Yesaia 35:1-10

  • Paradise bɛsan aba (1-7)

    • Anifuraefo behu ade; wɔn a wɔn aso asiw bɛte asɛm (5)

  • Wɔn a wɔagye wɔn no bɛfa Ɔkwan Kronkron so (8-10)

35  Asaase pradadaa ne asaase a ɛso awo ani begye,+Na anweatam bedi ahurusi na apae sɛ nhwiren.+   Sɛnea ɛte biara, ebegu nhwiren;+Ɛbɛbɔ ose na adi ahurusi. Wɔde Lebanon anuonyam bɛma no,+Ɛne Karmel+ ne Saron+ ahoɔfɛ. Wobehu Yehowa anuonyam, yɛn Nyankopɔn kɛseyɛ.   Nsa a emu agow no, monhyɛ no den;Nkotodwe a ahodwow no, mummia mu.+   Wɔn a wɔn koma atu no, monka nkyerɛ wɔn sɛ: “Monhyɛ mo ho den. Munnsuro. Hwɛ! Mo Nyankopɔn de aweredi bɛba,Onyankopɔn bɛba abetua mo atamfo ka.+ Ɔbɛba abegye mo.”+   Saa bere no, anifuraefo ani bebue,+Na wɔn a wɔn aso asiw aso ate asɛm.+   Saa bere no, apakye behuruw sɛ ɔwansan,+Na mum tɛkrɛma de anigye abɔ ose.+ Nsu betue sare so,Na nsubɔnten asen asaase pradadaa so.   Na asaase a ɛso awo bɛdan ɔtare,*Na asaase a akyen ayɛ nsuwansuwa.+ Baabi a na ɛyɛ sakraman ahomegyebea no,+Sare momono, demmire,*ne mmɛw* befifi wɔ hɔ.   Na ɔkwantempɔn bi bɛda hɔ.+Saa kwan no, wɔbɛfrɛ no Ɔkwan Kronkron. Nea ne ho ntew remfa so.+ Wɔn a wɔfata sɛ wɔfa kwan no so na wɔbɛfa so,Na kwasea biara remfom mmɛfa so.   Gyata biara remma hɔ,Na wuram mmoa a wɔn ho yɛ hu biara remfa so. Wɔrenhu bi wɔ hɔ;+Wɔn a wɔatɔ wɔn afi nkoasom mu no nko ara na wɔbɛfa so.+ 10  Wɔn a Yehowa agye wɔn no bɛsan aba;+ wɔde osebɔ bɛba Sion.+ Wobenya anigye a enni awiei.+ Wobedi ahurusi na wɔasɛpɛw wɔn ho,Na awerɛhow ne apinisi aguan.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “ɔtare a demmire afifi wom.”
Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.
Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.