Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI AKRON

So Yɛte “Nna a Edi Akyiri” no Mu?

So Yɛte “Nna a Edi Akyiri” no Mu?
  • Nsɛm a ɛresisi wɔ yɛn bere yi mu bɛn na wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Bible mu?

  • Suban bɛn na Onyankopɔn Asɛm ka sɛ nnipa bɛda no adi wɔ “nna a edi akyiri” no mu?

  • Nneɛma pa bɛn na Bible hyɛɛ ho nkɔm sɛ ɛbɛba wɔ “nna a edi akyiri” no mu?

1. Ɛhe na yebetumi ahu nsɛm a ebesisi daakye no?

SO WOATIE nsɛm ho amanneɛbɔ wɔ radio anaa television so pɛn ma woabisa sɛ, ‘Dɛn na ɛreba wiase yi?’ Awerɛhosɛm sisi mpofirim ma onipa biara nni hɔ a obetumi akyerɛ nea ɛbɛba ɔkyena. (Yakobo 4:14) Nanso, Yehowa nim nea ɛbɛba daakye. (Yesaia 46:10) Ɛnyɛ nneɛma bɔne a ɛresisi wɔ yɛn bere yi so nko na N’asɛm Bible fi teteete hyɛɛ ho nkɔm, na mmom nneɛma a ɛyɛ anigye a ɛbɛba nnansa yi ara nso.

2, 3. Asɛm bɛn na asuafo no bisaa Yesu, na mmuae bɛn na ɔde mae?

2 Yesu Kristo kaa Onyankopɔn Ahenni a ɛde abɔnefosɛm bɛba awiei na adan asase paradise ho asɛm. (Luka 4:43) Na nkurɔfo pɛ sɛ wohu bere a Ahenni no bɛba. Nokwarem no, Yesu asuafo no bisaa no sɛ: “Dɛn na ɛbɛyɛ wo mmae ne bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho sɛnkyerɛnne?” (Mateo 24:3) Bere a Yesu rebua no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ Yehowa Nyankopɔn nkutoo na onim bere pɔtee a bere a ɛwɔ hɔ yi bɛba awiei. (Mateo 24:36) Nanso, Yesu kaa nsɛm bi a ebesisi wɔ asase so bere a aka kakra ma Ahenni no de asomdwoe ne ahobammɔ a edi mũ abrɛ adesamma no kyerɛe. Nea ɔhyɛɛ ho nkɔm no resisi nnɛ!

3 Ansa na yɛbɛhwehwɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛte “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” mu no, ma yensusuw ɔko bi a akɔ so a onipa biara antumi anhu ho kakra. Ɛkɔɔ so wɔ ahonhom atrae a aniwa nhu no, na nea efii mu bae no ka yɛn.

ƆKO A ƐKƆƆ SO WƆ SORO

4, 5. (a) Bere a wɔde Yesu dii ade sɛ Ɔhene akyi bere tiaa bi no, dɛn na ɛkɔɔ so wɔ soro? (b) Sɛnea Adiyisɛm 12:12 kyerɛ no, dɛn na na ebefi ɔko a ɛbɛkɔ so wɔ soro no mu aba?

4 Wɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ nhoma yi ti a edi eyi anim no mu sɛ Yesu Kristo bɛyɛɛ Ɔhene wɔ soro wɔ afe 1914 mu. (Daniel 7:13, 14) Yesu nsa kaa Ahenni no akyi bere tiaa bi no, ɔyɛɛ biribi. Bible ka sɛ: “Ɔko baa soro: Mikael [Yesu din foforo] ne n’abɔfo ne ɔtweaseɛ no [Satan Ɔbonsam] koe, na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo ne wɔn koe.” * Satan ne n’abɔfo bɔne, adaemone no, dii nkogu wɔ saa ɔko no mu, na wɔtow wɔn fii soro guu asase so. Onyankopɔn honhom mu mma anokwafo dii ahurusi sɛ wɔatow Satan ne n’adaemone agu. Nanso, na nnipa rennya saa anigye no bi. Mmom no, Bible hyɛɛ nkɔm sɛ: “Asase . . . nnue, efisɛ Ɔbonsam asian aba mo nkyɛn a ne bo afuw denneennen, efisɛ onim sɛ ne bere a aka yɛ tiaa.”—Adiyisɛm 12:7, 9, 12.

5 Hyɛ nea na ebefi ɔko a ɛbɛkɔ so wɔ soro no mu aba no nsow. Na Satan bo befuw ma ɔde amanehunu aba asase sofo so. Sɛnea wubehu no, yɛte saa amanehunu bere no mu nnɛ. Nanso, ɛbɛyɛ ‘bere tiaa’ bi pɛ. Satan mpo nim saa. Bible frɛ saa bere yi “nna a edi akyiri.” (2 Timoteo 3:1) Hwɛ sɛnea yɛn ani betumi agye sɛ ɛrenkyɛ na Onyankopɔn ayi Ɔbonsam nnwuma nyinaa afi asase so! Ma yensusuw nneɛma bi a wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Bible mu a ɛresisi mprempren no ho nhwɛ. Saa nneɛma yi da no adi sɛ yɛte nna a edi akyiri no mu na ɛrenkyɛ na Onyankopɔn Ahenni de nhyira a enni awiei abrɛ wɔn a wɔdɔ Yehowa no. Nea edi kan no, ma yensusuw nsɛnkyerɛnne a Yesu kae sɛ ɛbɛhyɛ bere a yɛte mu yi agyirae no mu anan ho nhwɛ.

NSƐM AKƐSE A EBESISI WƆ NNA A EDI AKYIRI NO MU

6, 7. Ɔkwan bɛn so na Yesu nsɛm a ɛfa akodi ne aduankɔm ho renya mmamu nnɛ?

6 “Ɔman bɛsɔre atia ɔman, na ahenni atia ahenni.” (Mateo 24:7) Wokunkum nnipa ɔpepem pii wɔ akodi mu wɔ afeha a etwaam no mu. Britaniani abakɔsɛm kyerɛwfo bi kyerɛwee sɛ: “Afeha a ɛto so 20 no ne afeha a wodii awu wom sen biara wɔ abakɔsɛm mu. . . . Ɛno ne afeha a ɛkame ayɛ sɛ wɔkɔɔ so dii ako wom bere nyinaa, mmere tiawa bi pɛ na na akodi akɛse nkɔ so wɔ baabi.” Worldwatch Institute (ɛyɛ kuw bi a wɔde wɔn ani di nsɛm a ɛkɔ so wɔ wiase akyi) bɔ amanneɛ sɛ: “Nnipa pii a wokunkum wɔn wɔ akodi a ɛkɔɔ so wɔ afeha [a ɛto so 20] no mu yɛ nnipa dodow a wowuwui wɔ akodi a ɛkɔɔ so fi afeha a edi kan Y.B. besi afe 1899 mu no mmɔho abiɛsa.” Efi afe 1914 reba no, nnipa bɛboro ɔpepem 100 na wɔawuwu wɔ akodi mu. Nnipa ɔpepem pii na wɔadi yaw ne awerɛhow esiane sɛ wɔahwere wɔn adɔfo wɔ akodi mu nti. Ebi mpo a, wo nso woahwere wo dɔfo bi wɔ saa kwan yi so.

7 ‘Aduankɔm bɛba.’ (Mateo 24:7) Nhwehwɛmufo ka sɛ, efi mfirihyia 30 a atwam mu no, aduan aba pii. Nanso, aduankɔm da so wɔ hɔ esiane sɛ nnipa pii nni sika a wɔde bɛtɔ aduan anaa asase a wɔbɛyɛ so afuw nti. Wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu no, nnipa bɛboro ɔpepepem biako na sika a wodi da koro yɛ dɔla biako anaa ennu saa mpo. Saa nnipa yi mu dodow no ara di kɔm daa. Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no bu akontaa sɛ aduan pa a wonnya nni yɛ ade titiriw a ɛma mmofra bɛboro ɔpepem anum wuwu afe biara.

8, 9. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa asasewosow ne yaredɔm ho no anya mmamu?

8 “Asasewosow akɛse bɛba.” (Luka 21:11) Sɛnea U.S. Dwumadibea a Wɔyɛ Abo Mu Nhwehwɛmu kyerɛ no, sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, asasewosow akɛse 19 na ɛbɛba afe biara. Eyinom ano yɛ den ma ebetumi asɛe adan na apaapae asase. Sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, asasewosow ahorow a ano yɛ den a etumi sɛe adan koraa sisi afe biara. Kyerɛwtohɔ ahorow a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ efi afe 1900 no, asasewosow akunkum nnipa bɛboro ɔpepem abien. Amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Nkɔanim a wɔanya wɔ mfiridwuma ne adansi ho nimdeɛ mu no ntumi mmoa mmaa nnipa dodow a ekunkum wɔn no so ntewee ahe biara.”

9 “Ɔyaredɔm . . . bɛba.” (Luka 21:11) Ɛmfa ho nkɔso a wɔanya wɔ aduruyɛ mu no, onyin ne yare ahorow rehaw adesamma. Amanneɛbɔ bi ka sɛ yare ahorow 20 a wonim no yiye a ebi ne nsamanwaw, atiridiinini, ne ayamtunini, asan asɔre kɛse nnansa yi, na nyarewa no bi wɔ hɔ a ɛyɛ den sɛ ɛho nnuru a wɔnom no betumi asa. Nokwarem no, nyarewa foforo 30 na ayi ne ho adi. Emu bi wɔ hɔ a wonnyaa ano aduru na ekunkum nnipa pii.

NNA A EDI AKYIRI MU NNIPA

10. Suban ahorow bɛn na wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ 2 Timoteo 3:1-5 a wuhu sɛ nnipa da no adi nnɛ?

10 Wɔ nsɛm bi a ebesisi wiase a Bible hyɛɛ ho nkɔm akyi no, ɛkaa nnipa suban a ɛbɛsesa wɔ nna a edi akyiri no mu ho asɛm nso. Ɔsomafo Paulo kaa sɛnea nnipa suban bɛyɛ ho asɛm. Yɛkenkan wɔ 2 Timoteo 3:1-5 sɛ: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba.” Ne fã bi no, Paulo kae sɛ nnipa bɛyɛ

  • ahopɛfo

  • sikaniberefo

  • awofo so asoɔdenfo

  • wɔn a wonni nokware

  • wɔn a wonni tema

  • wɔn a wontumi nni wɔn ho so

  • wɔn a wɔyɛ keka

  • wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn

  • wɔn a wɔde nyamesom pa adura wɔn anim, nanso wɔmfa tumi a ɛwom no nni dwuma

11. Ɔkwan bɛn so na Dwom 92:7 kyerɛkyerɛ nea ɛbɛba abɔnefo so mu?

11 So nnipa a wɔwɔ baabi a wote no abɛyɛ wɔn a wɔte saa? Akyinnye biara nni ho sɛ wɔabɛyɛ saa. Nnipa a wɔwɔ subammɔne wɔ baabiara. Eyi kyerɛ sɛ ɛrenkyɛ na Onyankopɔn ayɛ biribi, efisɛ Bible ka sɛ: “Abɔnefo fifi sɛ fan, na amumɔyɛfo nyinaa si so sɛ nhwiren a, ɛne sɛ wɔbɛsɛe wɔn korakora.”—Dwom 92:7.

NNEƐMA PA A ƐBƐBA!

12, 13. Ɔkwan bɛn so na “nokware nimdeɛ” adɔɔso wɔ “awiei bere” yi mu?

12 Sɛnea Bible hyɛɛ ho nkɔm no, amanehunu ahyɛ awiei bere yi mu ma. Nanso, nneɛma pa rekɔ so wɔ Yehowa asomfo mu wɔ wiase a ɔhaw ahyɛ mu ma yi mu.

13 Bible mu nhoma a ɛne Daniel no hyɛɛ nkɔm sɛ: ‘Nokware nimdeɛ bɛdɔɔso.’ Bere bɛn na ɛno bɛba? Wɔ “awiei bere no” mu. (Daniel 12:4) Titiriw efi afe 1914 reba no, Yehowa aboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom no nokwarem no ama wɔate Bible ase yiye. Wɔanya Onyankopɔn din ne n’atirimpɔw ho nokware ahorow a ɛsom bo, Yesu Kristo agyede afɔre no, tebea a awufo wom, ne owusɔre ho ntease kɛse. Afei nso, Yehowa asomfo asua sɛ wɔbɛma wɔn abrabɔ so aba wɔn ankasa mfaso na ɛde ayeyi abrɛ Onyankopɔn. Wɔate dwuma a Onyankopɔn Ahenni no di ne sɛnea ebesiesie nneɛma wɔ asase so no ase yiye. Dɛn na wɔde saa nimdeɛ yi yɛ? Saa asɛmmisa yi de yɛn ba nkɔmhyɛ foforo a ɛrenya mmamu wɔ nna a edi akyiri yi mu so.

“Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa.”—Mateo 24:14

14. Ahenni ho asɛmpaka adwuma no atrɛw akodu he nnɛ, na henanom na wɔreka asɛm no?

14 Yesu Kristo kae wɔ “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” ho nkɔmhyɛ no mu sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:3, 14) Wɔreka Ahenni ho asɛmpa no—dekode a Ahenni no yɛ, nea ɛbɛyɛ, ne sɛnea yebetumi anya emu nhyira no bi—wɔ aman bɛboro 230 so wɔ kasa bɛboro 400 mu. Yehowa Adansefo ɔpepem pii de nsiyɛ ka Ahenni ho asɛmpa no. Wofi “amanaman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu.” (Adiyisɛm 7:9) Adansefo no ne nnipa ɔpepem pii a wɔpɛ sɛ wohu nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa yɛ ofie Bible adesua a wonnye sika biara. Hwɛ sɛnea saa nkɔmhyɛ no anya mmamu kɛse, ne titiriw no, bere a Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ “nnipa nyinaa bɛtan” nokware Kristofo no!—Luka 21:17.

DƐN NA WOBƐYƐ?

15. (a) So wugye di sɛ yɛte nna a edi akyiri no mu, na dɛn nti na wugye di? (b) Dɛn na “awiei no” bɛkyerɛ ama wɔn a wɔsɔre tia Yehowa ne wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Onyankopɔn Ahenni ase no?

15 Bere a Bible nkɔmhyɛ pii renya mmamu nnɛ no, so wunnye ntom sɛ yɛte nna a edi akyiri mu? Sɛ wɔka asɛmpa no ma edu baabi a Yehowa hu sɛ ɛfata a, akyinnye biara nni ho sɛ “awiei no” bɛba. (Mateo 24:14) “Awiei no” kyerɛ bere a Onyankopɔn beyi abɔnefosɛm afi asase so. Yehowa bɛma Yesu ne abɔfo a wɔwɔ tumi no asɛe wɔn a wɔhyɛ da sɔre tia No no nyinaa. (2 Tesalonikafo 1:6-9) Satan ne n’adaemone rennaadaa amanaman no bio. Ɛno akyi no, Onyankopɔn Ahenni de nhyira bɛbrɛ wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ ne trenee nniso ase no nyinaa.—Adiyisɛm 20:1-3; 21:3-5.

16. Dɛn na ɛbɛyɛ papa sɛ woyɛ?

16 Esiane sɛ Satan nhyehyɛe awiei abɛn nti, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Dɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ?’ Ɛyɛ papa sɛ wobɛkɔ so asua Yehowa ne nneɛma a ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ ho ade pii. (Yohane 17:3) Fa nsiyɛ sua Bible. Ma ɛnyɛ wo suban sɛ wo ne afoforo a wɔpɛ sɛ wɔyɛ Yehowa apɛde bɛbɔ daa. (Hebrifo 10:24, 25) Sua nimdeɛ pii a Yehowa Nyankopɔn ada no adi ama nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa no, na yɛ nsakrae ahorow a ɛho hia wɔ w’asetram sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi anya Onyankopɔn nhyira.—Yakobo 4:8.

17. Dɛn nti na abɔnefo sɛe no bɛto nnipa dodow no ara mpofirim?

17 Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ nnipa dodow no ara bebu wɔn ani agu adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛte nna a edi akyiri mu no so. Abɔnefo sɛe no bɛba mpofirim. Te sɛ owifo a ɔba anadwo no, ɛbɛto nnipa dodow no ara mpofirim. (1 Tesalonikafo 5:2) Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ onipa Ba no mmae anaa bere a Yesu bedi ade sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene wɔ nna a edi akyiri no mu bɛyɛ sɛ Noa nna no. Ɔkae sɛ: “Sɛnea nna a edii nsuyiri no anim no, wodidi nomee, mmarima warewaree na wɔde mmea memaa aware kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na wɔanhu kosi sɛ nsuyiri no bae bɛpraa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara na onipa Ba no mmae bɛyɛ.”—Mateo 24:37-39.

18. Yesu kɔkɔbɔ bɛn na ɛsɛ sɛ yetie?

18 Enti, Yesu ka kyerɛɛ n’atiefo sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye na adidi mmoroso ne asanom ntraso ne asetra mu dadwen anhyɛ mo koma so da, na da no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri. Efisɛ ɛbɛba wɔn a wɔtete asase so baabiara no nyinaa so. Enti, monwɛn, na monsrɛ bere nyinaa na moatumi aguan nneɛma a etwa sɛ esisi yi nyinaa, na moatumi agyina onipa Ba no anim [a mowɔ n’anim dom].” (Luka 21:34-36) Nyansa wom sɛ yebetie Yesu asɛm no. Dɛn ntia? Efisɛ wɔn a wɔwɔ Yehowa Nyankopɔn ne “onipa Ba no,” Yesu Kristo, anim dom no hwɛ kwan sɛ wobenya nkwa wɔ Satan wiase no awiei, na wɔatra ase daa wɔ wiase foforo a anigye wom a abɛn no mu!—Yohane 3:16; 2 Petro 3:13.

^ nky. 4 Sɛ wopɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛkyerɛ sɛ Mikael yɛ Yesu Kristo din foforo a, hwɛ Nkekaho a ɛwɔ kratafa 218-19 no.