Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | WOBƐYƐ DƐN ANYA BIBLE AKENKAN SO MFASO?

Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wokenkan Bible?

Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wokenkan Bible?

“Ná ɛyɛ me sɛ Bible mu yɛ den; mekenkan koraa a merente ase.”—Jovy

“Ná ɛyɛ me sɛ emu nyɛ dɛ.”—Queennie

“M’ani bɔ Bible so a, na ɛrehunahuna me. Ɛso dodo.”—Ezekiel

Nea ebinom aka afa Bible ho ni. Wo nso ɛ? Biribi saa aba wo tirim pɛn? Bible akenkan ayɛ nnipa pii adesoa. Nanso, fa no sɛ woabehu sɛ wokenkan Bible a ebetumi ama w’ani agye, na w’abrabɔ nso bɛyɛ papa. Anka worenkan? Na sɛ wuhu sɛ akwan bi wɔ hɔ a wubetumi afa so akenkan ama ayɛ wo dɛ nso ɛ? Wopɛ sɛ wuhu nea Bible betumi ayɛ ama wo?

Ebinom akenkan Bible anya so mfaso paa. Wo deɛ ma yɛnhwɛ nea wɔwɔ ka.

Aberante bi de Ezekiel. Wadi mfe 20 ne kakra. Nea ɔkae ni: “Kan no, na m’abrabɔ ayɛ sɛ obi a ɔreka kar nso onnim baabi pɔtee a ɔrekɔ. Seesei Bible a mekenkan nti, mahu baabi a m’ani kyerɛ wɔ abrabɔ mu. Afotu pa pii wɔ Bible mu a ebetumi aboa me biribiara mu.”

Ababaa bi a ɔde Frieda nso adi boro mfe 20. Ɔkaa sɛ: “Ná menka mmara koraa. Ɛreyɛ ara ni na me bo afuw. Nanso Bible akenkan ama masua sɛ mɛhyɛ me ho so. Ama seesei memfa nneɛma nhaw me ho bio, enti manya nnamfo pii.”

Ɔbaa bi a ɔde Eunice adi bɛyɛ mfe 50. Ɔno nso asɛm ni: “Bible akenkan nti, ade rekye a ade resa yi nyinaa na me suban reyɛ fɛ. Ɛresesa me paa.”

Nnipa a yɛaka wɔn ho asɛm yi ne nnipa mpempem pii ahu sɛ, wode Bible akenkan hyɛ wo ho a, w’ani rentan wɔ abrabɔ mu. (Yesaia 48:17, 18) Bible akenkan so mfaso dɔɔso. Ebi ne sɛ (1) ɛbɛma woasi gyinae pa, (2) wubenya nnamfo pa, (3) worenteetee wɔ abrabɔ mu, na (4) ne nyinaa akyi wubehu Onyankopɔn yiye paa. Wompɛ wei na wopɛ dɛn? Afotu a ɛwɔ Bible mu no fi Onyankopɔn hɔ enti sɛ wode yɛ adwuma a, wo nsa rensi fam da. Onyankopɔn deɛ, ontuu fo bɔne da. Bere nyinaa otu fo pa.

Nea ehia ara ne sɛ wobɛfa wo Bible, na woahyɛ ase akenkan. Dɛn na wobɛyɛ na Bible akenkan ayɛ wo dɛ?