Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Amanehunu ahyɛ wiase yi mu ma. Wohwɛ a, Onyankopɔn na ɔhyɛ akyi anaa?

Dɛn na Bible Aka?

Dɛn na Bible Aka?

Onyankopɔn na ɔma yehu amane anaa?

Wubebua sɛn?

  • Aane

  • Dabi

  • Ebia

Nea Bible no ka

“Ɛmpare nokware Nyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ bɔne, ne ade nyinaa so Tumfoɔ sɛ ɔbɛyɛ nea ɛnteɛ!” (Hiob 34:10) Onyankopɔn paa deɛ, ɔmma obiara nhu amane.

Dɛn bio na Bible no ka?

  • Satan Ɔbonsam ne “wiase sodifo.” Ɔno paa na ɔhyɛ amanehunu yi nyinaa akyi.—Yohane 14:30.

  • Sɛnea nkurɔfo bɔ wɔn bra nso ma wotumi hu amane.—Yakobo 1:14, 15.

Enti bere bi bɛba a nnipa renhu amane bio?

Ebinom gye di sɛ adesamma nyinaa ka wɔn ho bom a, yebetumi atu amanehunu ase. Ebinom nso hu no sɛ nea adu no deɛ, anidaso biara nni hɔ. Wudwen ho sɛn?

Nea Bible no ka

Onyankopɔn betu amanehunu ase koraa. Bible ka sɛ: “Owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.”—Adiyisɛm 21:3, 4.

Dɛn bio na Bible no ka?

  • Amanehunu a Ɔbonsam de aba nyinaa, Onyankopɔn nam Yesu so beyi afi hɔ korakora.—1 Yohane 3:8.

  • Apapafo bɛtena asase so daa, na wobenya asomdwoe.—Dwom 37:9-11, 29.