Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Lefèvre d’Étaples—Ná Ɔpɛ sɛ Ɔmanfo Nyinaa Hu Onyankopɔn Asɛm

Lefèvre d’Étaples—Ná Ɔpɛ sɛ Ɔmanfo Nyinaa Hu Onyankopɔn Asɛm

KWASIDA anɔpa bi, bɛyɛ afe 1520 mu hɔ no, nnipa a wɔte Meaux, kurow ketewaa bi a ɛwɔ Paris no tee asɛm bi a ɛyɛ nwonwa wɔ asɔre. Daa na wɔkenkan Bible kyerɛ wɔn wɔ Latin mu, nanso saa da no deɛ, wɔkenkan Nsɛmpa no kyerɛɛ wɔn wɔ Franse kasa a wɔde twaa wɔn funuma no mu!

Jacques Lefèvre d’Étaples (Latin, Jacobus Faber Stapulensis) yɛ Bible asekyerɛfo. Ɔboaa ɔmanfo ma wotumi kenkanee Bible wɔ kasa foforo mu. Akyiri yi ɔkyerɛw ne yɔnko berɛbo bi sɛ: “Sɛ wuhu sɛnea Onyankopɔn ama nnipa pii rete Bible no ase a, wo ho bedwiriw wo.”

Saa bere no nyinaa na Katolek Asɔre no ne asɔfo a wɔwɔ Paris no sɔre tia Bible a wɔakyerɛ ase ama ɔmanfo tumi kenkan no. Ɛnde yɛrebisa sɛ, dɛn na ɛkaa Lefèvre ma ɔkyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Franse kasa mu? Ɔyɛɛ dɛn tumi boaa ɔmanfo ma wotumi tee Onyankopɔn Asɛm ase?

ƆHWEHWƐƐ KYERƐWNSƐM NO MU YIYE

Ansa na Lefèvre refi Bible nkyerɛase ase no, na watu ne ho asi hɔ sɛ ɔbɛhwɛ ma tete nyansapɛ ne nyamekyerɛ nhoma ahorow mu nokwasɛm ankasa ada adi. Ohui sɛ, nkurɔfo de wɔn nsɛm ahyehyɛ nhoma yi mu na mfomso nso wɔ pii mu. Bere a ogu so rehwehwɛ tete nhoma ahorow mu no, ofii ase hwehwɛɛ Bible a Katolek Asɔre no de di dwuma titiriw, Latin Vulgate, no mu.

Nsi a ɔde suaa Bible no ma ɔkaa akyiri yi sɛ, “Sɛ obi ani begye paa a, . . . ade baako a ebetumi aboa no ne sɛ obesua Onyankopɔn Asɛm.” Enti Lefèvre gyaee nyansapɛ ho adesua, na ɔde n’adwene nyinaa sii Bible asekyerɛ so.

Afe 1509 mu no, Lefèvre tintim Nnwom * nhoma no nkyerɛase ahorow nnum. Ná ɛwɔ Latin kasa mu. Ɔsan tintim Vulgate a na n’ankasa asiesie emu mfomso bi no nso. Ne bere so nyamekyerɛfo nyinaa mu no, ɔno nko ara na ogyee bere hwehwɛɛ “aba ankasa” a ɛwɔ Bible mu nsɛm mu. Ɔkwan a na ɔfa so kyerɛ Bible ase no boaa Bible ho abenfo ne wɔn a wɔde nsakrae baa Kristosom mu no.​—Hwɛ adaka “ Sɛnea Lefèvre Adwuma Boaa Martin Luther.”

Onyankopɔn abodin a wɔahyehyɛ wɔ Nnwom nhoma no nkyerɛase ahorow nnum no mu; nea ɛbaa afe 1513 no

Wɔwoo Lefèvre too Katolek som mu, na na ogye di paa sɛ, sɛ wobetumi ayɛ nsakrae ahorow wɔ asɔre no mu a, gye sɛ wɔkyerɛkyerɛ Bible no mu yiye kyerɛ asɔremma no. Nanso sɛ Bible dodow no ara wɔ Latin kasa mu a, ɛbɛyɛ dɛn na asɔremma no anya so mfaso?

BIBLE NKYERƐASE A OBIARA BETUMI ANYA BI

Nsɛmpa no nnianim asɛm ma ɛdaa adi sɛ na Lefèvre koma so ade paa ne sɛ ɔbɛma obiara anya Bible no bi wɔ ne kurom kasa mu

Esiane sɛ na Lefèvre wɔ ɔdɔ kɛse ma Onyankopɔn Asɛm nti, osii ne bo sɛ ɔbɛma nnipa dodow no ara nsa aka bi. Nea ɛbɛyɛ na wadu saa botae no ho no, otintim Nsɛmpa no wɔ Franse kasa mu wɔ June 1523 mu. Ɔyɛɛ no nketewa nso. Wei boa maa ahiafo mpo tumi tɔɔ Bible no bi.

Ɔmanfo ani gyee ho araa ma Bible no anso tɔ. Ná mmaa ne mmarima nyinaa ho pere wɔn sɛ wɔbɛkenkan Yesu nsɛm no wɔ wɔn kurom kasa mu ma enti 1,200 a wodii kan tintimii no sae wɔ abosom kakraa bi ntam.

OGYINAA BIBLE NO AKYI DENNEENNEN

Lefèvre kae wɔ Nsɛmpa no nnianim asɛm no mu sɛ, wakyerɛ ase kɔ Franse kasa mu sɛnea ɛbɛyɛ a asɔremma a “wɔn nhomanim nkɔɔ akyi pii no bɛte nokware no ase sɛnea wɔn a wotumi kenkan Latin no te ase no ara.” Nanso adɛn nti na na Lefèvre ani abere sɛ ɔbɛma ɔmanfo ahu nea ɛwɔ Bible no mu?

Ná Lefèvre nim sɛnea nnipa nkyerɛkyerɛ ne nyansapɛ asɛe Katolek Asɔre no paa. (Marko 7:7; Kolosefo 2:8) Ná ogye di nso sɛ bere aso sɛ wɔka Nsɛmpa no “wɔ wiase afanan nyinaa, sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa nkyerɛkyerɛ remfa nkurɔfo nnommum bio.”

Afei Lefèvre bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛpa wɔn a wɔkasa tia Bible no a wɔbɛkyerɛ ase akɔ Franse kasa mu no ho ntama. Ɔkasa tiaa wɔn nyaatwom no sɛ, “Wɔbɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔadi Yesu Kristo ahyɛde nyinaa so bere a wɔmpɛ sɛ wɔkyerɛ Bible no ase ma ɔmanfo kenkan wɔ kasa a wɔde twaa wɔn funuma mu no?”​—Romafo 10:14.

Enti ɛnyɛ nwonwa koraa sɛ, nyamekyerɛfo a wɔwɔ Paris suapɔn Sorbonne no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Lefèvre aka n’ano atom. August 1523 mu no, wɔampene so sɛ obi bɛkyerɛ Bible no ase akɔ ɔmanfo kasa mu anaasɛ wɔbɛyɛ ho nhwehwɛmu de ato gua. Nea enti a wɔyɛɛ saa ne sɛ, na wɔte nka sɛ “ɛbɛhaw Asɔre no.” Sɛ ɛnyɛ Franse hene, Francis I a, anka wobuu Lefèvre atɛn sɛ ɔyɛ mmusubɔfo.

ƆYƐƐ KOMM WIEE N’ADWUMA NO

Lefèvre amma n’asɔretiafo no anobaabae antwetwe n’adwene ma wannyae Bible no ase kyerɛ. Afe 1524 mu no, bere a owiee Hela Kyerɛwnsɛm (nea wɔfrɛ no Apam Foforo no), oyii Nnwom nhoma a wakyerɛ ase kɔ Franse kasa mu adi. Ɔyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a asɔremma no besua ma “wɔn mpaebɔ adi mu.”

Nyamekyerɛfo a wɔwɔ Sorbonne no antwentwɛn wɔn nan ase koraa sɛ wɔbɛtweetwee Lefèvre nkyerɛase no mu. Ntɛm ara na wɔkae sɛ wɔnhyew saa Hela Kyerɛwnsɛm yi wɔ baguam. Afei wɔsan kaa nhoma afoforo ho asɛm sɛ “ɛfoa ɔsom mu atuatew a na Luther di anim no so.” Bere a nyamekyerɛfo no frɛɛ Lefèvre sɛ ommeyi ne ho ano no, wammua wɔn, mmom ɔyɛɛ komm na afei oguan kɔɔ Strasbourg. Oduu hɔ no, ɔtoaa so kyerɛɛ Bible no ase wɔ kokoam. Ɛwom sɛ nnipa binom ka sɛ bua a wammua nyamekyerɛfo no kyerɛ sɛ na ɔyɛ ohufo, nanso na ogye di paa sɛ ɛno ne ɔkwampa a na obetumi afa so abua nnipa a wɔnkyerɛ Bible mu nokware anaa “akronkronne” a ɛte saa ho anisɔ no​—Mateo 7:6.

Bere a oguanee bɛyɛ afe no, Ɔhene Francis I faa no sɛ ɔnkyerɛ ne ba Charles a na wadi mfe nnan no ade. Saa adwuma yi maa Lefèvre nyaa bere pii de kyerɛɛ Bible no ase wiei. Afe 1530 mu no, ɔkyerɛɛ Bible mũ no nyinaa ase wiei. Ɔhempɔn Charles V penee so ma ɔde fii France kɔɔ Antwerp kotintimii. *

ƐNYƐ NEA ƆPƐ NYINAA NA ONYAE

Lefèvre asetenam nyinaa nea na ɛda ne koma so paa ne sɛ asɔre no bɛtow nnipa atetesɛm agu na wɔakura nokware nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Bible mu no mu. Ná ogye di paa sɛ “ɛyɛ Kristoni biara asɛde sɛ ɔno ankasa tumi kenkan Bible na osua.” Ɛno nti na obirii ne mogya ani sɛ ɔbɛma obiara anya Bible no bi no. Ɛwom, nsakrae a Lefèvre hwɛɛ kwan sɛ ɛbɛba asɔre no mu no anyɛ yiye, nanso ɔyɛɛ bi maa nkyirimma; ɔboaa ɔmanfo ma wɔtee Onyankopɔn Asɛm ase.

^ nky. 8 Ná wɔahyehyɛ Onyankopɔn abodin ahorow wɔ Nnwom nhoma no nkyerɛase ahorow nnum no mu. Ná Hebri nkyerɛwee anan, Tetragrammaton a egyina hɔ ma Onyankopɔn din no nso wom.

^ nky. 21 Mfe nnum akyi wɔ afe 1535 no, Olivétan a ɔkyerɛ nhoma ase kɔ Franse kasa mu nso yii ne Bible nkyerɛase adi. Ɔhwɛɛ tete nsaano nkyerɛwee so na ɛyɛe. Bere a ɔrekyerɛ Hela Kyerɛwsɛm no ase no, Lefèvre nkyerɛase no boaa no kɛse.