Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wubetumi Anya Onyankopɔn Dɔ So Mfaso

Sɛnea Wubetumi Anya Onyankopɔn Dɔ So Mfaso

Sɛnea Onyankopɔn bɔɔ yɛn nipadua no, sɛ biribi tɔ kyima wɔ ho a, ɛno ara tumi siesie ma ɛyɛ nwonwa. Sɛ biribiara kɔ yiye wɔ nipadua no mu a, ɛnde sɛ biribi twa yɛn, biribi tĩ yɛn, anaa biribi wɔ yɛn a, nipadua no ankasa “yɛ nneɛma ahorow bi de sa akuru akɛse ne nketewa.” (Johns Hopkins Medicine) Nipadua no yɛ biribi ntɛm ara ma mogya no twa, ebue ntini no mu, ɛsa akuru no, na ɛma honam no yɛ den.

SUSUW HO HWƐ: Onyankopɔn bɔɔ yɛn nipadua no wɔ ɔkwan bi so a ɛma ɛno ara tumi sa ne kuru. Ɛnde, ɛbɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ sɛ biribi sɛe yɛn anigye a ɔbɛboa yɛn no, wohwɛ a yɛrentumi nnya mu awerɛhyem anaa? Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Wɔn a wɔn koma abubu no ɔsa wɔn yare, na ɔkyekyere wɔn akuru.” (Dwom 147:3) Nanso sɛ biribi bubu wo koma ma w’anigye nyinaa tu yera a, wobɛyɛ dɛn anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛsa akuru a ɛte saa no ama wo ɛnnɛ ne daakye?

SƐNEA BIBLE MA YEHU SƐ ONYANKOPƆN DƆ YƐN

Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ: “Nsuro efisɛ meka wo ho. Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, na mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den. Mɛboa wo.” (Yesaia 41:10) Sɛ obi nim sɛ Yehowa dwen ne ho a, ɛma onii no nya asomdwoe ne ahoɔden a ɔde begyina sɔhwɛ ahorow ano. Ɔsomafo Paulo kaa saa abotɔyam yi ho asɛm sɛ ɛyɛ “Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden, nea ɔhyɛ me den no nti.”—Filipifo 4:4-7, 9, 13.

Kyerɛwnsɛm no boa yɛn ma yenya gyidi sɛ ɛbɔ a Yehowa ahyɛ afa yɛn daakye ho no bɛbam. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Adiyisɛm 21:4, 5 (yɛaka emu nsɛm no wɔ kratafa a edi hɔ no mu) kyerɛ nea Yehowa bɛyɛ ne nea enti a ɛsɛ sɛ yenya nea waka no mu gyidi. Ɛka sɛ:

  • ‘Ɔbɛpopa nnipa aniwam nusu nyinaa.’ Yehowa beyi yɛn amanehunu ne yɛn adwinnwen nyinaa afi hɔ. Sɛ ɛte sɛ nea yɛn haw no nyɛ biribiara wɔ afoforo ani so mpo a, obeyi afi hɔ.

  • Ade nyinaa so Tumfoɔ no ‘te ahengua so’ wɔ soro anuonyam mu, na ɔde ne tumi bɛyɛ adwuma de asiw amanehunu ano na ɔde mmoa a yehia no ama yɛn.

  • Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ ne bɔhyɛ “wom, na ɛyɛ nokware.” Wei kyerɛ sɛ, ɔrema yɛn awerɛhyem sɛ, esiane sɛ ɔyɛ nokware Nyankopɔn nti ɔbɛma ne bɔhyɛ ahorow abam.

“‘Ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.’ Na Nea ɔte ahengua no so no kae sɛ: ‘Hwɛ! mereyɛ nneɛma nyinaa foforo.’ Ɔsan kae sɛ: ‘Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom, na ɛyɛ nokware.’”—Adiyisɛm 21:4, 5.

Abɔde ahorow ne Bible no ma yehu yɛn soro Agya no su ahorow. Sɛ yɛhwɛ abɔde a, ɛkanyan yɛn ma yɛbɛn Onyankopɔn fa no adamfo, ɛnna Bible nso ka kyerɛ yɛn pefee sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.” (Yakobo 4:8) Asomafo Nnwuma 17:27 ka sɛ: “Ɔne yɛn mu biara ntam nware.”

Sɛ wugye bere de hu Onyankopɔn yiye a, ɛbɛma woagye adi pa ara sɛ ‘odwen wo ho.’ (1 Petro 5:7) Sɛ yenya Yehowa mu gyidi saa a, mfaso bɛn na yebenya afi so?

Yɛmfa ɔbarima bi a yɛfrɛ no Toru a ɔwɔ Japan nyɛ nhwɛso. Ná ne maame yɛ Kristoni, nanso Toru de ne ho hyɛɛ basabasayɛ kuw bi mu. Yɛfrɛ kuw no yakuza anaa Japanese Mafia. Ɔkaa sɛ: “Ná migye di sɛ Onyankopɔn kyi me kɔkɔɔkɔ. Sɛ m’adɔfo wuwu, titiriw wɔn a wɔda me koma so no a, na mete nka sɛ ɛyɛ Onyankopɔn na ɔretwe m’aso.” Toru gye toom sɛ, esiane sɛ ɔde ne ho hyɛɛ awudisɛm mu na n’adwene sɛee nti, na “onni ayamhyehye mma nnipa, na na onnwen afoforo ho.” Ɔkaa nea na esi n’ani so no ho asɛm sɛ: “Ná mepɛ sɛ mikum obi a wagye din sen me sɛnea ɛbɛyɛ a me nso megye din. Sɛ miwu ntɛm mpo a, mepɛ.”

Nanso bere a Toru ne ne yere Hannah nyinaa suaa Bible no, Toru yɛɛ nsakrae akɛse wɔ n’asetenam, na ɔsesaa ne suban. Hannah kaa sɛ: “Me ara mede m’ani huu sɛnea me kunu sesae no.” Seesei, Toru de ahotoso ka sɛ: “Onyankopɔn bi wɔ hɔ a odwen yɛn mu biara ho pa ara. Ɔmpɛ sɛ obiara bewu, na obiara a obefi ne komam anu ne ho no, wayɛ krado sɛ ɔde ne bɔne bɛkyɛ no. Nea yɛrentumi nka nkyerɛ obiara, ne nea yɛka a obiara nte yɛn ase no, sɛ yɛka kyerɛ no a otie. Ɛrenkyɛ koraa, Yehowa beyi ɔhaw, amanehunu ne ateetee nyinaa afi hɔ. Ɛnnɛ nyinaa mpo, ɔboa yɛn wɔ akwan ahorow bi so a yɛnhwɛ kwan. Odwen yɛn ho, na sɛ yɛbotow nso a ɔboa yɛn.”—Dwom 136:23.

Toru suahu yi ama yɛahu sɛ, sɛ yehu sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn beyi amanehunu nyinaa afi hɔ na wapopa yɛn aniwam nusu nyinaa a, ɛbɛma yɛanya daakye ho anidaso a edi mu, na yɛn abrabɔ nso besi yɛn yiye nnɛ. Ampa, wɔ wiase a amanehunu ahyɛ mu mã yi mpo, wubetumi anya Onyankopɔn dɔ so mfaso.