Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Momma Yɛmfa Kyerɛwsɛm Ntoto Kyerɛwsɛm Ho”

“Momma Yɛmfa Kyerɛwsɛm Ntoto Kyerɛwsɛm Ho”

“Momma Yɛmfa Kyerɛwsɛm Ntoto Kyerɛwsɛm Ho”

ƆBARIMA bi huu kratawa bi wɔ keteke a na ɛrekɔ New York City mu. Ná wɔakyerɛw wɔ kratawa no so sɛ, ‘Ɔkra no wu.’ Ná ɔbarima no yɛ ɔsɔfo, na esiane sɛ ɔrepɛ biribi ahu nti ofii ase kenkanee. Emu nsɛm no yɛɛ no nwonwa, efisɛ na ogye di sɛ ɔkra no nwu da. Saa bere no, ɛwom sɛ na onnim onii a ɔkyerɛw kratawa no de, nanso ohui sɛ ntease wɔ emu nsɛm no mu na egyina Kyerɛwnsɛm so nso ma enti ɛfata sɛ wosua emu nsɛm no anibere so.

Ná saa ɔsɔfo no ne George Storrs. Asɛm yi sii wɔ afe 1837 mu, na saa afe koro yi ara mu nso na Charles Darwin kyerɛw nsɛm a akyiri yi ogyinaa so de hyehyɛɛ ne nkyerɛkyerɛ a ɛfa adannandi ho no. Ná nnipa dodow no ara ani gye nyamesom ho, na na wogye Onyankopɔn di. Afei nso, na nnipa pii kenkan Bible no, na na wobu Bible sɛ nhoma a tumi wom.

Akyiri yi Storrs hui sɛ Henry Grew a ofi Philadelphia, Pennsylvania na ɔkyerɛw kratawa no. Ná Grew gye tom koraa sɛ “kyerɛwsɛm no . . . ara tumi kyerɛ ne ho ase.” Adwene a Grew ne n’ahokafo no de suaa Bible no ne sɛ wɔde emu afotu bɛbɔ wɔn bra na wɔde adi wɔn nsɛm ho dwuma. Wɔn adesua no ma wohuu Bible mu nokware ahorow bi a ɛsom bo.

Nsɛm a na Grew akyerɛw no kanyan Storrs ma ɔtɔɔ ne bo ase hwehwɛɛ nea Kyerɛwnsɛm no ka wɔ ɔkra ho no mu, na ɔne ne mfɛfo asɔfo no bi susuw ho. Bere a Storrs de nsi suaa ade mfe anum akyi no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛda Bible mu nokwasɛm foforo a ɛsom bo a wahu yi adi. Nea edi kan no, osiesiee Bible ho ɔkasa a ɔmaa no Kwasida bi wɔ afe 1842 mu. Nanso, ohui sɛ ɛho hia sɛ ɔma Bible ho ɔkasa ahorow bi ka ho de kyerɛkyerɛ asɛm no mu yiye. Ewiee ase no, na wama kasa ahorow asia a ɛkyerɛ sɛ ɔkra no wu, na otintimii wɔ Six Sermons nhoma no mu. Storrs de kyerɛwsɛm totoo kyerɛwsɛm ho sɛnea ɛbɛyɛ a Bible mu nokwasɛm a ɛsom bo a Kristoman nkyerɛkyerɛ a ɛnhyɛ Onyankopɔn anuonyam ama so akata no bɛda adi.

So Bible Kyerɛkyerɛ sɛ Ɔkra Nwu Da?

Bible ka Yesu akyidifo a wɔasra wɔn no ho asɛm sɛ wɔn nokwaredi nti wobenya nkwa a owu nnim sɛ akatua. (1 Korintofo 15:50-56) Storrs susuw ho sɛ, sɛ wɔde nkwa a owu nnim ma anokwafo sɛ akatua a, ɛnde na yebetumi aka sɛ abɔnefo kra wu. Sɛ́ anka ɔde n’adwene bɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu no, ɔhwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu mmom. Osusuw Mateo 10:28 ho, baabi a ɛka sɛ: “Suro nea obetumi asɛe ɔkra ne honam wɔ hell.” (King James Version) Enti wobetumi asɛe ɔkra no. Afei nso, ɔtwee adwene sii Hesekiel 18:4 so. Ɛhɔ ka sɛ: “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.” Bere a osusuw Bible mũ no nyinaa ho no, nokware no bɛdaa adi pefee. Storrs kyerɛwee sɛ: “Sɛ nea me gye di sɛ ɔkra wu no yɛ nokware a, ɛnde na Kyerɛwnsɛm ahorow a wɔnte ase a enti wɔkyerɛkyerɛ sɛ ɔkra nwu da no mu ada hɔ, na ntease wom paa.”

Na kyerɛw nsɛm te sɛ Yuda 7 nso ɛ? Ɛhɔ kenkan sɛ: “Saa ara na Sodom ne Gomora ne nkurow a atwa ho ahyia nso, bere a wɔyɛɛ sɛ eyinom de wɔn ho maa aguamammɔ na wokodii ɔhonam akyi a ɛnyɛ ne kwan so no, wɔde daa ogya twee wɔn aso de ayɛ sɛnnahɔ ama yɛn.” Sɛ ebinom kenkan kyerɛwsɛm yi a, ebia wɔbɛka sɛ wɔyɛ wɔn a wɔsɛee wɔn wɔ Sodom ne Gomora no ayayade daa wɔ ogya mu. Storrs kyerɛwee sɛ, “Momma yɛmfa Kyerɛwsɛm ntoto Kyerɛwsɛm ho.” Ɔsan faa 2 Petro 2:5, 6 mu asɛm kae. Saa asɛm no ka sɛ: “Wamma tete wiase no amfa wɔn ho anni, na ɔkoraa Noa . . . so bere a ɔde nsuyiri bɛsɛee amumɔyɛfo wiase no; na sɛ obuu Sodom ne Gomora fɔ bere a ɔmaa nkurow no danee nsõ, ma ɛbɛyɛɛ sɛnnahɔ maa amumɔyɛfo huu nea ɛbɛba.” Nokwasɛm ne sɛ, wɔmaa Sodom ne Gomora danee nsõ, wɔsɛee nkurow no ne emufo pasaa.

Storrs kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “Petro asɛm no ma Yuda de no mu da hɔ. Kyerɛw nsɛm abien yi nyinaa ma yehu nea Onyankopɔn yɛe de twee abɔnefo aso. . . . Atemmu a wɔde baa tete Sodom ne Gomora so no bɛkɔ so ayɛ afotu, kɔkɔbɔ ne ‘sɛnnahɔ’ ‘daa’ ama nnipa nyinaa akosi wiase awiei.” Enti Yuda kyerɛe sɛ ogya a wɔde sɛee Sodom ne Gomora no yɛ daa ɔsɛe. Ɛno nsesa nokwasɛm a ɛne sɛ onipa kra wu no da.

Ná ɛnyɛ sɛ Storrs de kyerɛw nsɛm a ɛfoa n’adwenkyerɛ so nkutoo na na ɛredi dwuma. Osusuw nea kyerɛwsɛm biara ka ho asɛm ne nea Bible mũ no nyinaa kyerɛ nso ho. Sɛ ɛte sɛ nea kyerɛwsɛm bi ne afoforo nhyia a, Storrs hwehwɛ Bible no afã foforo a aka mu de pɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom.

Kyerɛwnsɛm Mu Nhwehwɛmu a Russell Yɛe

Wɔn a wɔne George Storrs boom yɛɛ adwuma no mu baako ne aberante bi a na ɔrehyehyɛ Bible adesua kuw wɔ Pittsburgh, Pennsylvania. Ná wɔfrɛ no Charles Taze Russell. Wotintim Russell nsɛm a edi kan a egyina Kyerɛwnsɛm so no mu biako wɔ 1876 mu wɔ Bible Examiner nsɛmma nhoma no mu, na Storrs hwɛɛ mu maa no. Russell gye toom sɛ osuaa biribi fii Bible asuafo a wodi kan no nkyɛn. Akyiri yi, sɛ́ Zion’s Watch Tower samufo no, n’ani sɔɔ nyansahyɛ ahorow a Storrs de maa no no.

Bere a C. T. Russell dii mfe 18 no, ɔhyehyɛɛ Bible adesua kuw, na ɔyɛɛ nhyehyɛe a wɔde sua Bible no. A. H. Macmillan a ɔno nso ka Russell Bible adesua kuw no ho kaa nhyehyɛe yi ho asɛm sɛ: “Ná obi bisa asɛm ma wɔn nyinaa susuw ho. Ná wɔhwehwɛ kyerɛw nsɛm biara a ɛfa asɛm no ho mu, na sɛ wohu sɛ kyerɛw nsɛm no nyinaa hyia a, wosi ho gyinae yɛ ho kyerɛwtohɔ.”

Ná Russell gye di sɛ sɛ wosusuw Bible mũ no nyinaa ho a, ɛsɛ sɛ n’afa ahorow nyinaa hyia pɛpɛɛpɛ na ɛda Onyankopɔn a ɔne Bible no Kyerɛwfo no su adi. Bere biara a ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛte Bible no fã bi ase no, na Russell susuw sɛ ɛsɛ sɛ wɔma Bible no afã afoforo ankasa kyerɛkyerɛ mu.

Kyerɛwsɛm a Wɔde Toto Kyerɛwsɛm Ho no Fi Tete

Ɛnyɛ Russell anaa Storrs anaa Grew mu biara na odii kan maa Kyerɛwnsɛm no ankasa kyerɛɛ ne ho ase. Yesu Kristo a ɔde Kristosom bae no na ofii adeyɛ yi ase. Ɔde kyerɛwsɛm ahorow kyerɛkyerɛɛ Bible mu nsɛm bi mu ma emu daa hɔ. Sɛ nhwɛso no, bere a Farisifo no kasa tiaa n’asuafo no sɛ wɔapempan awi mmɛtem Homeda no, Yesu de asɛm a ɛwɔ 1 Samuel 21:6 kyerɛkyerɛɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔde Homeda mmara yɛ adwuma mu. Ná nyamesom akannifo no nim asɛm a ɛfa Dawid ne ne mmarima a wodii kyerɛ abodoo no ho no. Afei Yesu twee adwene sii Mmara no fã a ɛka sɛ asɔfo a wofi Aaron abusua mu nko na na ɛsɛ sɛ wodi kyerɛ abodoo no so. (Exodus 29:32, 33; Leviticus 24:9) Nanso, wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ onni abodoo no. Yesu faa Hosea nhoma no mu asɛm kae de n’asɛm a ɛtɔ asom no baa awiei sɛ: “Sɛ muhuu nea asɛm, ‘Mepɛ mmɔborohunu na ɛnyɛ afɔrebɔ’ no kyerɛ a, anka moammu wɔn a wɔn ho nni asɛm fɔ.” (Mateo 12:1-8) Kyerɛwsɛm a wɔde toto kyerɛw nsɛm afoforo ho ma asɛm mu ntease ankasa da adi bɛn ara ni!

Yesu akyidifo no nso faa saa kwan yi ara so de kyerɛwsɛm afoforo kyerɛkyerɛɛ kyerɛwsɛm bi mu. Bere a ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ nnipa a wɔwɔ Tesalonika no, ɔne “wɔn susuw nsɛm ho fii Kyerɛwnsɛm no mu, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu de adanse ahorow daa no adi sɛ na ehia sɛ Kristo hu amane na ɔsɔre fi awufo mu.” (Asomafo Nnwuma 17:2, 3) Paulo maa Bible ankasa kyerɛɛ ne ho ase wɔ ne nkrataa a honhom kaa no ma ɔkyerɛwee no mu. Sɛ nhwɛso no, bere a ɔrekyerɛw Hebrifo no, ɔfaa kyerɛwsɛm ahorow pii mu nsɛm kae de kyerɛe sɛ na Mmara no yɛ nneɛma pa a ɛbɛba no sunsuma.—Hebrifo 10:1-18.

Ampa, na Bible asuafo anokwafo a wɔtraa ase wɔ 1800 ne 1900 mfe no mu no de Kristofo adeyɛ a ɛne sɛ wɔde kyerɛwsɛm toto kyerɛwsɛm ho no resan asi hɔ. Saa ara na Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no nso reyɛ. (2 Tesalonikafo 2:15) Yehowa Adansefo fa saa kwan yi ara so de hwehwɛ kyerɛwsɛm mu.

Hwehwɛ Nsɛm a Ɛfa Ho no Mu

Yɛbɛyɛ dɛn asuasua nhwɛso pa a Yesu ne n’akyidifo anokwafo no yɛe bere a yɛrekenkan Bible no? Nea edi kan no, yebetumi ahwehwɛ nsɛm a kyerɛwsɛm no reka ho asɛm no mu. Ɛbɛyɛ dɛn na nsɛm a ɛfa ho no aboa yɛn ma yɛate ase? Ma yɛmfa asɛm a Yesu kae wɔ Mateo 16:28 no sɛ nhwɛso: “Nokwarem mise mo sɛ, wɔn a wogyina ha yi mu bi wɔ hɔ a wɔnka owu nhwɛ ara kosi sɛ wobehu sɛ onipa Ba no reba n’ahenni mu.” Ebia ebinom besusuw sɛ asɛm a Yesu kae yi amma mu efisɛ n’asuafo a na wɔwɔ hɔ bere a ɔkaa saa asɛm no wuwui ansa na wɔde Onyankopɔn Ahenni resi hɔ wɔ soro. The Interpreter’s Bible no mpo ka saa nkyekyɛm yi ho asɛm sɛ: “[Yesu] asɛm no amma mu, na akyiri yi Kristofo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛyɛ kasakoa.”

Nanso, nsɛm a ɛfa Mateo 16:28 ho ne kyerɛwsɛm a ɛte saa ara a ɛwɔ Marko ne Luka no boa yɛn ma yɛte nea kyerɛwsɛm no kyerɛ ankasa ase. Dɛn na Mateo kaa ho asɛm wɔ nsɛm yi akyi pɛɛ? Ɔkyerɛwee sɛ: “Nnansia akyi no Yesu faa Petro ne Yakobo ne ne nua Yohane kaa ne ho kɔɔ bepɔw tenten bi so. Na ɔsakrae wɔ wɔn anim.” (Mateo 17:1, 2) Marko ne Luka nso kae sɛ ahosakra no fa Yesu nsɛm a ɛfa Ahenni no ho no ho. (Marko 9:1-8; Luka 9:27-36) Wɔnam Yesu ahosakra, n’anuonyam a ɔdaa no adi wɔ asomafo baasa no anim no so daa Ahenni mu a ɔbɛba no adi. Esiane sɛ Petro huu Yesu ahosakra no nti, ɔfoaa asɛm yi so bere a na ɔreka “yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ne mmae” ho asɛm no.—2 Petro 1:16-18.

So Woma Bible Ankasa Kyerɛ ne Ho Ase?

Na sɛ wususuw kyerɛwsɛm bi ho nsɛm nyinaa na wonte ase nso ɛ? Sɛ woma ntease a ɛwɔ Bible mũ no nyinaa mu tra w’adwenem na wode kyerɛwsɛm foforo toto afoforo ho a, ebetumi aboa wo. Ade biako a ebetumi aboa wo paa ma woayɛ saa no wɔ New World Translation of the Holy Scriptures no a seesei ne fã bi anaa ne nyinaa wɔ kasa ahorow 57 mu no mu. Eyi yɛ kyerɛwsɛm afoforo a wɔatwe adwene asi so a wɔahyehyɛ wɔ kratafa biara mfinimfini wɔ New World Translation ahorow bi mu. Wubetumi ahu emu bɛboro 125,000 wɔ New World Translation of the Holy Scriptures—With References no mu. Bible yi “Nnianim” nsɛm no ka sɛ: “Sɛ wotɔ wo bo ase de kyerɛwsɛm afoforo a wɔatwe adwene asi so no toto ho na wohwehwɛ asehɔ nsɛm no mu yiye a, wubehu sɛ Bible mu nhoma 66 no mu nsɛm hyia pɛpɛɛpɛ, a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ nhoma biako, na Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛwee.”

Ma yɛnhwɛ sɛnea kyerɛwsɛm afoforo a wɔatwe adwene asi so no betumi aboa yɛn ma yɛate kyerɛwsɛm bi ase. Fa Abram anaa Abraham ho abakɔsɛm sɛ nhwɛso. Susuw asɛmmisa yi ho: Hena na odii Abraham ne n’abusua anim bere a wotu fii Ur no? Genesis 11:31 kenkan sɛ: “Tera faa ne ba Abram . . . ne Lot ne n’ase Sarai, . . . na ɔne wɔn fii Ur a ɛwɔ Kaldea sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so. Na woduu Haran no, wɔtraa hɔ.” Sɛ obi kenkan asɛm yi a, anhwɛ a ɔbɛka sɛ Abram agya Tera na odii wɔn anim. Nanso, wɔatwe adwene asi kyerɛwsɛm afoforo 11 a ɛfa asɛm yi ho so wɔ New World Translation no mu. Nea etwa to no de yɛn kɔ Asomafo Nnwuma 7:2, baabi a Stefano kaa asɛm a edi so yi kyerɛɛ afeha a edi kan Yudafo no: “Anuonyam Nyankopɔn no yii ne ho adi kyerɛɛ yɛn nana Abraham, bere a na ɔwɔ Mesopotamia ansa na ɔrekɔtra Haran no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Fi w’asase so ne w’abusuafo mu na bra asase a mɛkyerɛ wo no so.’” (Asomafo Nnwuma 7:2, 3) So Stefano asɛm yi ne bere a na Abram retu afi Haran no nhyia? Dabida, efisɛ eyi ka Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no ho.—Genesis 12:1-3.

Ɛnde, dɛn nti na Genesis 11:31 ka sɛ “Tera faa ne ba Abram” ne n’abusua mufo a wɔaka ne wɔn tu fii Ur? Ná Tera da so yɛ abusua no ti. Ɔpenee so sɛ ɔne Abram bɛkɔ, enti na wɔkae sɛ ɔno na odii abusua no anim kɔɔ Haran no. Sɛ yɛde kyerɛwsɛm abien yi toto ho a, yebetumi ate nea esii ankasa ase. Abram fi obu mu ne ne papa kasae ma wofii Ur sɛnea Onyankopɔn hyɛe no.

Sɛ yɛkenkan Kyerɛwnsɛm no a, ɛsɛ sɛ yesusuw nsɛm a ɛfa ho ne nea Bible mũ no nyinaa kyerɛ no ho. Wɔka kyerɛ Kristofo sɛ: “Ɛnyɛ wiase honhom na yenyae, na mmom honhom a efi Nyankopɔn hɔ, na ama yɛahu nea Onyankopɔn ayi ne yam de ama yɛn. Saa nsɛm yi nso na yɛka, a yɛmfa nsɛm a wɔde nnipa nyansa na ɛkyerɛkyerɛ, na mmom nea honhom no kyerɛkyerɛ, bere a yɛde honhom mu nsɛm kyerɛkyerɛ honhom mu nneɛma mu no.” (1 Korintofo 2:11-13) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn hɔ mmoa na ama yɛate n’Asɛm ase, na yɛbɔ mmɔden de “honhom mu nsɛm kyerɛkyerɛ honhom mu nneɛma mu.” Yɛnam nsɛm a ɛfa kyerɛwsɛm a yɛresusuw ho no ho ne kyerɛw nsɛm afoforo a ɛfa asɛm no ho mu a yɛbɛhwehwɛ so betumi ayɛ saa. Momma yɛnkɔ so mfa Onyankopɔn Asɛm a yesua so nhwehwɛ nokwasɛm ahorow a ɛsom bo no.

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Bible asuafo a na wɔwɔ 1800 mfe no mu a wɔmaa Kyerɛwsɛm ankasa kyerɛɛ ne ho ase: George Storrs, Henry Grew, Charles Taze Russell, A. H. Macmillan

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Atifi:SIX SERMONS, by George Storrs (1855); nea ɛto so abien fi atifi: Collection of The New-York Historical Society/69288

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Ɔsomafo Paulo twee adwene sii kyerɛwsɛm so de kyerɛkyerɛɛ ne nsɛm mu