduan bɛma no,Na ne nsu rensa da.”+ 17  W’ani behu ɔhene bi wɔ n’anuonyam mu;Ebehu asaase bi wɔ akyirikyiri. 18  Wobɛkae ade a ɛyɛ hu no wɔ wo koma mu:* “Ɔkyerɛwfo no wɔ he? Nea ɔkari tow no wɔ he?+ Nea ɔkan abantenten no wɔ he?” 19  Worenhu ahantanfo bio,Ɔman a wɔn kasa mu dɔ a wonte,Ɔman a wɔka ahɔho kasa a wonte ase.+ 20  Hwɛ Sion, yɛn afahyɛ kurow no!+ W’ani behu Yerusalem, tenabea a ɛhɔ yɛ komm,Ntamadan a obiara rentu no.+ Nnua a wɔde abobom atim fam no, wɔrentutu da,Na ne hama biara mu rentew. 21  Na Yehowa, Otumfo no,Bɛbɔ yɛn ho ban wɔ hɔ te sɛ baabi a nsubɔnten ne nsuka akɛse wɔ.Hyɛn a wɔde kɔ ɔko biara remfa mu,Na ahyɛn akɛse biara rentwam wɔ hɔ. 22  Efisɛ Yehowa ne yɛn Temmufo,+Yehowa ne yɛn Mmarahyɛfo,+Yehowa ne yɛn Hene;+Ɔno na obegye yɛn nkwa.+ 23  Wo nhama mu begow;Ɛrentumi nsuso hyɛn dua no mu denneennen; na ɛrentumi ntrɛw hyɛn ntama mu. Saa bere no, wobenya atamfo nneɛma pii akyɛ afa;Apakye mpo bɛfom nneɛma bebree.+ 24  Na ɔmanfo no mu biara renka sɛ: “Meyare.”+ Wɔde nnipa a wɔte asaase no so bɔne bɛkyɛ wɔn.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ahoɔden.”
Nt., “wo nna.”
Kyerɛ sɛ, ɔtamfo no abu apam no so.
Ebetumi nso akyerɛ, “Asaase no mu nsu atwe.”
Anaa “Wɔabrɛ Lebanon ase.”
Anaa “braeb.”
Anaa “abantenten.”
Anaa “Wubedwinnwen ade a ɛyɛ hu no ho wɔ wo koma mu.”