Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 18

Yɛbɛyɛ Dɛn Ahu Wɔn a Wɔyɛ Nokware Kristofo?

Yɛbɛyɛ Dɛn Ahu Wɔn a Wɔyɛ Nokware Kristofo?

Nnipa ɔpepem pii se wɔyɛ Kristofo. Nanso ɛsono wɔn mu biara ne nea ogye di, ɛnna ɛsono sɛnea ɔbɔ ne bra. Enti asɛm no ne sɛ, yɛbɛyɛ dɛn ahu wɔn a wɔyɛ nokware Kristofo?

1. Yɛka sɛ obi yɛ Kristoni a, ɛkyerɛ sɛn?

Wɔn a wodi Yesu akyi na wosuasua no no, wɔn na yɛfrɛ wɔn Kristofo. (Kenkan Asomafo Nnwuma 11:26.) Dɛn na wɔyɛ de kyerɛ sɛ wodi Yesu akyi? Yesu ankasa kaa sɛ: “Sɛ motena m’asɛm mu a, na moyɛ m’asuafo ampa.” (Yohane 8:31) Wei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ nokware Kristofo de Yesu nkyerɛkyerɛ bɔ wɔn bra. Afei nso, na Yesu nkyerɛkyerɛ nyinaa gyina Kyerɛwnsɛm no so. Enti wɔn a wɔyɛ nokware Kristofo no nso, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn nkyerɛkyerɛ nyinaa gyina Bible no so.—Kenkan Luka 24:27.

2. Dɛn na nokware Kristofo yɛ de kyerɛ sɛ wɔwɔ ɔdɔ?

Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Monnodɔ mo ho sɛnea medɔ mo no.” (Yohane 15:12) Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛe sɛ ɔdɔ n’asuafo no? Onyaa bere maa wɔn, ɔkaa nsɛm a ɛbɛhyɛ wɔn den, na ɔboaa wɔn. Ɔde ne nkwa mpo too hɔ maa wɔn. (1 Yohane 3:16) Nokware Kristofo nso saa ara; ɛnyɛ wɔn ano kɛkɛ na wɔde ka sɛ wɔwɔ ɔdɔ. Mmom no, wɔyɛ nneɛma bi de kyerɛ sɛ wɔdodɔ wɔn ho.

3. Adwuma bɛn na nokware Kristofo yɛ?

Yesu de adwuma bi hyɛɛ n’asuafo nsa. “Ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm.” (Luka 9:2) Kristofo a wodi kan no, ɛnyɛ baabi a na wohyiam som nko ara na na wɔka Onyankopɔn ho asɛm. Ná wɔkɔ nkurɔfo afie mu ne mmɔnten so kɔka asɛmpa no. (Kenkan Asomafo Nnwuma 5:42; 17:17.) Ɛnnɛ nso, baabi a nnipa wɔ biara, nokware Kristofo kɔ hɔ kɔka Bible mu nokwasɛm kyerɛ wɔn. Wɔdɔ afoforo, enti wɔn ani gye ho sɛ wɔde wɔn bere ne wɔn ahoɔden bɛka Bible mu asɛm akyerɛ wɔn, sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya anidaso ne awerɛkyekye.—Marko 12:31.

SUA PII KA HO

Ɔfã yi bɛboa wo ama woahu nsonsonoe a ɛda nokware Kristofo ne wɔn a wɔnyɛ nokware Kristofo ntam.

4. Wɔbɔ mmɔden sɛ wobehu nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no

Ná Kristofo a wodi kan no nni Onyankopɔn Asɛm ho agorɔ, wɔka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo, na na wɔdodɔ wɔn ho

Wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo no bi wɔ hɔ a, wɔnhaw wɔn ho sɛ wɔbɛhwehwɛ nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no. Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho.

  • Nsɔrensɔre a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo no, dɛn na wɔyɛe a ɛma ɛyɛɛ den sɛ nkurɔfo besua Yesu nkyerɛkyerɛ?

Yesu kyerɛkyerɛɛ nokwasɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no. Kenkan Yohane 18:37. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛnea Yesu kae no, yɛbɛyɛ dɛn ahu Kristofo a wɔwɔ “nokware no afã no”?

5. Wɔka nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no kyerɛ nkurɔfo

Ná Kristofo a wodi kan no, wɔka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo

Ansa na Yesu rebɛkɔ soro no, ɔde adwuma bi hyɛɛ n’akyidifo nsa, na nnɛ ne nnɛ nyinaa, wɔda so ara reyɛ saa adwuma no. Monkenkan Mateo 28:19, 20 ne Asomafo Nnwuma 1:8. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Asɛnka adwuma a Yesu de hyɛɛ n’akyidifo nsa no, wɔbɛyɛ akodu he, na bere bɛn na wobewie?

6. Wɔde nea wɔkyerɛkyerɛ no bɔ wɔn bra

Dɛn na ɛmaa ɔbarima bi a ne din de Tom hui sɛ wahu wɔn a wɔyɛ nokware Kristofo no? Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho.

  • Video no mu no, Tom kaa sɛ eduu baabi no na n’ani nnye nyamesom ho. Dɛn na ɛma ɛbaa saa?

  • Dɛn na ɛma ohui sɛ ampa, wahu wɔn a wɔyɛ nokware Kristofo no?

Ɛnyɛ nea obi de n’ano bɛka kɛkɛ ne asɛm no, na mmom ne nneyɛe na ehia paa. Monkenkan Mateo 7:21. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Nneɛma mmienu yi, emu nea ɛwɔ he na ehia Yesu paa? Nea yɛde yɛn ano ka kɛkɛ, anaa sɛnea yɛbɔ yɛn bra?

7. Wɔdodɔ wɔn ho

Ná Kristofo a wodi kan no, wɔdodɔ wɔn ho

Nokware Kristofo de wɔn nkwa to asiane mu bɔ wɔn nuanom Kristofo ho ban. Sɛ wopɛ sɛ wuhu wei ho nhwɛso a, hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho.

  • Dɛn na ɛkaa Lloyd ma ɔde ne nkwa too asiane mu maa Onua Johansson?

  • Wohwɛ a ɔyɛɛ n’ade sɛ nokware Kristoni anaa?

Monkenkan Yohane 13:34, 35. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Sɛ obi a ɔyɛ nokware Kristoni hyia ne yɔnko Kristoni a ofi ɔman foforo so a, sɛn na ɛsɛ sɛ ohu no anaa ɔne no di?

  • Sɛ ɔko si a, dɛn na nokware Kristofo bɛyɛ de akyerɛ sɛ wɔdodɔ wɔn ho?

EBINOM KA SƐ: “Wɔn a wɔse wɔyɛ Kristofo no, wɔyɛ nneɛma bɔne koraa sen wɔn a wɔnyɛ Kristofo no.”

  • Kyerɛwsɛm bɛn na wobɛkan akyerɛ onipa no ama wahu sɛ nokware Kristofo ankasa wɔ hɔ?

NEA YƐASUA

Wɔn a wɔyɛ nokware Kristofo no de Bible mu nsɛm bɔ wɔn bra, woyi wɔn yam da ɔdɔ adi kyerɛ wɔn ho, na wɔka Bible mu nokwasɛm kyerɛ afoforo.

Ntimu

  • Wɔn a wɔyɛ nokware Kristofo no de wɔn nkyerɛkyerɛ gyina dɛn so?

  • Suban bɛn na ɛma yehu wɔn a wɔyɛ nokware Kristofo no?

  • Wɔn a wɔyɛ nokware Kristofo no, adwuma bɛn na wɔyɛ?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Nkurɔfo bi wɔ hɔ a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobedi Yesu anammɔn akyi, na wɔde ne nkyerɛkyerɛ abɔ wɔn bra. Hwɛ video yi, na wubehu pii afa wɔn ho.

Yehowa Adansefo​—Yɛyɛ Nnipa Bɛn? (1:13)

Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nea ɛyɛe a maame bi a na ɔyɛ Roman Katolekni huu wɔn a wɔyɛ nokware Kristofo.

“Wɔde Bible Yii Me Nsɛmmisa Nyinaa Ano!” (Ɔwɛn-Aban, April 1, 2014)

Sɛ atoyerɛnkyɛm bi si a, hwɛ sɛnea nokware Kristofo boa wɔn nuanom a wɔn ho akã no de kyerɛ sɛ wɔdodɔ wɔn ho.

Mmoa a Yɛde Ma Anuanom Bere a Atoyerɛnkyɛm Bi Asi​—Ne Fã Bi (3:57)

Nneɛma a Yesu kae sɛ yɛde behu nokware Kristofo no, ɛno ara na Kristofo a wodi kan no yɛe. Ɛnnɛ nso, hwɛ sɛnea nokware Kristofo reyɛ saa pɛpɛɛpɛ.

“Dɛn na Ɛma Yehu Nokware Kristofo?” (Ɔwɛn-Aban, March 1, 2012)