Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Ɛbɛma Woate Bible Ase Yiye?

Dɛn Na Ɛbɛma Woate Bible Ase Yiye?

Nea Bible ka

 Bible no ara kyerɛ yɛn nea yɛyɛ a, ɛbɛma yɛate ase yiye. Sɛnea wote biara no, Onyankopɔn asɛm a ɛwɔ Bible mu no “nyɛ den dodo mma wo na enni akyiri nso.”—Deuteronomium 30:11.

Nea ɛbɛma woate Bible ase

  1.   Nya adwempa. Gye tom sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm. Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, enti brɛ wo ho ase. (1 Tesalonikafo 2:13; Yakobo 4:6) Nanso, ɛnyɛ nea wobɛkenkan anaa wobɛte biara na ɛsɛ sɛ wugye di. Onyankopɔn pɛ sɛ wode ‘w’adwene’ yɛ adwuma de susuw nneɛma ho yiye. Enti ansa na wubegye biribi adi no, hwehwɛ mu yiye ansa.—Romafo 12:1, 2.

  2.   Bɔ mpae srɛ nyansa. Bible ka wɔ Mmebusɛm 3:5 sɛ: “Mfa wo ho ntweri w’ankasa ntease.” Mmom no, ‘kɔ so ara bisa Onyankopɔn’ na ɔmma wo nyansa sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛte Bible ase yiye.—Yakobo 1:5.

  3.   Sua ade daa. Sɛ wobɛte Bible ase yiye a, ɛsɛ sɛ wusua no daa.—Yosua 1:8.

  4.   Fa asɛmti baako na sua ho ade; wuwie a, kɔ foforo so. Ɔkwampa a wubetumi afa so ate Bible ase yiye ne sɛ wobɛfa nsɛmti ahorow na woasua ho ade. Wofa asɛmti bi a, na woahwehwɛ nea Bible ka fa ho. Wuwie a, na wokɔ foforo so. Fa nsɛmti a asete nyɛ den no fi ase, na bere rekɔ so no, woakɔ nsɛmti a ɛyɛ den no so. (Hebrifo 6:1, 2) Sɛ woyɛ saa a, wubehu sɛnea wɔde kyerɛwsɛm toto kyerɛwsɛm ho ma asɛm bi mu da hɔ. Wubehu nso sɛ, Bible no mu “nsɛm a ne ntease yɛ den” no mpo, Bible no fã foforo bi kyerɛkyerɛ mu ma emu da hɔ.—2 Petro 3:16.

  5.   Ma afoforo mmoa wo. Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmma afoforo mmoa yɛn mma yɛnte Bible ase. (Asomafo Nnwuma 8:30, 31) Yehowa Adansefo ne nkurɔfo sua Bible a wonnye sika biara. Wɔde Kyerɛwnsɛm mu adanse boa nkurɔfo ma wohu nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa sɛnea Kristofo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so yɛe no.—Asomafo Nnwuma 17:2, 3.

Nea wunhia

  1.   Adwene a emu dɔ anaa nhomasua a ɛkɔ akyiri. Ná ebinom bu Yesu asomafo 12 no sɛ “nnipa a wonsuaa nhoma na wɔyɛ mpapahwekwaa.” Nanso, asomafo no tumi tee Kyerɛwnsɛm no ase ma wɔde kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo mpo.—Asomafo Nnwuma 4:13.

  2.   Sika. Wubetumi asua nea Bible kyerɛkyerɛ a wuntua hwee. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Munyaa no kwa, momfa mma kwa.”—Mateo 10:8.