Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wo Daakye, Wo Gyinaesi Na Ɛbɛkyerɛ!

Wo Daakye, Wo Gyinaesi Na Ɛbɛkyerɛ!

WOHWƐ A, SƐNEA WO DAAKYE BƐYƐ NO, WUBETUMI AYƐ HO BIRIBI? Ebinom susuw sɛ obiara wɔ ne nkrabea, enti nea ebesi wɔ wɔn asetenam biara no wonni so tumi. Sɛ wɔde biribi si wɔn ani so na wɔantumi annu ho a, nea wosusuw ara ne sɛ ɛyɛ wɔn hyɛbere. Wɔka sɛ: “Nkrabea mu nsɛm, merentumi nyɛ ho hwee.”

Afoforo nso, sɛ nhyɛso ne nsisi nti nneɛma ankɔ yiye wɔ wɔn abrabɔ mu a, ɛma wɔn abam bu. Ebia na wɔayɛ biara sɛ ebesi wɔn yiye wɔ abrabɔ mu, nanso nneɛma bi te sɛ akodi, awudi, atoyerɛnkyɛm, ne yare tumi sɛe wɔn nhyehyɛe nyinaa. Ebi mpo a ɛto wɔn mpɛn pii. Enti wobisa wɔn ho sɛ: ‘Merehaw me ho ayɛ dɛn?’

Ɛyɛ nokware, nsɛm bi tumi sisi wɔ asetenam ma ɛsɛe wo nhyehyɛe ahorow bi. (Ɔsɛnkafo 9:11) Nanso, sɛnea wo daakye bɛkɔ pa ara de, wubetumi ayɛ ho biribi. Nokwasɛm ne sɛ, Bible ma yehu sɛ wo gyinaesi na ɛbɛkyerɛ sɛnea wo daakye bɛyɛ. Hwɛ nea Bible ka.

Aka kakra ama tete Israel man no adu Bɔhyɛ Asase no so no, Mose a odi wɔn anim no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome, asi w’anim; enti fa nkwa na wo ne w’asefo anya nkwa. Na dɔ Yehowa wo Nyankopɔn na tie n’asɛm na fa wo ho fam ne ho.”​Deuteronomium 30:15, 19, 20.

“Mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome, asi w’anim; enti fa nkwa.”​—Deuteronomium 30:19

Aane, Onyankopɔn gyee Israelfo no fii Egypt nkoasom mu, na ɔma wohui sɛ wobetumi anya ahofadi na wɔde anigye atena Bɔhyɛ Asase no so. Nanso, na ɛno nkyerɛ sɛ wobenya saa nhyira no ɔkwan biara so. Sɛ na wobenya saa nhyira no a, gye sɛ ‘wɔfa nkwa.’ Wɔbɛyɛ dɛn apaw nkwa? Gye sɛ ‘wɔdɔ Onyankopɔn, wotie n’asɛm, na wɔde wɔn ho fam ne ho.’

Ɛnnɛ, wo nso wowɔ hokwan sɛ wusi saa gyinae no. Gyinae a wubesi no, ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛnea wo daakye bɛyɛ. Sɛ wusi gyinae sɛ wobɛdɔ Onyankopɔn, wubetie n’asɛm, na woafam ne ho a, ɛno bɛkyerɛ sɛ worepaw nkwa, kyerɛ sɛ daa nkwa wɔ paradise asase so. Nanso, saa nsɛm mmiɛnsa no, dɛn na emu biara kyerɛ?

SI GYINAE SƐ WOBƐDƆ ONYANKOPƆN

Ɔdɔ yɛ Onyankopɔn su titiriw. Onyankopɔn de ne honhom kaa ɔsomafo Yohane ma ɔkyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Wei nti, bere a wobisaa Yesu sɛ ahyɛde no mu nea ɛwɔ he na ɛso pa ara no, ɔkaa sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” (Mateo 22:37) Ɔdɔ na ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛne Onyankopɔn fa adamfo a emu yɛ den, na ɛnyɛ sɛ yɛpɛ sɛ yetie no kɛkɛ anaa ne ho hũ ntia. Nanso, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛpaw sɛ yɛbɛdɔ no?

Ɔdɔ a Yehowa wɔ ma nnipa no, ɛte sɛ ɔdɔ a awofo wɔ ma wɔn mma. Ɛwom sɛ awofo a wɔwɔ ɔdɔ no nyɛ pɛ de, nanso wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma, wɔhyɛ wɔn den, wɔboa wɔn, na wɔteɛ wɔn so, efisɛ wɔpɛ sɛ esi mmofra no yiye na wɔn ani gye. Dɛn na awofo no nso pɛ sɛ mmofra no yɛ ma wɔn? Wɔpɛ sɛ mmofra no nso dɔ wɔn, na nsɛm a wɔn yiyedi nti wɔn awofo de akyerɛkyerɛ wɔn no, wodi ne nyinaa so. Enti, sɛ yɛn soro Agya a ɔyɛ pɛ no nso hwɛ kwan sɛ yebefi ɔdɔ mu akyerɛ nea wayɛ ama yɛn no nyinaa ho anisɔ a, ɛntɔ asom anaa?

TIE N’ASƐM

Kasa a wodii kan de kyerɛw Bible no, mpɛn pii no, na asɛmfua “tie” san kyerɛ sɛ “wubedi asɛm bi so.” Sɛ yɛka kyerɛ abofra bi sɛ “Tie w’awofo” a, ɛyɛ a ɛnyɛ saa ara na yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛkyerɛ anaa? Enti, sɛ Bible ka sɛ yentie Onyankopɔn a, nea ɛkyerɛ pa ara ne sɛ, yebehu nea waka na yɛadi so. Esiane sɛ yɛnte Onyankopɔn nne ankasa nti, sɛ yebetie no a, gye sɛ yɛkenkan n’Asɛm Bible no na yɛde emu nsɛm no yɛ adwuma.​—1 Yohane 5:3.

Bere bi, Yesu ma yehui sɛ ɛho hia pa ara sɛ yetie Onyankopɔn asɛm. Ɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ paanoo nkutoo so na onipa nam bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa anom nso.” (Mateo 4:4) Yehia aduan pa ara, nanso yehia Onyankopɔn ho nimdeɛ sen aduan koraa. Adɛn ntia? Ɔhene Solomon a onim nyansa yiye pa ara no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Nyansa bɔ onipa ho ban sɛnea sika nso bɔ onipa ho ban no; nanso nimdeɛ so mfaso ne sɛ ɛne nyansa kora ne wuranom nkwa so.” (Ɔsɛnkafo 7:12) Nimdeɛ ne nyansa a efi Onyankopɔn hɔ no betumi abɔ yɛn ho ban nnɛ, nanso ebetumi aboa yɛn ama yɛasi gyinae a nyansa wom na yɛanya daa nkwa daakye.

FA WO HO FAM NE HO

Sɛ wobɛkae a, yedii kan kaa Yesu mfatoho yi ho asɛm wɔ asɛm a edi wei anim no mu: “Ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na nnipa kakraa bi na wohu.” (Mateo 7:13, 14) Sɛ yɛnam ɔkwan a ɛte saa so na yɛpɛ sɛ yedu baabi a yɛrekɔ a—kyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ yenya daa nkwa daakye a—ɛnyɛ dɛn ara a ɛbɛyɛ papa sɛ yenya ɔkwankyerɛfo bi a waben na yɛde yɛn ho fam ne ho. Enti ɛho hia pa ara sɛ yɛde yɛn ho fam Onyankopɔn ho. (Dwom 16:8) Nanso, yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

Da biara, yɛwɔ nneɛma pii a ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na ɛyɛ a yɛwɔ nneɛma pii nso a yɛpɛ sɛ yɛyɛ. Saa nneɛma yi betumi agye yɛn bere anaa atwetwe yɛn araa ma yɛrennya bere mfa nyɛ nea Onyankopɔn pɛ, anaasɛ bere kakraa bi pɛ na yebenya de ayɛ. Ɛno nti na Bible no kae yɛn sɛ: “Monhwɛ yiye paa na sɛnea monantew no anyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa na mmom sɛ anyansafo, na montɔ bere a mubenya biara, efisɛ nna no yɛ nna bɔne.” (Efesofo 5:15, 16) Nea yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛfam Onyankopɔn ho ne sɛ, yɛbɛma adamfofa a ɛda yɛne no ntam no ahia yɛn asen biribiara wɔ yɛn asetenam.​—Mateo 6:33.

ƐYƐ WO ARA WO GYINAESI

Ɛwom, nea asi atwam wɔ w’asetenam no de, worentumi nsesa, nanso wubetumi atoto nneɛma ama asi wo ne w’adɔfo yiye daakye. Bible ma yehu sɛ yɛn soro Agya Yehowa Nyankopɔn dɔ yɛn pa ara, na wama yɛahu nea ɔpɛ sɛ yɛyɛ. Hwɛ asɛm odiyifo Mika kyerɛwee:

“Ɔdesani, waka nea eye akyerɛ wo. Na dɛn na Yehowa hwehwɛ fi wo hɔ? Ɛno ara ne sɛ wubedi asɛntrenee na woadɔ ayamye na woabrɛ wo ho ase ne wo Nyankopɔn anantew.”​Mika 6:8.

Yehowa reto nsa afrɛ wo sɛ wo ne no mmɛnantew na daa nhyira a ɔde asie ama wo no, wo nsa aka. Wubegye atom anaa? Ɛyɛ wo ara wo gyinaesi!