Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI DUNUM

Ogyinaa Onyankopɔn Nkurɔfo Akyi

Ogyinaa Onyankopɔn Nkurɔfo Akyi

1-3. (a) Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa Ester bɔɔ hu bere a na ɔrekɔ ne kunu anim no? (b) Nsɛmmisa a ɛfa Ester ho bɛn na yebesusuw ho?

ESTER bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛka ne koma ato ne yam bere a na ɔrebɛn Susan ahemfie adiwo hɔ no. Ná ɛnna fam. Ná wɔasiesie abankɛse no wɔ ɔkwan bi so a na ɛbɛma obiara a obehu no ho adwiriw no. Ná wɔde kɔla ahorow ayeyɛ anantwinini a wɔwɔ ntaban ne mmɛmmatofo ahoni, na na wɔde birikisi hyɛnhyɛn ayeyɛ agyata ahoni nso wɔ hɔ. Ná abankɛse no adum a wɔde abo ayɛ ne ahonini akɛse a wɔde asisi ne nnyinaso akɛse so no wɔ baabi a ɛbɛn Zagros Mmepɔw a sukyerɛmma wɔ atifi no anim, na na ɛhwɛ Choaspes asubɔnten a emu nsu ani yɛ kurunnyenn no. Wosii abankɛse no saa sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a ɔrekɔ hɔ no behu tumi kɛse a ɔbarima a na ɔfrɛ ne ho “ɔhene kɛse” no wɔ. Saa ɔbarima no na na Ester rekɔ anim no. Ɔno na na ɔyɛ Ester kunu.

2 Ester kunu? Ahasweros de, na ɔnyɛ ɔbarima a Yudani ababaa nokwafo biara ani begye ho sɛ ɔbɛware no! * Ná ɔnte sɛ Abraham. Abraham yɛ ɔbarima a na ɔbrɛ ne ho ase a ogyee akwankyerɛ a Onyankopɔn de maa no sɛ ontie ne yere Sara no toom. (Gen. 21:12) Ná Ahasweros nnim Ester Nyankopɔn, Yehowa, ne Ne Mmara ho hwee. Nanso, na onim Persia mmara a ebi ne mmara a na etia nea na Ester rebɛyɛ no. Ná ɛyɛ mmara bɛn? Ná mmara no ka sɛ ɛsɛ sɛ wokum obiara a ɔbɛkɔ Persia hene anim bere a ɔmfrɛɛ no no. Ná ɔhene no mfrɛɛ Ester, nanso na ɔrekɔ n’anim. Bere a ɔrebɛn ahemfie no adiwo hɔ, baabi a sɛ ɔhene no te n’ahengua so a obehu no no, ɛbɛyɛ sɛ na n’adwene yɛ no sɛ wawu awie.—Monkenkan Ester 4:11; 5:1.

3 Dɛn nti na Ester de ne nkwa too asiane a ɛte saa mu? Dɛn na yebetumi asua afi gyidi a ɔbea soronko yi daa no adi no mu? Nea edi kan no, momma yɛnhwɛ nea ɛyɛe a Ester nyaa dibea soronko yi sɛ Persia hemmaa.

Ester Ho Nsɛm

4. Ná Ester asetena mu nsɛm te dɛn, na ɛyɛɛ dɛn na ɔne ne papa nua ba Mordekai kɔtenae?

4 Ná Ester yɛ ayisaa. Yennim n’awofo a wɔtoo ne din Hadasa a ɛyɛ Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “ohuadua,” a ɛyɛ afifide bi a egu nhwiren fitaa fɛfɛɛfɛ no ho nsɛm pii. Bere a Ester awofo wui no, ne busuani bi a ɔyɛ ɔyamyefo a wɔfrɛ no Mordekai faa no kɔtetee no. Ná Mordekai yɛ Ester papa nua ba, na na wanyin sen Ester pii. Ɔfaa Ester ne no tenae, na ɔhwɛɛ no sɛ n’ankasa ne babea.—Ester 2:5-7, 15.

Ná Mordekai wɔ nea enti a ɔmaa n’ani gyee ne babea a ɔtetee no no ho

5, 6. (a) Ntetee bɛn na Mordekai de maa Ester? (b) Asetena bɛn na na Ester ne Mordekai wom wɔ Susan?

5 Ná Mordekai ne Ester yɛ Yudafo a wɔyɛ nkoa a wɔte Persia ahenkurow no mu, na ɛbɛyɛ sɛ wɔn som anaa Mose Mmara a na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde bɛbɔ wɔn bra nti, wodii wɔn ho fɛw. Nanso, ɛda adi sɛ Ester ne Mordekai benyaa abusuabɔ a emu yɛ den bere a Mordekai kyerɛkyerɛɛ no Yehowa a ɔyɛ mmɔborɔhunu Nyankopɔn a na wagye ne nkurɔfo afi ɔhaw mu mpɛn pii wɔ mmere bi a atwam, na ɔbɛsan agye wɔn bio no ho ade no. (Lev. 26:44, 45) Nokwarem no, Ester ne Mordekai benyaa abusuabɔ a emu yɛ den.

6 Ebetumi aba sɛ na Mordekai yɛ adwuma wɔ Susan abankɛse no mu sɛ mpanyimfo no mu biako, na na ɔtaa ne ɔhene no asomfo no mu bi tena ɔpon ano. (Ester 2:19, 21; 3:3) Yɛrentumi nsi no pi nka nea na Ester yɛ bere a na ɔrenyin no, nanso yebetumi aka sɛ ɔboaa ne papa nua ba a na wanyin sen no no wɔ ofie nnwuma mu, na ɛbɛyɛ sɛ na ofie no wɔ baabi a ahiafo te wɔ asubɔnten a ɛda ɔhene abankɛse anim no agya. Ebia Ester ani gyee ho sɛ ɔbɛkɔ Susan gua so, baabi a na sika adwumfo, dwetɛ adwumfo, ne aguadifo foforo tɔn wɔn nneɛma no. Ester anna annwene ho da sɛ bere bi bɛba a na afɛfɛde a ɛte saa bebu no so a ɔremfa nyɛ hwee; ná onnim sɛ ɔbɛyɛ yiye daakye.

‘Ná Ne Ho Yɛ Fɛ Paa’

7. Dɛn nti na wotuu Wasti ade so sɛ ɔhemmaa, na dɛn na efii mu bae?

7 Ɛda bi, na asɛm bi a asi wɔ ɔhene no fie ama huhuhuhu bi rekɔ so wɔ Susan. Ná Ahasweros de aduan pa ne nsã pa ato pon kɛse bi ama ne mmapɔmma, na ɔhyɛe sɛ wɔnkɔfrɛ ne yere, ɔhemmaa hoɔfɛfo Wasti, a na ɔno nso ne mmea no reto pon wɔ baabi foforo no mmra. Nanso, Wasti amma. Bere a na ɔhene no ani awu na ne bo afuw no, obisaa n’afotufo no asotwe a ɛsɛ sɛ wɔde ma Wasti. Dɛn na wɔde yɛɛ no? Wotuu no fii ade so sɛ ɔhemmaa. Ɔhene no nkoa fii ase hwehwɛɛ mmaabun a wɔn ho yɛ fɛ wɔ ɔman no mu nyinaa; wɔn mu bi na na ɔhene no beyi no sɛ ɔhemmaa foforo.—Ester 1:1–2:4.

8. (a) Bere a Ester renyin no, dɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ egyaw Mordekai adwinnwen? (b) Ɔkwan bɛn so na wususuw sɛ yebetumi de ahoɔfɛ ho adwene a ɛfata a Bible ma yenya no adi dwuma? (Hwɛ Mmebusɛm 31:30 nso.)

8 Yebetumi atwa ho mfonini wɔ yɛn adwenem sɛ Mordekai de anigye rehwɛ Ester bere ne bere mu na ɔredi ahurusi wɔ ne komam, nanso bere koro no ara agyaw no adwinnwen efisɛ na ne papa nua ba kumaa no anyin abɛyɛ ababaa a ne ho yɛ fɛ. Yɛkenkan sɛ: ‘Ná ababaa no ho yɛ fɛ paa.’ (Ester 2:7) Bible ma yenya ahoɔfɛ ho adwene a ɛfata—ɛyɛ adepa, nanso ɛho hia sɛ obi a ne ho yɛ fɛ nya nyansa ne ahobrɛase nso. Anyɛ saa a, ebetumi ayɛ ahuhude, na ama onipa no ayɛ ahantan, na wanya su afoforo a ɛmfata. (Monkenkan Mmebusɛm 11:22.) So woahu sɛ saa na ɛte? Wɔ Ester fam no, so na n’ahoɔfɛ no bɛboa no anaasɛ na ɛbɛma wayɛ ahantan? Momma yɛnhwɛ.

9. (a) Bere a ɔhene nkoa no huu Ester no, dɛn na wɔyɛe, na dɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ Mordekai nkyɛn a na Ester refi no yɛɛ den maa wɔn baanu nyinaa? (b) Dɛn nti na Mordekai maa Ester waree ɔbosonsonni? (Fa adaka no mu nsɛm ka ho.)

9 Ɔhene nkoa no huu Ester. Wɔfaa no fii Mordekai nkyɛn de no twaa asubɔnten no kɔɔ ahemfie kɛse no mu. (Ester 2:8) Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ den ma wɔn baanu nyinaa sɛ wɔbɛtetew mu, efisɛ na wɔte sɛ agya ne ne ba. Ná ɛnyɛ nea Mordekai pɛ ne sɛ anka ne babea a ɔtetee no no bɛware obi a ɔnsom Yehowa, sɛ́ mpo ɔyɛ ɔhene, nanso na ɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye. * Ansa na wɔde Ester refi hɔ akɔ no, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɔyɛɛ aso tiee afotu biara a Mordekai de maa no no! Bere a na wɔde no rekɔ Susan abankɛse no mu hɔ no, nsɛmmisa pii baa n’adwenem. Asetena bɛn na na ɔrekɔ mu?

‘Obiara a Ohuu no no Pɛɛ N’asɛm’

10, 11. (a) Dɛn nti na na ɛnyɛ den koraa sɛ asetena foforo a Ester kɔɔ mu no betumi anya no so nkɛntɛnso? (b) Dɛn na Mordekai yɛe de kyerɛe sɛ odwen Ester ho?

10 Ester hui sɛ n’asetena asesa koraa. Ná ɔka “mmabaa pii” a na wɔaboaboa wɔn ano afi Persia Ahemman no mu nyinaa no ho. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛsono wɔn mu biara amammerɛ, kasa, ne ne nneyɛe koraa. Ahemfie panyin bi a wɔfrɛ no Hegai na wɔma ɔhwɛɛ mmabaa no so. Ná ɛsɛ sɛ ɔhwɛ ma wosiesie wɔn ma wɔn ho yɛ fɛ. Afe biako na na wɔde bɛyɛ saa, na akwan a na wɔbɛfa so asiesie wɔn no bi ne sɛ wɔde ngohuam bɛsrasra wɔn. (Ester 2:8, 12) Ná ɛnyɛ den koraa sɛ asetena a ɛte saa no betumi ama mmabaa no adwinnwen wɔn ahoɔfɛ ho kɛse, na wɔasi akan a mfaso biara nni so. So Ester yɛɛ n’ade saa?

11 Obiara nni asase yi so a na odwen Ester ho sen Mordekai. Bible ka sɛ, da biara da, na Mordekai kɔfa mmea no fie no anim hwɛ sɛnea Ester ho te. (Ester 2:11) Sɛ na Mordekai te asɛm ketewaa bi fa Ester ho, sɛ ebia ɔsomfo bi a ɔpɛ n’asɛm na ɔbɛka akyerɛ no a, na ɛma n’ani gye paa. Dɛn ntia?

12, 13. (a) Dɛn na Ester yɛe a ɛmaa nkurɔfo ani gyee no ho? (b) Dɛn nti na Mordekai ani gyei bere a ohui sɛ Ester nnaa ne ho adi sɛ ɔyɛ Yudani no?

12 Su pa a Ester daa no adi wɔ hɔ no maa Hegai ani begyee no ho araa ma ɔdaa adɔe kɛse adi kyerɛɛ no. Ɔmaa no mmaawa baason ne baabi pa wɔ mmea fie hɔ tenae. Kyerɛwnsɛm no mpo ka sɛ: “Saa bere yi nyinaa na obiara a obehu Ester no pɛ n’asɛm.” (Ester 2:9, 15) Sɛ ɛkaa n’ahoɔfɛ nkutoo a, so anka obiara bɛpɛ n’asɛm saa? Dabi, ɛnyɛ Ester ahoɔfɛ nkutoo nti na ɛmaa nkurɔfo pɛɛ n’asɛm.

Ná Ester nim sɛ ahobrɛase ne nyansa ho hia koraa sen ahoɔfɛ

13 Sɛ nhwɛso no, yɛkenkan sɛ: “Na Ester nkaa ne man anaa n’abusua ho asɛm biara, efisɛ na Mordekai abɔ n’ano sɛ ɔnnka nnkyerɛ obiara.” (Ester 2:10) Ná Mordekai aka akyerɛ Ester sɛ ɔmmma obiara nnhu sɛ ɔyɛ Yudani; ná Mordekai nim pefee sɛ Persia atumfo no nni wɔn ho adwempa koraa. Hwɛ sɛnea Mordekai ani gyei sɛ ohui sɛ saa bere yi mpo a na Ester nni ne nkyɛn no, na ɔda so ara da no adi sɛ ɔyɛ onyansafo na ɔyɛ osetie!

14. Mmabun a wɔwɔ hɔ nnɛ bɛyɛ dɛn atumi asuasua Ester nhwɛso no?

14 Mmabun a wɔwɔ hɔ nnɛ nso betumi ama wɔn awofo anaa wɔn a wɔretete wɔn no koma ani agye. Sɛ wonni wɔn awofo nkyɛn, na wɔwɔ nnipa a wonsusuw nneɛma ho yiye, wɔn bra asɛe, anaa wɔyɛ nsɛmmɔnedifo mu mpo a, wotumi ko tia nkɛntɛnso bɔne, na wɔkɔ so yɛ nea wonim sɛ ɛteɛ. Sɛ wɔyɛ saa a, wɔma wɔn soro Agya no koma ani gye sɛnea Ester yɛe no.—Monkenkan Mmebusɛm 27:11.

15, 16. (a) Dɛn na ɛmaa ɔhene no ani begyee Ester ho? (b) Dɛn nti na na nsakrae a aba Ester asetenam no betumi ayɛ sɔhwɛ ama no?

15 Bere a bere dui sɛ wɔde Ester kɔ ɔhene no anim no, wɔmaa no kwan sɛ ɔmfa nneɛma biara a osusuw sɛ obehia—nneɛma a ebia na ɛbɛma ne ho ayɛ fɛ kɛse. Nanso, esiane sɛ Ester brɛ ne ho ase nti, wammisa biribiara anka nea Hegai kae sɛ wɔmfa mma no no ho. (Ester 2:15) Ebetumi aba sɛ ohui sɛ ɛnyɛ ahoɔfɛ nkutoo na ɛbɛma ɔhene no ani agye no ho; ahobrɛase a na ɔbɛda no adi bɛma ɔhene no ani agye no ho koraa asen sɛ ɔbɛma ne ho so. So ɛkɔɔ yiye maa no?

16 Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Ná ɔhene no dɔ Ester sen mmea a wɔaka no nyinaa, enti onyaa anuonyam ne adɔe wɔ n’anim sen mmabaa a wɔaka nyinaa. Ɛnna ɔde abotiri bɔɔ no yɛɛ no ɔhemmaa sii Wasti ananmu.” (Ester 2:17) Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ den maa Yudani ababaa a ɔwɔ ahobrɛase yi sɛ ɔbɛyɛ nsakrae wɔ n’asetena mu; ɔno na na wabɛyɛ ɔhemmaa foforo, ɔhempɔn a na ɔwɔ tumi sen obiara wɔ asase so saa bere no yere! So dibea foforo a onyae no maa ne tirim yɛɛ no dɛ ma ɔbɛyɛɛ ahantan? Dabida!

17. (a) Dɛn na Ester yɛe de kyerɛe sɛ na ɔda so ara tie ne papa a ɔtetee no no? (b) Dɛn nti na nhwɛso a Ester yɛe no ho hia yɛn paa nnɛ?

17 Ester kɔɔ so yɛɛ osetie maa ne papa Mordekai a ɔtetee no no. Wamma obiara anhu sɛ ɔyɛ Yudani. Afei nso, bere a Mordekai bɔɔ Ester amanneɛ sɛ nkurɔfo abɔ Ahasweros ho pɔw sɛ wobekum no no, Ester tiee no, na ɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ ɔhene no, na wɔsɛee pɔw bɔne no. (Ester 2:20-23) Ɔsan nso daa ahobrɛase adi, na ɔyɛɛ osetie de kyerɛe sɛ ɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi. Ɛho hia paa sɛ yesuasua Ester nhwɛso no nnɛ, efisɛ nnipa dodow no ara nyɛ osetie, na mmom, wɔyɛ asoɔden, na wɔtew atua! Nanso, nnipa a wɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi de, wɔyɛ osetie te sɛ nea Ester yɛe no.

Wɔsɔɔ Ester Gyidi Hwɛe

18. (a) Ɛbɛyɛ sɛ dɛn nti na Mordekai ankotow Haman? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.) (b) Dɛn na mmarima ne mmea anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ de suasua Mordekai nhwɛso no?

18 Wɔmaa ɔbarima bi a na ne din de Haman dibea kɛse bi wɔ Ahasweros ahemfie hɔ. Ɔhene no paw Haman sɛ ɔman soafo panyin, enti ɔbɛyɛɛ ɔhene abadiakyiri ne ne fotufo titiriw wɔ ahemman no mu. Ɔhene no hyɛe mpo sɛ obiara a obehu no no mmɔ ne mu ase nkotow no. (Ester 3:1-4) Mmara yi maa Mordekai hyiaa nsɛnnennen. Ná onim sɛ ɛsɛ sɛ otie ɔhene no, nanso na ɔrempɛ sɛ ɔbɛyɛ biribiara a ɛbɛkyerɛ sɛ ommmu Onyankopɔn. Ná Haman yɛ Agagni. Eyi kyerɛ sɛ na ɔyɛ Amalek hene Agag a Onyankopɔn diyifo Samuel kum no no aseni. (1 Sam. 15:33) Ná Amalekfo no tirim yɛ den paa ma enti wɔbɛyɛɛ Yehowa ne Israelfo atamfo. Ná Amalekfo yɛ nnipa a na Onyankopɔn adome wɔn. * (Deut. 25:19) Enti na ɛbɛyɛ dɛn na Yudani nokwafo akotow Amalekni? Ná Mordekai ntumi nyɛ saa. Wankotow Haman. Ɛde besi nnɛ, mmarima ne mmea anokwafo nso de wɔn nkwa ato asiane mu de adi saa nnyinasosɛm yi so: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa.”—Aso. 5:29.

19. Dɛn na na Haman pɛ sɛ ɔyɛ, na dɛn na ɔyɛe a ɛmaa ɔhene no gyee asɛm a ɔkae no dii?

19 Haman bo fuwii. Nanso, anyɛ no abodwo sɛ obekum Mordekai nkutoo. Ná ɔpɛ sɛ ɔtɔre Mordekai ne ne nkurɔfo nyinaa ase! Haman kaa Yudafo no ho nsɛmmɔne kyerɛɛ ɔhene no ma obegye dii sɛ wɔyɛ nnipa bɔne. Wammɔ obiara din, nanso ɔkyerɛe sɛ nkurɔfo no yɛ nnipa a mfaso biara nni wɔn so, na ‘wɔabɔ apete na wɔatew wɔn ho.’ Nea ɔka kaa ho a na enye koraa ne sɛ, nkurɔfo no nni ɔhene mmara so; enti wɔyɛ atuatewfo a wɔn ho yɛ hu. Haman kae sɛ obetua sika kɛse bi agu ɔhene no fotow mu na ɔde atua wɔn a wobekunkum Yudafo no nyinaa ka. * Ahasweros de n’ankasa pɛtea maa Haman sɛ ɔmfa nsɔ mmara biara a ɔbɛhyɛ no ano.—Ester 3:5-10.

20, 21. (a) Ɔkwan bɛn so na asɛm a Haman de too gua no kaa Yudafo a na wɔwɔ Persia Ahemman no mu nyinaa, a na Mordekai nso ka ho? (b) Dɛn na Mordekai srɛɛ Ester sɛ ɔnyɛ?

20 Ankyɛ na apɔnkɔsotefo de ahoɔhare kɔɔ ahemman no mu baabiara kɔkaa kumfɔ a na wɔabu Yudafo no ho asɛm kyerɛɛ ɔmanfo no. Bere a asɛm a ɛte saa a wɔde too gua no duu Yerusalem tɔnn no, hwɛ sɛnea na ɛbɛka wɔn afa! Yerusalem na na Yudafo nkaefo a na wɔafi Babilon nkoasom mu aba a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyekye kurow a na enni ɔfasu a ɛbɔ ho ban no te. Ebia bere a Mordekai tee asɛm a etu koma no, odwenee wɔn a na wɔwɔ Yerusalem ne n’ankasa nnamfo ne n’abusuafo a wɔte Susan no ho. Ne ho yeraw no, osunsuan ne ntade mu, na ofuraa atweatam de nsõ guu ne tirim, na okogyinaa kurow no mfinimfini suu denneennen. Haman de, ɔne ɔhene tenaa ase nom nsã, na awerɛhow a na wama Yudafo pii ne wɔn nnamfonom a wɔwɔ Susan redi no ho asɛm anhaw no.—Monkenkan Ester 3:12–4:1.

21 Mordekai hui sɛ na ɛsɛ sɛ ɔyɛ asɛm no ho biribi. Nanso, na dɛn na obetumi ayɛ? Ester tee awerɛhow a na Mordekai redi no, na ɔsoma ma wɔde ntama kɔmaa no, nanso wannye, na wɔamma wɔankyekye ne werɛ. Ebia na ofi bere tenten adwinnwen nea enti a Yehowa, ne Nyankopɔn ama kwan ma sodifo a ɔyɛ ɔbosonsonni abegye ne dɔba Ester afi ne nsam ayɛ no ɔhemmaa no ho. Afei na ɔreyɛ ahu nea enti a aba saa. Mordekai soma ma wɔkɔka kyerɛɛ ɔhemmaa Ester sɛ ɔmfa ne ho nnye asɛm no mu na ɔnsrɛ ɔhene no “mma ne manfo.”—Ester 4:4-8.

22. Dɛn nti na na Ester suro sɛ ɔbɛkɔ ɔhene a na ɔyɛ ne kunu no anim? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

22 Ɛbɛyɛ sɛ Ester koma bubui bere a ɔtee saa nkra no. Ná ɛyɛ ne gyidi ho sɔhwɛ kɛse. Ɛdaa adi wɔ ne mmuae a ɔde maa Mordekai no mu sɛ na osuro. Ɔtwee Mordekai adwene sii ɔhene mmara no so. Ɔkae sɛ, sɛ ɔhene mfrɛɛ obi na ɔkɔ n’anim a, wobekum no. Gye sɛ ɔhene teɛ ne sika poma no kyerɛ no so ansa na wanya ne ti adidi mu. So na Ester wɔ nea obegyina so ahwɛ kwan sɛ wɔde ne ho bɛkyɛ no, ne titiriw no, sɛ na ɔkae nea ɛtoo Wasti bere a ɔhene no frɛɛ no na wankɔ no a? Ester ka kyerɛɛ Mordekai sɛ bɛyɛ nnafua 30 ni a ɔhene no mfrɛɛ no! Esiane sɛ na nna pii atwam a ɔhene no mfrɛɛ no nti, na ntease wom paa sɛ ɛbɛyɛ no sɛ ebia ɔhene a n’adwene tumi sesa bere biara no ani nnye no ho bio. *Ester 4:9-11.

23. (a) Dɛn na Mordekai kae de hyɛɛ Ester gyidi den? (b) Dɛn nti na ɛfata sɛ yesuasua Mordekai?

23 Mordekai de ahotoso maa Ester mmuae de hyɛɛ ne gyidi den. Ɔmaa Ester hui sɛ, sɛ wanyɛ asɛm no ho biribi a, Yudafo no benya ogye afi baabi foforo. Nanso, sɛ ɔtaa no mu yɛ den a, ɛnsɛ sɛ ɔhwɛ kwan sɛ obenya ne ti adidi mu. Ɛha nso, Mordekai daa no adi sɛ ɔwɔ gyidi kɛse wɔ Yehowa mu sɛ ɔremma wɔntɔre ne nkoa ase mma ne bɔhyɛ nyɛ kwa da. (Yos. 23:14) Afei, Mordekai bisaa Ester sɛ: “Hena na onim sɛ ebia bere a ɛte sɛɛ nti na woabɛyɛ ɔdehye yi?” (Ester 4:12-14) So ɛnsɛ sɛ yesuasua Mordekai anaa? Ɔde ne ho too Yehowa, ne Nyankopɔn no so koraa. So yɛn nso yɛyɛ saa?—Mmeb. 3:5, 6.

Ne Gyidi Yɛɛ Den Ma Wansuro sɛ Obewu

24. Dɛn na Ester yɛe de daa gyidi ne akokoduru adi?

24 Afei de, na bere adu sɛ Ester si gyinae. Ɔka kyerɛɛ Mordekai sɛ ɔmmoaboa Yudafo no ano na wɔne ɔno Ester nni mmuada nnansa, na ɔkae sɛ: “Miwu a, na mawu.” (Ester 4:15-17) Ɛde besi nnɛ nkurɔfo fa asɛm tiawa a ɔkae a ɛda gyidi ne akokoduru a na ɔwɔ adi no ka asɛm. Ɛda adi sɛ, ɔbɔɔ mpae denneennen nnansa no nyinaa sen bere biara. Awiei koraa no, ɛda no dui. Osiesiee ne ho kama faa n’ahemmaa atade a edi mũ paa hyɛe, na ɔyɛɛ nea obetumi biara sɛnea ɔbɛsɔ ɔhene no ani. Afei osii mu kɔe.

Ester de ne nkwa too asiane mu de bɔɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho ban

25. Ka sɛnea nneɛma kɔɔ so bere a Ester kɔɔ ne kunu anim no ho asɛm.

25 Sɛnea yɛkaa ho asɛm wɔ saa ti yi mfiase no, Ester kɔɔ ɔhene no anim wɔ ahemfie hɔ. Yɛn adwene nkutoo na yebetumi de abu adwinnwen a na ahyɛ no so ne sɛnea na ɔrebɔ mpae denneennen no. Okogyinaa ahemfie no adiwo hɔ, baabi a na obetumi ahu Ahasweros sɛ ɔte n’ahengua so no. Ebia Ester hwɛɛ ɔhene a na wɔawɔw ne ti nhwi mmɛsa ma ɛne n’abogyesɛ ahyiam kama no anim de bɔɔ mmɔden sɛ obehu nea ɛwɔ n’adwenem. Sɛ ɔtwɛnee a, ɛbɛyɛ sɛ bere a ɔde twɛnee no yɛɛ no sɛ mfe apem. Nanso, saa bere no twaam, afei ne kunu no huu no. Ɛda adi sɛ ɔhene no ho dwiriw no, nanso ohuu no mmɔbɔ. Ɔde ne sika poma no kyerɛɛ no so!—Ester 5:1, 2.

26. Dɛn nti na nokware Kristofo hia akokoduru te sɛ Ester, na dɛn nti na afei koraa na na n’adwuma no afi ase?

26 Ɔhene no yɛɛ aso tiee Ester. Ester dii Onyankopɔn nokware, na ɔde ne nkwa too hɔ maa ne nkurɔfo de yɛɛ gyidi ho nhwɛso fɛfɛ maa Onyankopɔn asomfo nyinaa de besi nnɛ. Nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ ani sɔ nhwɛso ahorow a ɛte saa. Yesu kae sɛ, ɔdɔ ne ahofama a ɛte saa na wɔde behu wɔn a wɔyɛ n’akyidifo ankasa. (Monkenkan Yohane 13:34, 35.) Mpɛn pii no, ehia sɛ obi nya akokoduru a ɛte sɛ Ester de no bi na ama watumi ada ɔdɔ a ɛte saa adi. Ɛwom sɛ Ester gyinaa Onyankopɔn nkurɔfo akyi saa da no de, nanso afei koraa na na n’adwuma no afi ase. Ná ɔbɛyɛ dɛn atumi ama ɔhene no agye atom sɛ Haman a ɔyɛ ne fotufo a ogye no di paa no yɛ obi a ɔbɔ pɔw bɔne? Ná Ester bɛyɛ dɛn atumi agye ne nkurɔfo? Yebesusuw saa nsɛmmisa yi ho wɔ ti a edi hɔ no mu.

^ nky. 2 Nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ Ahasweros ara ne Xerxes I a odii Persia Ahemman no so wɔ afeha a ɛto so anum A.Y.B. mu mfiase no.

^ nky. 9 Hwɛ adaka a ɛne “Nsɛmmisa a Ɛfa Ester Ho,” a ɛwɔ Ti 16 no.

^ nky. 18 Esiane sɛ na wɔakunkum Amalekfo a ‘wɔaka no’ wɔ Ɔhene Hesekia bere so nti, ɛbɛyɛ sɛ na Haman ka Amalekfo a na wotwa to koraa no ho.—1 Be. 4:43.

^ nky. 19 Haman hyɛɛ bɔ sɛ obetua dwetɛ dwetikɛse 10,000 a sɛ yɛde ba dɔla mu nnɛ a, ɛbɛyɛ dɔla ɔpepem pii. Sɛ Ahasweros ara ne Xerxes I a, ɛnde na n’ani begye sika a Haman de hyɛɛ no bɔ no ho kɛse. Ná Xerxes hia sika a ɔde bɛkɔ ɔko a na ofi bere tenten abɔ ne tirim sɛ ɔne Helafo bɛko a awiei koraa okodii nkogu pasaa no.

^ nky. 22 Ná wonim Xerxes I sɛ obi a ne bo fuw ntɛmntɛm na otumi sesa n’adwene bere biara. Hela abakɔsɛm kyerɛwfo Herodotus kyerɛw nneɛma bi a Xerxes yɛe wɔ ɔko a ɔne Helafo kɔkoe no ho asɛm. Ɔhene no hyɛe sɛ wɔnkeka po so ahyɛn nsisi anim mfa nyɛ ɛtwene na wɔmfa so ntwa Hellespont nsu no. Bere a ahum bi bɔe ma ɛsɛee ɛtwene no, Xerxes hyɛe sɛ wontwitwa wɔn a wɔyɛɛ twene no ti, na mpo ɔmaa ne nkurɔfo no kenkan nsɛm yayaayaw guu Hellespont nsu no so, na wotwaa nsu no mmaa de “twee n’aso.” Wɔ saa ɔko no ara mu no, bere a ɔdefo bi srɛe sɛ mma wɔmfa ne ba nka asraafo no ho no, Xerxes ma wotwaa ɔdefo no ba no mu abien, na wɔde amu no too baabi a obiara behu ma ayɛ kɔkɔbɔ ama afoforo.