Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Gyina Yehowa Tumidi Akyi!

Gyina Yehowa Tumidi Akyi!

“Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa.”—ADI. 4:11.

NNWOM: 112, 133

1, 2. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara gye tom? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

ADESUA a edi wei anim no, yehui sɛ Ɔbonsam aka sɛ Yehowa mfata sɛ odi yɛn so. Waka nso sɛ nnipa ankasa di wɔn ho so a, wɔn ani begye na asi wɔn yiye. Asɛm a Satan aka no yɛ nokware anaa? Yɛmfa no sɛ, nnipa ankasa betumi adi wɔn ho so na wɔatena ase daa. Wohwɛ a, anka wɔn ani begye na asi wɔn yiye sen sɛ Onyankopɔn bedi wɔn so anaa? Sɛ wubetumi atena ase daa na woayɛ nea wopɛ a Onyankopɔn nsa nni mu a, anka w’ani begye?

2 Saa nsɛmmisa yi, gye sɛ wo ara na woabua. Ɛsɛ sɛ obiara dwen saa nsɛm no ho yiye. Sɛ yɛyɛ saa a, yebehu sɛ Onyankopɔn na ɔfata sɛ odi tumi. Ne tumidi ne tumidi a eye sen biara. Ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu gyina Onyankopɔn tumidi akyi. Bible ma yehu nea enti a yebetumi agye atom sɛ Yehowa na ɔfata sɛ odi tumi. Momma yɛnhwɛ nea Bible ka a ɛma yehu sɛ Yehowa tumidi na ɛfata paa.

YEHOWA NA ƆFATA SƐ ODI TUMI

3. Yehowa nko ara na ɔfata sɛ amansan Hene. Adɛn ntia?

3 Yehowa ne ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn ne Ɔbɔadeɛ no. Ɛno nti, ɔno na ɔfata sɛ amansan Hene. (1 Be. 29:11; Aso. 4:24) Adiyisɛm 4:11 ka anisoadehu bi ho asɛm. Ɛfa nnipa 144,000 a wɔne Kristo bedi ade no ho. Wɔka sɛ: “Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛwowɔ hɔ na wobɔe.” Yehowa na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa, enti akyinnye biara nni ho sɛ ɔsoro oo, asase so oo, ɛfata paa sɛ odi obiara so.

4. Sɛ obi sɔre tia Onyankopɔn tumidi a, ɛkyerɛ sɛ wamfa hokwan a ɔwɔ sɛ ɔyɛ nea ɔpɛ no anni dwuma yiye. Adɛn ntia?

4 Satan mmɔɔ biribiara da. Ɛno nti, ɔmfata koraa sɛ odi amansan yi so. Bere a Satan ne nnipa baanu a wodi kan no tew Yehowa tumidi so atua no, na wɔreda ahantan adi. (Yer. 10:23) Ɛwom, esiane sɛ na wɔwɔ hokwan sɛ wɔyɛ nea wɔpɛ nti, na wobetumi asi gyinae sɛ wɔn ankasa bedi wɔn ho so a Onyankopɔn nsa nni mu. Nanso, na ɛfata sɛ wɔyɛ saa anaa? Dabi. Hokwan a nnipa wɔ sɛ wɔyɛ nea wɔpɛ no, ɛma wotumi sisi gyinae pa da biara. Nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔsɔre tia onii a ɔbɔɔ wɔn na ɔmaa wɔn nkwa no. Wei ma yehu pefee sɛ, sɛ obi sɔre tia Yehowa a, ɛkyerɛ sɛ wamfa hokwan a ɔwɔ sɛ ɔyɛ nea ɔpɛ no anni dwuma yiye. Nnipa deɛ, yɛn deɛ ne sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ahyɛ Yehowa tumidi a ɛteɛ no ase.

5. Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ gyinae biara a Onyankopɔn si no teɛ?

5 Yɛnhwɛ ade foforo nti a Yehowa na ɔfata sɛ amansan Hene. Ɛne sɛ, Yehowa mfa ne tumi nsisi obiara; obu atɛntrenee bere nyinaa. Yehowa ka sɛ: ‘Mene Yehowa, Nea ɔyɛ adɔe na obu atɛntrenee na ɔyɛ adetrenee wɔ asase so, efisɛ eyi na ɛsɔ m’ani.’ (Yer. 9:24) Mmara a nnipa a wɔtɔ sin ahyehyɛ no, ɛnyɛ ɛno na Yehowa gyina so de kyerɛ nea ɛyɛ papa ne nea ɛteɛ. Esiane sɛ Yehowa ne atɛntrenee farebae nti, ɔno na ɔhyehyɛɛ mmara maa nnipa. “Trenee ne atemmu yɛ [Yehowa] ahengua nnyinaso.” Enti yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa mmara, ne nnyinasosɛm, ne ne gyinaesi biara teɛ. (Dw. 89:14; 119:128) Satan aka sɛ Yehowa mfata sɛ odi tumi, nanso ɔno ankasa ntumi mmaa atɛntrenee papa biara mmaa wiase.

6. Dɛn ne ade baako nti a Yehowa fata sɛ odi wiase so?

6 Bio nso, Yehowa na ɔfata sɛ amansan Hene efisɛ ɔno na ɔwɔ nimdeɛ ne nyansa a obetumi de ahwɛ amansan yi so. Wo de, susuw nhwɛso bi ho hwɛ. Onyankopɔn maa ne Ba no tumi ma ɔde saa nyarewa a na nnuruyɛfo ntumi nsa. (Mat. 4:23, 24; Mar. 5:25-29) Yehowa ani so de, na wei nyɛ anwonwade. Onim sɛnea yɛn nipadua no yɛ adwuma, na obetumi asiesie ɔhaw biara a ɛba nipadua no mu. Saa ara nso na ɔwɔ tumi a ɔde benyan awufo na wɔasiw atoyerɛnkyɛm ano.

7. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa wɔ nyansa koraa sen obiara a ɔwɔ Satan wiase yi mu?

7 Nnipa a wɔwɔ Satan wiase mu reyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛma asomdwoe atena wɔn man mu ne amanaman ntam, nanso ɔkwa. Yehowa ne nyansa nyinaa wura, enti ɔno nko ara na obetumi de asomdwoe aba wiase. (Yes. 2:3, 4; 54:13) Sɛ yesua Yehowa nimdeɛ ne ne nyansa ho ade a, ɛma yɛte nka sɛ ɔsomafo Paulo. Onyankopɔn honhom kaa no ma ɔkyerɛwee sɛ: “O hwɛ sɛnea Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ mu dɔ fa! Hwɛ, wɔrentumi mpɛɛpɛɛ n’atemmu mu, na wɔrentumi nhwehwɛ n’akwan mu nwie da!”—Rom. 11:33.

YEHOWA TUMIDI YE SEN TUMIDI BIARA

8. Adɛn nti na sɛnea Yehowa di tumi no ma wo koma tɔ wo yam?

8 Bible ama yɛahu sɛ Yehowa na ɔfata sɛ odi tumi. Ɛsan ma yehu nea enti a Yehowa tumidi yɛ papa sen tumidi foforo biara. Ade baako ne sɛ, Yehowa di tumi wɔ ɔdɔ mu. Nokwasɛm ne sɛ, sɛnea Yehowa di tumi no ma yɛn koma tɔ yɛn yam. Ɔyɛ “mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo, nea ne bo kyɛ fuw na n’adɔe ne ne nokwaredi dɔɔso.” (Ex. 34:6) Onyankopɔn bu n’asomfo na odi wɔn ni. Sɛnea ɔhwɛ yɛn no, yɛn ankasa mpo ntumi nhwɛ yɛn ho saa. Ɔbonsam se Yehowa de nneɛma pa kame n’asomfo anokwafo, nanso wei yɛ atosɛm. Yehowa Ba a ɔsom bo ma no mpo, ɔde no mae sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi anya anidaso sɛ yɛbɛtena ase daa!—Kenkan Dwom 84:11; Romafo 8:32.

9. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn ani kũ ne somfo biara ho?

9 Sɛ yɛka Yehowa nkurɔfo bom a, ɔdɔ wɔn nyinaa. Na sɛ yɛfa wɔn mmaako mmaako nso a, n’ani kũ obiara ho. Nhwɛso bi ni. Yehowa maa Israel man no atemmufo, na wɔko gyee Israelfo no fii wɔn atamfo nsam. Apereperedi yi kɔɔ so bɛyɛ mfe ahasa. Bere a wei nyinaa rekɔ so no, Yehowa huu nneɛma pa wɔ Rut a na ɔnyɛ Israelni no ho. Ɔde nneɛma pii bɔɔ afɔre bɛsom nokware Nyankopɔn no. Yehowa hyiraa Rut; ɔmaa no kunu ne ɔbabarima. Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara. Sɛ wonyan Rut fi awufo mu a, obehu sɛ ne babarima no mu na Mesia no fi bae. Sɛ obehu sɛ wɔkyerɛw n’asetena mu nsɛm de ne din too so wɔ Bible mu a, hwɛ sɛnea n’ani begye afa!—Rut 4:13; Mat. 1:5, 16.

10. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa tumidi nyɛ katee?

10 Yehowa mfa ne tumi nhyɛ nkurɔfo so na ɔnyɛ katee. Enti wɔn a odi wɔn so no nya ahofadi na ɛma wɔn ani gye. (2 Kor. 3:17) Dawid kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Nidi ne anuonyam wɔ n’anim; ahoɔden ne anigye wɔ ne tenabea.” (1 Be. 16:7, 27) Odwontofo Etan nso kae sɛ: “Anigye ne ɔman a wɔto ahurusi dwom. O Yehowa, w’anim hann mu na wɔnantew daa. Wo din mu na wodi ahurusi daa nyinaa na wo trenee mu na wɔama wɔn so.”—Dw. 89:15, 16.

11. Dɛn na ɛbɛma yɛagye adi paa sɛ Yehowa tumidi ye sen tumidi biara?

11 Sɛ yɛtaa dwinnwen Yehowa papayɛ ho a, ɛbɛma yɛagye adi paa sɛ Yehowa tumidi ye sen tumidi biara. Yɛne odwontofo no bɛyɛ adwene. Ɔkae sɛ: “Wo fie adiwo da koro di ye sen nna apem wɔ baabi foforo.” (Dw. 84:10) Asɛm no ara na odwontofo no aka no. Yehowa dɔ yɛn. Ɔno na ɔnwenee yɛn na ɔbɔɔ yɛn, enti onim nea ɛbɛma yɛn ani agye ankasa. Wama yɛn nea yehia ama abu so. Biribiara a Yehowa bɛka sɛ yɛnyɛ no, yɛn yiyedi ntia. Sɛ mpo ehia sɛ yɛde nneɛma bi bɔ afɔre a, ɛnyɛ dɛn ara a daakye bi ɛbɛma yɛn ani agye paa.—Kenkan Yesaia 48:17.

12. Dɛn paa nti na yegyina Yehowa tumidi akyi?

12 Bible ma yehu sɛ, Kristo Mfirihyia Apem Nniso no akyi no, nnipa bi bɛsɔre atia Yehowa tumidi. (Adi. 20:7, 8) Dɛn paa na ɛbɛma wɔayɛ biribi a ɛte saa? Efi teteete nyinaa, Ɔbonsam awe ahinam so sɛ ɔbɛdaadaa yɛn ama yɛayɛ nea yɛpɛ. Enti sɛ woyi no fi afiase a, akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɛfa saa kwan koro no ara so adaadaa nnipa. Ebia ɔbɛma nnipa anya adwene sɛ, sɛ wɔantie Yehowa mpo a, wobetumi atena ase daa. Nanso yenim sɛ saa asɛm no yɛ atoro. Ɛnde yemmisa sɛ: Yɛbɛma atosɛm a ɛte saa adaadaa yɛn anaa? Sɛ yɛdɔ Yehowa, yɛn ani sɔ ne papayɛ, na yegye tom sɛ ɔfata sɛ odi amansan yi so a, nea Ɔbonsam bɛka biara bɛyɛ yɛn tan koraa. Yɛn kɔn rennɔ mpo sɛ yɛbɛma obi foforo biara adi yɛn so ka Yehowa ho, efisɛ ɔdɔ yɛn na ɔno na ɔfata sɛ odi amansan yi so.

FA NOKWAREDI GYINA ONYANKOPƆN TUMIDI AKYI

13. Sɛ yesuasua Onyankopɔn a, ɛkyerɛ sɛ yegyina ne tumidi akyi. Adɛn ntia?

13 Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu gyina Yehowa tumidi akyi. Yɛahu sɛ Yehowa na ɔfata sɛ odi tumi, na ne tumidi ye sen tumidi biara. Sɛ yɛde nokwaredi som Onyankopɔn na yekura yɛn mũdi mu a, ɛkyerɛ sɛ yegyina Yehowa tumidi akyi. Dɛn bio na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yegyina Yehowa tumidi akyi? Ɛne sɛ yebesuasua sɛnea Yehowa yɛ n’ade. Sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ Yehowa a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani gye ne tumidi ho na yegyina akyi.—Kenkan Efesofo 5:1, 2.

14. Dɛn na asafo mu mpanyimfo ne mmusua ti betumi ayɛ de asuasua Yehowa?

14 Yɛasua Bible ahu sɛ Yehowa di ne tumi wɔ ɔdɔ mu. Enti sɛ mmusua ti ne asafo mu mpanyimfo ani gye Yehowa tumidi ho a, wɔrenhyɛ obiara so ma ɛnkɔyɛ sɛ wɔn nso redi wɔn hene. Mmom wobesuasua Yehowa. Saa ara na Paulo yɛe; osuasuaa Onyankopɔn ne ne Ba no. (1 Kor. 11:1) Sɛ Paulo pɛ sɛ nkurɔfo yɛ adepa a, na ɔnhyɛ wɔn anaa ɔnyɛ biribi a ɛbɛma wɔn ani awu. Mmom na ɔsrɛ wɔn. (Rom. 12:1; Efe. 4:1; Filem. 8-10) Saa na Yehowa yɛ n’ade. Enti wɔn a wɔn ani gye Yehowa tumidi ho na wogyina akyi no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa ara.

15. Sɛ yetie wɔn a Yehowa ama wɔn kwan sɛ wonni tumi no a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani gye ne tumidi ho. Adɛn ntia?

15 Wɔn a Yehowa ama wɔn kwan sɛ wonni tumi no de akwankyerɛ ma yɛn a, dɛn na yɛyɛ? Sɛ yetie wɔn a, ɛkyerɛ sɛ yegyina Yehowa tumidi akyi. Sɛ wosi gyinae bi na yɛnte ase anaa yɛne wɔn nyɛ adwene mpo a, yebegye Yehowa nhyehyɛe atom. Ɛnyɛ saa koraa na ɛte wɔ wiase no mu, nanso yɛn a yegye Yehowa tumidi tom no, saa na yɛyɛ. (Efe. 5:22, 23; 6:1-3; Heb. 13:17) Onyankopɔn pɛ sɛ esi yɛn yiye, enti sɛ yetie wɔn a wama wɔn tumi no a, ɛboa yɛn.

16. Wɔn a wogyina Yehowa tumidi akyi no resisi gyinae a, wɔyɛ no sɛn?

16 Sɛnea yesisi gyinae nso betumi akyerɛ sɛ yegyina Onyankopɔn tumidi akyi. Yehowa nhyehyɛ mmara pɔtee mfa biribiara a yɛyɛ ho. Mmom ɔma yehu n’adwene, na ɛno boa yɛn ma yehu nea yɛbɛyɛ. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Yehowa nkyerɛɛ ntade pɔtee a ɛsɛ sɛ Kristofo hyɛ. Mmom ɔma yehu sɛ ɔpɛ sɛ Kristofo de fɛre siesie wɔn ho na wɔhyɛ ntade a ɛfata. (1 Tim. 2:9, 10) Afei nso, Yehowa mpɛ sɛ yesi gyinae bi a ɛbɛhaw afoforo anaa ɛbɛto wɔn hintidua. (1 Kor. 10:31-33) Sɛ yɛanyɛ nea yɛn ankasa pɛ na yɛma Yehowa adwene kyerɛ yɛn kwan a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani gye ne tumidi ho na yegyina akyi.

Sɛ yɛn ankasa na yɛresi gyinae oo, sɛ abusua no oo, ebiara mu no ɛsɛ sɛ yegyina Onyankopɔn tumidi akyi (Hwɛ nkyekyɛm 16-18)

17, 18. Dɛn na awarefo betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wogyina Yehowa tumidi akyi?

17 Momma yɛnhwɛ biribi a Kristofo a wɔaware betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ nea Yehowa pɛ na wogyina ne tumidi akyi. Sɛ aware bi ankɔ sɛnea awarefo no pɛ a, dɛn na wɔbɛyɛ? Na sɛ awarefo no anu wɔn ho mpo sɛ wɔwaree ɛ? Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ awarefo no tɔ wɔn bo ase hwɛ sɛnea Yehowa ne Israel man no dii. Yehowa faa tete Israel man no sɛ ne yere. (Yes. 54:5; 62:4) Ná ɛte sɛ nea Yehowa akɔ “aware” bɔne! Nanso Yehowa ampere ne ho annyae “aware” no. Ɔkɔɔ so huu ɔman no mmɔbɔ na apam a ɔne wɔn yɛe no, odii so. (Kenkan Dwom 106:43-45.) Yɛhwɛ sɛnea Yehowa daa adɔe adi kyerɛɛ wɔn no a, ɛnka yɛn koma anaa?

18 Enti awarefo a wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ nea Yehowa pɛ suasua no. Sɛ wɔn aware nkɔ yiye a, wɔmfa kwan bi a ennyina Kyerɛwnsɛm so nnyae aware. Wonim sɛ Yehowa aka wɔn abom na ɔpɛ sɛ wɔn mu biara ‘fam’ ne yɔnko ho. Ade baako pɛ na Kyerɛwnsɛm no ka sɛ obi betumi agyina so agyaa ne hokafo na wasan aware foforo. Ɛno ne aguamammɔ. (Mat. 19:5, 6, 9) Sɛ tebea no te sɛn koraa na awarefo no annyaa aware, na wɔbɔ mmɔden mpo sɛ wɔbɛma agyina a, ɛkyerɛ sɛ wogyina Yehowa tumidi akyi.

19. Sɛ yedi mfomso bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛakɔ so agyina Onyankopɔn tumidi akyi?

19 Yɛn nyinaa tɔ sin, enti ɛwom ara a yɛbɛyɛ nneɛma bi a Yehowa ani nnye ho. Yehowa nim wei, enti ɔnam Kristo agyede no so ayɛ nhyehyɛe fɛfɛɛfɛ ama yɛn. Ɛno nti sɛ yedi mfomso bi a, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa hɔ bɔne fafiri. (1 Yoh. 2:1, 2) Sɛ́ anka yɛbɛkɔ so abu yɛn ho fɔ no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sua biribi fi mfomso a yedii no mu. Sɛ yɛkɔ so bata Yehowa ho a, ɔde yɛn mfomso bɛkyɛ yɛn na wakyekye yɛn werɛ. Afei sɛ biribi a ɛte saa san to yɛn a, ɔbɛboa yɛn ama yɛatumi agyina ano.—Dw. 103:3.

20. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yegyina Yehowa tumidi akyi saa bere yi?

20 Wiase foforo no mu no, Yehowa bedi obiara so, na obi biara besua ne trenee akwan. (Yes. 11:9) Seesei mpo, yebetumi asua ne trenee akwan no ho ade pii. Ɛrenkyɛ, obiara behu sɛ Yehowa tumidi na ɛfata. Enti saa bere yi na ɛsɛ sɛ yekura yɛn mũdi mu, yɛsom Yehowa yiye, na yɛyɛ nea yebetumi biara suasua Yehowa wɔ biribiara mu. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yegyina Onyankopɔn tumidi akyi.