Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI DUMIEN

W’abrabɔ a Wobɛma Asɔ Onyankopɔn Ani

W’abrabɔ a Wobɛma Asɔ Onyankopɔn Ani
  • Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi abɛyɛ Onyankopɔn adamfo?

  • Ɔkwan bɛn so na sobo a Satan abɔ no fa wo ho?

  • Nneyɛe bɛn na ɛnsɔ Yehowa ani?

  • Wobɛyɛ dɛn atumi ama w’abrabɔ asɔ Onyankopɔn ani?

1, 2. Ma nnipa bi a Yehowa buu wɔn sɛ ne nnamfo pa ho nhwɛso ahorow.

ONIPA bɛn na wobɛfa no adamfo? Ɛda adi paa sɛ wobɛpɛ sɛ wo ne obi a ɔne w’adwene hyia, mowɔ biribi a mo nyinaa ani gye ho, na mowɔ nnyinasosɛm biako bɛbɔ. Na wobɛbɛn obi a ɔwɔ su pa te sɛ nokwaredi ne ayamye.

2 Wɔ abakɔsɛm mu nyinaa no, Onyankopɔn apaw nnipa bi sɛ ne nnamfo pa. Sɛ nhwɛso no, Yehowa frɛɛ Abraham n’adamfo. (Yakobo 2:23) Onyankopɔn kaa Dawid ho asɛm sɛ “ɔbarima a me koma da ne so,” efisɛ na ɔyɛ obi a Yehowa dɔ no. (Asomafo Nnwuma 13:22) Na Yehowa buu odiyifo Daniel sɛ ‘ɔdɔfo.’—Daniel 9:23.

3. Dɛn nti na Yehowa paw nnipa bi sɛ ne nnamfo?

3 Dɛn nti na Yehowa faa Abraham, Dawid, ne Daniel nnamfo? Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Woatie me nne.” (Genesis 22:18) Enti Yehowa bɛn wɔn a wofi ahobrɛase mu yɛ nea ɔka no. Ɔka kyerɛɛ Israelfo sɛ: “Muntie me, na mɛyɛ mo Onyankopɔn na mo nso moayɛ me ɔman.” (Yeremia 7:23) Sɛ wutie Yehowa a, wo nso wubetumi abɛyɛ n’adamfo!

YEHOWA HYƐ NE NNAMFO DEN

4, 5. Ɔkwan bɛn so na Yehowa de ne denyɛ di ma ne nkurɔfo?

4 Susuw mfaso a ɛwɔ so sɛ wo ne Onyankopɔn bɛfa adamfo no ho hwɛ. Bible ka sɛ Yehowa rehwehwɛ hokwan ‘de ne denyɛ adi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho.’ (2 Beresosɛm 16:9) Yehowa bɛyɛ dɛn atumi de ne denyɛ adi ama wo? Wɔakyerɛ ɔkwan biako wɔ Dwom 32:8, na yɛkenkan wɔ hɔ sɛ: ‘Me Yehowa, mebue w’adwenem, na makyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so, m’ani wɔ wo so, na metu wo fo.’

5 Yehowa asɛm a ɛka koma bɛn ara ni! Ɔbɛma wo akwankyerɛ a wuhia, na wahwɛ wo so bere a wode reyɛ adwuma no. Onyankopɔn sɛ ɔboa wo ma wutumi gyina wo sɔhwɛ ahorow ano. (Dwom 55:22) Enti sɛ wode koma a edi mũ som Yehowa a, wubetumi anya ahotoso te sɛ odwontofo a ɔkaa asɛm a edi so yi no: “Mede [Yehowa, NW] masi m’anim daa yi, na ɔwɔ me nifa yi, merenhim.” (Dwom 16:8; 63:8) Yiw, Yehowa betumi aboa wo ma woabɔ wo bra wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so. Nanso, sɛnea wunim no, Onyankopɔn tamfo bi wɔ hɔ a ɔmpɛ sɛ ɔma woyɛ eyi.

SOBO A SATAN ABƆ

6. Sobo bɛn na Satan abɔ nnipa?

6 Wɔkyerɛkyerɛɛ sɛnea Satan Ɔbonsam kasa tiaa Onyankopɔn tumidi mu wɔ nhoma yi Ti 11. Satan bɔɔ Onyankopɔn sobo sɛ ɔyɛ ɔtorofo, na ɔkyerɛe sɛ ɛyɛ asisisɛm sɛ Yehowa amma Adam ne Hawa ankasa ansisi papa ne bɔne ho gyinae. Bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne akyi na wɔn asefo fii ase dɔɔso wɔ asase so no, Satan maa asɛm baa adwene a nnipa nyinaa kura ho. Satan ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Ɛnyɛ ɔdɔ a nnipa dɔ wo nti na wɔsom wo. Sɛ wopɛ a, ma me kwan na metumi ama obiara asɔre atia wo.” Asɛm a ɛtoo ɔbarima Hiob a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ no da no adi sɛ eyi ne adwene a na Satan kura. Ná hena ne Hiob, na ɔkwan bɛn so na na Satan sobo no fa ne ho?

7, 8. (a) Dɛn na ɛmaa Hiob daa nsow wɔ ne bere so nnipa mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Satan maa asɛm baa adwene a na Hiob kura ho?

7 Hiob traa ase bɛyɛ mfirihyia 3,600 a atwam ni. Ná ɔyɛ onipa pa, efisɛ Yehowa kae sɛ: “Obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase no so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho.” (Hiob 1:8) Hiob sɔɔ Onyankopɔn ani.

8 Satan maa asɛm baa adwene a na Hiob de som Onyankopɔn no ho. Ɔbonsam ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “So ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno [Hiob] ne ne fi ne ade a ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia? Ne nsa ano adwuma woahyira so, na n’afieboa ase afɛe asase no so. Na afei teɛ wo nsa ka nea ɔwɔ nyinaa hwɛ, sɛ ɔrennome anaa!”—Hiob 1:10, 11.

9. Yehowa yɛɛ n’ade dɛn wɔ sobo a Satan bɔe no ho, na dɛn ntia?

9 Enti Satan kae sɛ nneɛma a Hiob nya fi Onyankopɔn nkyɛn nti na ɔsom Onyankopɔn. Ɔbonsam kae nso sɛ sɛ wɔsɔ Hiob hwɛ a, ɔbɛkasa atia Onyankopɔn. Yehowa yɛɛ n’ade dɛn wɔ sobo a Satan bɔe yi ho? Esiane sɛ na asɛm no fa adwene a na Hiob kura ho nti, Yehowa maa Satan kwan ma ɔsɔɔ Hiob hwɛe. Saa kwan yi so na na ɛbɛda adi pefee sɛ ebia Hiob dɔ Onyankopɔn anaasɛ ɔnnɔ no.

WƆSƆƆ HIOB HWƐE

10. Sɔhwɛ ahorow bɛn na ɛtoo Hiob, na ɔyɛɛ n’ade dɛn?

10 Ankyɛ na Satan sɔɔ Hiob hwɛe wɔ akwan pii so. Wowiaa Hiob mmoa no bi, na wokunkum afoforo. Wokunkum ne nkoa no mu dodow no ara. Eyi de sikasɛm mu ahokyere baa ne so. Awerɛhosɛm foforo sii, ɛne sɛ ahum bi tui na ekunkum Hiob mma du no. Nanso, nsɛm a ɛyɛ hu a esisii yi nyinaa akyi no, “Hiob anyɛ bɔne, na wammu asɛm a enni aso amma Onyankopɔn.”—Hiob 1:22.

11. (a) Sobo a ɛto so abien bɛn na Satan de bɔɔ Hiob, na Yehowa yɛɛ dɛn wɔ ho? (b) Hiob yɛɛ n’ade dɛn wɔ ne yare a ɛyɛ yaw no ho?

11 Satan annyae Hiob haw. Ɛbɛyɛ sɛ Satan nyaa adwene sɛ ɛwom sɛ Hiob atumi agyina n’agyapade, ne nkoa, ne ne mma a ɔhweree no ano de, nanso sɛ ɔyare a, ɔbɛkasa atia Onyankopɔn. Yehowa maa Satan kwan ma ɔde yare bi a ɛyɛ yaw na ɛyɛ abofono yɛɛ Hiob. Nanso, eyi mpo amma Hiob anhwere Onyankopɔn mu gyidi a ɔwɔ no. Mmom no, ɔkaa no pen sɛ: “Meremma wonyi me mudi mfi me ho de bɛkɔ akosi sɛ megyaa mu.”—Hiob 27:5.

Wotuaa Hiob ka wɔ ne nokwaredi ho

12. Ɔkwan bɛn so na Hiob buaa sobo a Ɔbonsam bɔe no?

12 Ná Hiob nnim sɛ Satan na ɔde amanehunu no reba no so. Bere a na Hiob nnim sɛ Ɔbonsam akasa atia Yehowa tumidi no, n’adwene yɛɛ no sɛ gyama Onyankopɔn na ɔde ɔhaw ahorow no aba ne so. (Hiob 6:4; 16:11-14) Nanso, ɔkɔɔ so kuraa ne mudi mu maa Yehowa. Na Hiob nam nokware a odii no so maa Satan asɛm a ɔkae sɛ pɛsɛmenkominya nti na ɔno Hiob resom Onyankopɔn no bɛyɛɛ atoro!

13. Dɛn na efii nokware a Hiob di maa Onyankopɔn no mu bae?

13 Hiob nokwaredi no maa Yehowa nyaa asɛm a edi mũ de buaa sobo a ɛyɛ yaw a Satan bɔe no. Ná Hiob yɛ Yehowa adamfo ampa, na Onyankopɔn tuaa no ka wɔ ne nokwaredi ho.—Hiob 42:12-17.

SƐNEA ASƐM NO FA WO HO

14, 15. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ sobo a Satan bɔɔ Hiob no fa nnipa nyinaa ho?

14 Ɛnyɛ Hiob nko na mudi mu a wobekura ama Onyankopɔn ho asɛm a Satan ma ɛsɔree no fa ne ho. Ɛfa wo nso wo ho. Eyi da adi pefee wɔ Mmebusɛm 27:11. Ɛhɔ no, Yehowa Asɛm ka sɛ: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.” Saa asɛm yi a wɔkyerɛw wɔ Hiob wu akyi mfehaha pii no da no adi sɛ na Satan da so rebɔ Onyankopɔn ahohora, na na ogu so rebɔ Onyankopɔn asomfo sobo. Sɛ yɛma yɛn abrabɔ sɔ Yehowa ani a, yɛboa ma wobua Satan atoro sobo no ankasa, na yɛnam saayɛ so ma Onyankopɔn koma tɔ ne yam. Eyi ma wote nka dɛn? Sɛ ɛho behia mpo sɛ, ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae ahorow bi wɔ w’abrabɔ mu na ama woanya kyɛfa bi wɔ mmuae a wɔde ma Ɔbonsam wɔ n’atosɛm a wakeka no ho a, so ɛrenyɛ wo anigye sɛ wobɛyɛ saa?

15 Hyɛ no nsow sɛ, Satan kae sɛ: ‘Nea onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra.’ (Hiob 2:4) Satan nam asɛmfua, “onipa” a ɔde dii dwuma no so daa no adi pefee sɛ ɛnyɛ Hiob nkutoo na ɔbɔɔ no sobo, na mmom nnipa nyinaa. Ɛno yɛ asɛm a ɛho hia paa. Satan ama asɛm aba wo mudi anaa nokware a wubedi ama Onyankopɔn no ho. Ɔbonsam ani begye ho sɛ obehu sɛ sɛ wuhyia nsɛnnennen a wobɛyɛ Onyankopɔn so asoɔden na woagyae abrabɔ pa. Ɔkwan bɛn na Satan bɛbɔ mmɔden afa so ayɛ eyi?

16. (a) Akwan bɛn na Satan fa so bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma nnipa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho? (b) Ɛbɛyɛ dɛn na Ɔbonsam betumi afa saa akwan yi so asɔ wo ahwɛ?

16 Sɛnea yesusuw ho wɔ Ti 10 no, Satan fa akwan horow so bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma nnipa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho. Nea edi kan no, ɔtow hyɛ nnipa so “te sɛ gyata a ɔbobom apɛ obi amene no.” (1 Petro 5:8) Enti, wubetumi ahu Satan nkɛntɛnso bere a wo nnamfo, w’abusuafo, anaa afoforo sɔre tia mmɔden a wobɔ sɛ wubesua Bible na wode nea wusua no ayɛ adwuma no. * (Yohane 15:19, 20) Nea ɛto so abien no, Satan “kɔ so ara dan ne ho hann bɔfo.” (2 Korintofo 11:14) Ɔbonsam betumi afa anifere kwan so adaadaa wo ama woagyae nneɛma a ɛsɔ Onyankopɔn ani a woyɛ no. Obetumi de abasamtu nso adi dwuma. Ebia ɔbɛma woate nka sɛ wuntumi nyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani. (Mmebusɛm 24:10) Sɛ́ ebia Satan reyɛ n’ade sɛ “gyata a ɔbobom” anaasɛ ɔreyɛ ne ho sɛ “hann bɔfo” no, sobo a ɔbɔ no yɛ ade koro no ara: Ɔka sɛ sɛ wuhyia sɔhwɛ ahorow a, wubegyae Onyankopɔn som. Wobɛyɛ dɛn atumi abua saa sobo yi na woakura wo mudi mu ama Onyankopɔn sɛnea Hiob yɛe no?

YEHOWA AHYƐDE SO A WUBEDI

17. Dɛn ne ade titiriw nti a ɛsɛ sɛ wudi Yehowa ahyɛde so?

17 Wonam w’abrabɔ a wobɛma asɔ Onyankopɔn ani so betumi ama Satan sobo no ho mmuae. Dɛn na eyi hwehwɛ sɛ woyɛ? Bible bua sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn.” (Deuteronomium 6:5) Bere a ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn mu yɛ den no, wubenya ɔpɛ a emu yɛ den de ayɛ nea ɔhwehwɛ no. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Eyi ne nea Nyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so.” Sɛ wode wo koma nyinaa dɔ Yehowa a, wubehu sɛ “n’ahyɛde nyɛ den.”—1 Yohane 5:3.

18, 19. (a) Yehowa ahyɛde no bi ne dɛn? (Hwɛ adaka a ɛwɔ  kratafa 122 no mu.) (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn nhwehwɛ nea ɛboro yɛn so mfi yɛn hɔ?

18 Dɛn ne Yehowa ahyɛde? Ebi yɛ nneyɛe bi a ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho. Sɛ nhwɛso no, hwɛ adaka a n’asɛmti ne “ Twe Wo Ho Fi Nneɛma a Yehowa Kyi Ho” a ɛwɔ kratafa 122 no mu. Wubehu nneyɛe bi a Bible kasa tia pefee wɔ hɔ. Sɛ w’ani bɔ nneyɛe a wɔahyehyɛ no bi so nea edi kan a, ɛbɛyɛ wo sɛ ɛnyɛ bɔne a anibere wom. Nanso, sɛ wususuw kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asisi so no ho wie a, ɛda adi sɛ wubehu nyansa a ɛwɔ Yehowa mmara no mu. Nsakrae a wobɛyɛ wɔ w’abrabɔ mu betumi ayɛ asɛnnennen a ɛsen biara a woahyia pɛn. Nanso, w’abrabɔ a wobɛma asɔ Onyankopɔn ani bɛma woanya abotɔyam ne anigye kɛse. (Yesaia 48:17, 18) Na ɛyɛ ade a wubetumi ayɛ. Yɛyɛ dɛn hu saa?

19 Yehowa nhwehwɛ biribi a yentumi nyɛ mfi yɛn hɔ da. (Deuteronomium 30:11-14) Onim nea yebetumi ayɛ ne nea yentumi nyɛ sen yɛn ankasa mpo. (Dwom 103:14) Afei nso, Yehowa betumi ama yɛn ahoɔden a yɛde bɛyɛ osetie ama no. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo, na ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mubetumi, na mmom ɔbɛma kwan abɛda sɔhwɛ no ho a mode befi mu, na moatumi agyina ano.” (1 Korintofo 10:13) Yehowa betumi ama wo “tumi a ɛboro nnipa de so” a ɛbɛboa wo ma woatumi agyina sɔhwɛ ano. (2 Korintofo 4:7) Bere a Paulo tumi gyinaa sɔhwɛ ahorow pii ano akyi no, otumi kae sɛ: ‘Mewɔ ahoɔden wɔ ade nyinaa mu esiane nea ɔhyɛ me den no nti.’—Filipifo 4:13.

SUBAN PA A WUBENYA

20. Su pa bɛn na ɛsɛ sɛ wunya, na dɛn nti na saa su no ho hia?

20 Nokwarem no, Yehowa ani a wobɛsɔ hwehwɛ pii sen nneɛma a okyi a wobɛtwe wo ho afi ho kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ wodɔ nneɛma a ɔdɔ nso. (Romafo 12:9) So w’ani nnye ho sɛ wo ne wɔn a wɔne w’adwene hyia, wɔn a wɔn ani gye nneɛma a w’ani gye ho ho, na wɔne wo kura abrabɔ gyinapɛn biako bɛbɔ? Saa ara nso na Yehowa te. Enti ma w’ani nnye nneɛma a Yehowa ani gye ho ho. Wɔaka saa nneɛma yi bi ho asɛm wɔ Dwom 15:1-5, baabi a yɛkenkan nnipa a Onyankopɔn bu wɔn sɛ ne nnamfo ho asɛm no. Yehowa nnamfo da su ahorow a Bible frɛ no “honhom no aba” adi. Honhom no aba no ne “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ahosodi.”—Galatifo 5:22, 23.

21. Dɛn na ɛbɛboa wo ma woanya suban pa?

21 Bible a wobɛkenkan na woasua daa no bɛboa wo ma woanya suban pa. Na nea Onyankopɔn hwehwɛ a wubesua no bɛboa wo ma wo ne Onyankopɔn adwene ahyia. (Yesaia 30:20, 21) Dodow a wohyɛ ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa mu den no, dodow no ara na wubenya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wobɛma w’abrabɔ asɔ Onyankopɔn ani.

22. Sɛ woma w’abrabɔ sɔ Onyankopɔn ani a, dɛn na wubetumi ayɛ?

22 Mmɔdenbɔ ho hia na ama woatumi ama w’abrabɔ asɔ Yehowa ani. Bible de w’abrabɔ a wobɛsesa no toto wo nipasu dedaw a wubeyi agu hɔ na woahyɛ foforo ho. (Kolosefo 3:9, 10) Nanso, odwontofo no kyerɛw faa Yehowa ahyɛde ho sɛ: “Ɛsodi mu wɔ akatua pii.” (Dwom 19:11) Wo nso wubehu sɛ mfaso kɛse wɔ w’abrabɔ a wobɛma asɔ Onyankopɔn ani no so. Sɛ woyɛ saa a, wubebua sobo a Satan abɔ no, na wobɛma Yehowa koma ani agye!

^ nky. 16 Eyi nkyerɛ sɛ Satan ankasa na opiapia wɔn a wɔsɔre tia wo no. Nanso Satan na ɔyɛ bere a ɛwɔ hɔ yi nyame, na wiase no nyinaa da ne tumi mu. (2 Korintofo 4:4; 1 Yohane 5:19) Enti yebetumi ahwɛ kwan sɛ nkurɔfo ani rennye ɔbra pa a wobɛbɔ no ho, na ebinom bɛsɔre atia wo.