Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 08

Wubetumi Ne Yehowa Afa Adamfo

Wubetumi Ne Yehowa Afa Adamfo

Yehowa pɛ sɛ wuhu no yiye. Adɛn ntia? Onim sɛ wusua ne ho ade, wuhu n’akwan, na wuhu nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama wo a, nkakrankakra w’ani begye ho sɛ wobɛfa no adamfo. Wohwɛ a, wubetumi afa Onyankopɔn adamfo ma ayɛ yiye? (Kenkan Dwom 25:14.) Dɛn na woyɛ a ɛbɛma Onyankopɔn afa wo adamfo? Nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ Bible mu. Afei nso, Bible bɛma woahu sɛ adamfo biara nni hɔ a yebetumi de no atoto Yehowa ho.

1. Dɛn na Yehowa pɛ sɛ woyɛ?

‘Bɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn wo.’ (Yakobo 4:8) Dɛn na saa asɛm no kyerɛ? Nea ɛkyerɛ ne sɛ, Yehowa pɛ sɛ wobɛyɛ n’adamfo. Nanso esiane sɛ yentumi mfa yɛn ani nhu Onyankopɔn nti, ɛyɛ den ma ebinom sɛ wobegye adi sɛ wobetumi afa no adamfo. Nanso biribiara a ɛbɛma yɛahu Yehowa yiye, na ama yɛatumi afa no adamfo no, waka ho asɛm akyerɛ yɛn wɔ n’Asɛm Bible mu. Ɛwom sɛ yenhuu Onyankopɔn da, nanso sɛ yɛkenkan asɛm a waka akyerɛ yɛn wɔ Bible mu no a, ɛma yɛne n’adamfofa mu yɛ den.

2. Adɛn nti na adamfo biara nni hɔ a ɔte sɛ Yehowa?

Obiara nni hɔ a ɔdɔ wo sen Yehowa. Ɔpɛ sɛ w’ani gye. Mmoa biara a wuhia no, ɔpɛ sɛ woka ho asɛm kyerɛ no. Wubetumi ‘atow wo dadwen nyinaa agu no so, efisɛ odwen wo ho.’ (1 Petro 5:7) Yehowa ayɛ krado bere nyinaa sɛ ɔbɛboa ne nnamfo, akyekye wɔn werɛ, na watie wɔn adesrɛ.—Kenkan Dwom 94:18, 19.

3. Dɛn na Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ ansa na yɛatumi afa no adamfo?

Yehowa dɔ nnipa nyinaa, nanso “atreneefo na wɔyɛ ne nnamfo paa.” (Mmebusɛm 3:32) Yehowa pɛ sɛ ne nnamfo yere wɔn ho yɛ nea ɔpɛ, na wɔtwe wɔn ho fi nea ɔmpɛ ho. Ebia ebinom adwene bɛyɛ wɔn sɛ, ɛnyɛ nea Yehowa pɛ nyinaa na wobetumi ayɛ. Nanso Yehowa yɛ mmɔborɔhunufo. Enti sɛ obi fi ne koma nyinaa mu dɔ no, na ɔyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛsɔ n’ani a, ogye no tom.—Dwom 147:11; Asomafo Nnwuma 10:34, 35.

SUA PII KA HO

Nea woyɛ a ɛbɛma Yehowa afa wo adamfo no, sua pii ka ho, na hwɛ nea enti a adamfo biara nni hɔ a ɔte sɛ Yehowa.

4. Ná Yehowa adamfo ne Abraham

Sɛ obi yɛ Onyankopɔn adamfo a, ɛkyerɛ sɛn? Abraham (a wɔsan frɛ no Abram) ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no ma yehu nea ɛkyerɛ. Monkenkan Abraham ho asɛm wɔ Genesis 12:1-4. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔnyɛ?

  • Nhyira bɛn na Yehowa kaa sɛ obenya?

  • Dɛn na Abraham yɛe wɔ nea Yehowa kae no ho?

5. Nea Yehowa pɛ sɛ ne nnamfo yɛ

Ɛyɛ a yɛhwɛ kwan sɛ yɛn nnamfo bɛyɛ nneɛma bi ama yɛn.

  • Dɛn na ɛyɛ a wopɛ sɛ wo nnamfo yɛ ma wo?

Monkenkan 1 Yohane 5:3. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Dɛn na Yehowa hwɛ kwan sɛ ne nnamfo bɛyɛ?

Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Yehowa ani a, ebia ebehia sɛ yɛsesa yɛn abrabɔ anaa yɛn suban. Monkenkan Yesaia 48:17, 18. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Adɛn nti na ɛyɛ a Yehowa ka kyerɛ ne nnamfo sɛ wɔnsesa wɔn abrabɔ anaa wɔn suban?

Sɛ obi yɛ adamfo pa a, nea n’adamfo yɛ a ɛbɛbɔ ne ho ban ne nea ɔyɛ a ɛbɛboa no no, ɔka kyerɛ no. Saa pɛpɛɛpɛ na Yehowa nso te

6. Nea Yehowa yɛ de boa ne nnamfo

Sɛ Yehowa nnamfo hyia ɔhaw a, otwitwa gye wɔn anaa ɔboa wɔn ma wotumi gyina ano. Monhwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho.

  • Video no mu no, ɔbea no kaa sɛ ɛwom ara a, nea ɛtoo no no tumi besi ne tirim ma ɔyɛ basaa. Nanso dɛn na Yehowa yɛ de boaa no?

Monkenkan Yesaia 41:10, 13. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Dɛn na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ ama ne nnamfo nyinaa?

  • Wo ne Yehowa fa adamfo a, wohwɛ a obetumi aboa wo? Adɛn nti na woreka saa?

Adamfo pa de, sɛ wuhia mmoa a ɔde bɛma wo. Saa ara na Yehowa nso te

7. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛne Yehowa fa adamfo a, ɛsɛ sɛ yɛka yɛn asɛm kyerɛ no, na yetie nea ɔno nso wɔ ka

Sɛ wo ne w’adamfo bɔ nkɔmmɔ a, ɛma mo adamfofa no mu yɛ den. Monkenkan Dwom 86:6, 11. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Sɛ yɛpɛ sɛ yɛka yɛn asɛm kyerɛ Yehowa a, yɛbɛyɛ no sɛn?

  • Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so kasa kyerɛ yɛn?

Yɛbɔ mpae a, na yɛrekasa akyerɛ Yehowa; yɛkenkan Bible a, na yɛrema Yehowa nso akasa akyerɛ yɛn

EBINOM KA SƐ: “Onipa de, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ne Onyankopɔn afa adamfo?”

  • Bible mu asɛm bɛn na wode bɛkyerɛ sɛ yebetumi ne Yehowa afa adamfo?

NEA YƐASUA

Yehowa pɛ sɛ ɔne wo fa adamfo, na ɔbɛboa wo ama woatumi abɛn no.

Ntimu

  • Dɛn na Yehowa yɛ de boa ne nnamfo?

  • Adɛn nti na ɛyɛ a Yehowa ka kyerɛ ne nnamfo sɛ wɔnsesa wɔn abrabɔ anaa wɔn suban?

  • Nea Yehowa pɛ sɛ ne nnamfo yɛ no, wohwɛ a ɛyɛ den dodo? Adɛn nti na woreka saa?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Ɔbea bi kaa sɛ, efi bere a ɔfaa Onyankopɔn adamfo no, n’abrabɔ atu mpɔn paa. Hwɛ nea enti a ɔkaa saa.

“Ná Mempɛ sɛ Miwu!” (Ɔwɛn-Aban No. 1 2017)

Tie nea mmerante ne mmabaa bi aka afa Yehowa ho.

Sɛ Yɛka Sɛ Obi Yɛ Onyankopɔn Adamfo a Ɛkyerɛ Sɛn? (1:46)