Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ela Bon

Dawid ne Goliat​—Ɛyɛ Ampa sɛ Wɔkoe?

Dawid ne Goliat​—Ɛyɛ Ampa sɛ Wɔkoe?

Nnipa binom ntumi nhu sɛ Dawid ne Goliat asɛm no yɛ ampa anaasɛ anansesɛm. Bere a worekenkan wɔn ho asɛm wɔ nhoma yi mu no, saa adwene no baa wo tirim anaa? Ɛnde, ma yensusuw nsɛmmisa mmiɛnsa a edidi so yi ho.

1 | Enti onipa bi tenten betumi adu anammɔn nkron ne fã (mita 2.9)?

Bible ka sɛ na Goliat “tenten yɛ basafa asia ne nsateakwaa akron.” (1 Samuel 17:4) Basafa baako yɛ nnɛyi sɛntimita 44.5; saa ara na nsateakwaa baako nso yɛ nnɛyi sɛntimita 22.2. Enti sɛ woka ne nyinaa bom a, wubenya anammɔn nkron ne fã anaa mita 2.9. Ebinom ka sɛ Goliat tenten ntumi nyɛ saa da, nanso wo deɛ susuw wei ho hwɛ: Nnansa yi mpo, nipa a wɔahu sɛ ɔware paa wɔ wiase nyinaa no tenten bɛboro mita 2.7. Enti wohwɛ a ɛyɛ biribi a ɛkyɛn so sɛ Goliat tenten bɛboro wei so bɛyɛ sɛ sɛntimita 15 pɛ? Ná Goliat fi Refaim abusua mu, na na mmarima a wɔwɔ saa abusua no mu agye din sɛ wɔyɛ nnipa a wɔsoso woware paa. Bɛyɛ mfe 1300 ansa na Yesu reba no, Egyptfo kyerɛwtohɔ bi kaa sɛ na Kanaan akofo bi yɛ abran. Ná wɔn tenten bɛboro anammɔn 8 (mita 2.4). Enti Goliat tenten no nyɛ biribi a ɛyɛ nwonwa boro so.

2 | Dawid yɛ onipa a ɔtenaa ase ankasa?

Abenfo abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Ɔhene Dawid ayɛ te sɛ anansesɛm mu nipa bi, nanso anyɛ yiye. Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no ahu ɔbo bi a wɔakyerɛw so “Dawid fie.” Bio nso, Yesu Kristo kaa Dawid ho asɛm sɛ ɔyɛ onipa a ɔtenaa ase ankasa. (Mateo 12:3; 22:43-45) Wɔka Yesu ho asɛm sɛ ɔno ne Mesia no, na wɔde abusua mmienu ho anato foa saa nokwasɛm yi so sɛ Yesu fi Ɔhene Dawid abusua mu. (Mateo 1:6-16; Luka 3:23-31) Wei di adanse sɛ Dawid yɛ onipa a ɔtenaa ase ankasa.

3 | Enti nea wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no sii wɔ baabi pɔtee ampa?

Bible ka sɛ ɔko no kɔɔ so wɔ Ela Bon mu. Ɛnyɛ ɛno nko, ɛsan nso kyerɛ baabi pɔtee a ɔko no kɔɔ so. Ná Filistifo no mpasua wɔ nkurow mmienu bi a na ɛda mmepɔw so ntam; Soko ne Aseka. Ná Israelfo nso wɔ bon no fã nohoa. Enti baabi a wodii ako no wɔ hɔ ankasa?

Obi kɔɔ hɔ nnansa yi ara kɔhwehwɛɛ hɔ, na nea ɔkae ni: “Nea odii yɛn anim de yɛn kyinkyinii no, na ɔnyɛ nyamesomni. Ɔde yɛn kɔɔ Ela Bon no mu. Yɛkɔɔ bepɔw bi so, na bere a yɛrehwɛ bon no mu no, ɔma yɛkenkan 1 Samuel 17:1-3. Afei ɔde ne nsa kyerɛɛ hɔ kaa sɛ: ‘Mo benkum so yɛ Soko amanfo. Mo nifa so yɛ Aseka amanfo. Nkurow mmienu a mo ani tua yi ntam na Filistifo no bɔɔ wɔn mpasua. Enti baabi a yegyina yi betumi ayɛ baabi na Israelfo no mpasua wɔ.’ Enti mekaa no me tirim sɛ gyama ɛha na na Dawid ne Saul gyina no. Afei yesian kɔɔ bon no mu, na yetwaa nsu bi a na ayow a na abo gugu mu. Bere a yegyina hɔ no, mekaee sɛnea Dawid kotow sesaa mmosea toromtorom nnum a ɔde emu baako kum Goliat no.” Nnipa pii kɔhwɛ hɔ a, ɛma wɔn ani gye sɛnea Bible tumi ka biribi ho asɛm pɛɛpɛɛ no ho. Saa ara na nea ɔkɔhwehwɛɛ hɔ no nso ani gyee.

Biribiara nni hɔ a yebetumi agyina so aka sɛ Dawid ne Goliat asɛm no nyɛ nokware. Ɛka nnipa a wɔtenaa ase ankasa ne mmeae pɔtee ho asɛm. Nea ɛsen biara no, ɛka Onyankopɔn Asɛm ho. Enti yebetumi aka sɛ efi Onyankopɔn ankasa hɔ, Obi a “ontumi nni atoro.”​—Tito 1:2; 2 Timoteo 3:16.