Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | ƆSORO HO ANISOADEHU A ƐMA YENYA NIMDEƐ

Wɔn a Wɔte Ɔsoro no Ho Anisoadehu

Wɔn a Wɔte Ɔsoro no Ho Anisoadehu

Bible ka anisoadehu a ɛyɛ nwonwa pii ho asɛm, na ɛboa yɛn ma ɔkwan bi so no, yehu nea ɛkɔ so wɔ ɔsoro hɔ. Yɛsrɛ wo, tɔ wo bo ase na kenkan ho asɛm. Ɛwom, ɛnyɛ biribiara a ɛwɔ anisoadehu no mu no na ɛsɛ sɛ wofa no sɛnea ɛte no ara deɛ, nanso anisoadehu ahorow no betumi aboa wo ma wode w’adwene abu nkurɔfo a wɔte ɔsoro hɔ no ne sɛnea wɔn nneyɛe betumi aka wo.

YEHOWA NE OPUMPUNI NO

“Ahengua bi si soro, na obi te ahengua no so. Na nea ɔte so no hwɛbea te sɛ ahwehwɛbo ne aboɔdenbo kɔkɔɔ, na nyankontɔn a ne hwɛbea te sɛ ahabammonobo atwa ahengua no ho ahyia.”​—Adiyisɛm 4:2, 3.

“Na na ne ho nyinaa ayɛ hyerɛnn. Na mihuu biribi te sɛ nyankontɔn a ɛwɔ omununkum mu osutɔ da. Saa ara na na ade a ayɛ hɔ nyinaa hyerɛnn no te. Ná ɛte sɛ Yehowa anuonyam.”​—Hesekiel 1:27, 28.

Yehu wɔ anisoadehu a ɔsomafo Yohane ne odiyifo Hesekiel nyae no nyinaa mu sɛ, wɔde nneɛma a ɛnyɛ den sɛ yɛbɛte ase koraa te sɛ aboɔdenbo a ɛyɛ fɛ, nyankontɔn, ne ahengua kokuroo bi na ɛkyerɛɛ yɛn sɛnea Yehowa, Ɔsorosoroni Nyankopɔn no anuonyam te. Ɛma yehu sɛ baabi a Yehowa te no yɛ fɛ boro so. Wohwɛ sɛnea ɛte a, ɛyɛ nwonwa paa, na biribiara kɔ so fɛfɛɛfɛ wɔ hɔ asomdwoe mu.

Anuonyam a atwa Onyankopɔn ho ahyia no, odwontofo no kaa ho asɛm sɛ: “Yehowa yɛ kɛse na ɔfata ayeyi pii. Ne ho yɛ hu sen anyame nyinaa. Amanaman no anyame no nyinaa yɛ anyamehunu; na Yehowa de, ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro. Nidi ne anuonyam wɔ n’anim; ahoɔden ne ahoɔfɛ wɔ ne kronkronbea.”​—Dwom 96:4-6.

Ɛwom sɛ Yehowa ne Opumpuni no, nanso wama yɛn kwan sɛ yɛmmɔ no mpae na obetie yɛn dodo. (Dwom 65:2) Onyankopɔn dɔ yɛn na odwen yɛn ho araa ma enti ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn ne dɔ.”​—1 Yohane 4:8.

YESU NE ONYANKOPƆN NA ƐWƆ HƆ

“Esiane sɛ honhom kronkron ayɛ [Kristo suani Stefano] mã nti, ɔhwɛɛ soro dinn huu Onyankopɔn anuonyam ne Yesu sɛ ogyina Onyankopɔn nsa nifa, na ɔkae sɛ: ‘Hwɛ! Mihu sɛ ɔsoro abue a onipa Ba no gyina Onyankopɔn nsa nifa.’”​—Asomafo Nnwuma 7:55, 56.

Bere tiaa bi ansa na Stefano rebenya anisoadehu yi no, na Yudafo akannifo a Stefano gyina wɔn anim rekasa no abu Yesu kumfo ma wɔakum no. Anisoadehu no ma ɛdaa adi sɛ wanyan Yesu ma ɔte ase, na wɔahyɛ no anuonyam. Nea ɔsomafo Paulo kyerɛw faa ho ni: ‘Yehowa nyanee Yesu fii awufo mu na ɔde no tenaa ne nsa nifa wɔ soro, baabi a ɔkorɔn koraa sen aban ne tumi ne ahoɔden ne mpanyinni nyinaa, ne edin biara a wɔbɔ, ɛnyɛ bere yi mu nko, na mmom nea ɛreba no nso mu.’​—Efesofo 1:20, 21.

Wɔahyɛ Yesu anuonyam, na Bible san ma yehu sɛ Yesu dwen nnipa ho paa te sɛ Yehowa. Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asase so no, ɔsaa ayarefo yare, ɔmaa wɔn a na wɔadi dɛm ho yɛɛ wɔn den, na onyanee awufo. Ɔnam ne wu no so kyerɛe sɛ ofi ne komam tɔnn dɔ Onyankopɔn ne nnipa. (Efesofo 2:4, 5) Seesei Yesu gyina Onyankopɔn nsa nifa so, enti ɛrenkyɛ koraa ɔbɛma nnipa a wotie Onyankopɔn no nyinaa anya nhyira pii wɔ asase so baabiara.

ABƆFO SOM ONYANKOPƆN

“[Me odiyifo Daniel] mehwɛe ara kosii sɛ wosisii agua, na Nea ne nna akyɛ no [Yehowa] bɛtenaa ase. . . . Mpempem som no, na mpem du ahorow mpem du gyinagyina n’anim.”​—Daniel 7:9, 10.

Ɛnyɛ ɔbɔfo baako pɛ na Daniel huu wɔ ɔsoro anisoadehu yi mu, mmom ohuu abɔfo mpempem pii. Anwonwasɛm bɛn ara ni! Abɔfo yɛ honhom abɔde a wɔwɔ anuonyam, nyansa ne tumi. Ɛsono obiara ne ne dibea, ebi yɛ serafim na ebi nso yɛ kerubim. Wɔka abɔfo ho asɛm bɛboro mpɛn 250 wɔ Bible mu.

Abɔfo nyɛ nnipa a wɔatena asase so pɛn. Onyankopɔn dii kan bɔɔ abɔfo no bere tenten koraa ansa na ɔrebɔ nnipa. Ɔrebɔ asase no, abɔfo hui na ɛkaa wɔn ma wɔbɔɔ ose.​—Hiob 38:4-7.

Ɔkwan baako a abɔfo anokwafo fa so som Onyankopɔn ne sɛ wɔyɛ adwuma a ɛho hia paa wɔ asase so nnɛ no bi; wɔbɔ Onyankopɔn Ahenni ho dawuru. (Mateo 24:14) Ɔsomafo Yohane nyaa adwuma a abɔfo yɛ yi ho anisoadehu, na ɔkyerɛwee sɛ: “Mihuu ɔbɔfo foforo a ɔnam wim a okura daa asɛmpa sɛ anigyesɛm a ɔrekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase so, aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa.” (Adiyisɛm 14:6) Ɛwom sɛ nnɛ abɔfo ne nnipa nkasa sɛnea mmere bi a atwam na wɔyɛ no, nanso wɔboa wɔn a wɔreka asɛmpa no ma wotumi hu nnipa a Onyankopɔn Asɛm ho sukɔm de wɔn no.

SATAN REDAADAA NNIPA ƆPEPEM PII

“Ɔko baa soro: Mikael [Yesu Kristo] ne n’abɔfo ne ɔtweaseɛ no koe, na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo ne wɔn koe nanso wɔantumi, na wɔannya tenabea ɔsoro bio. Enti wɔtow ɔtweaseɛ kɛse no kyenee, ɔwɔ dedaw no, nea wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan a ɔredaadaa asase sofo nyinaa no; wɔtow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.”​—Adiyisɛm 12:7-9.

Ɛnyɛ bere nyinaa na na asomdwoe wɔ soro. Adesamma mfiase pɛɛ na ɔbɔfo baako a na ɔpɛ sɛ afoforo som no no tew Yehowa so atua bɛyɛɛ Satan. Satan kyerɛ “Ɔsɔretiafo.” Akyiri yi, abɔfo afoforo nso kɔkaa ne ho tew atua na wɔbɛfrɛɛ wɔn adaemone. Bɔne adidi wɔn mu paa ma enti wɔne Yehowa ani nhyia koraa, na wɔadaadaa nnipa pii ma wɔaman afi akwankyerɛ pa a Yehowa de ma no ho.

Satan ne n’adaemone no nni suban koraa na wɔn tirim yɛ den. Wɔyɛ adesamma atamfo, na wɔka ho bi paa na nnipa rehu amane wɔ asase so saa no. Ɛho nhwɛso ni. Satan kum ɔnokwafo Hiob ayɛmmoa ne n’asomfo nyinaa. Afei nso okum Hiob mma du no nyinaa bere a ɔmaa “mframa kɛse bi” bubuu ɔdan a na wɔwom no. Ɛno akyi no, Satan maa ‘mpɔmpɔ yayaayaw bobɔɔ Hiob fi ne nan ase kosii ne mpampam.’​—Hiob 1:7-19; 2:7.

Nanso ɛrenkyɛ koraa wobeyi Satan afi hɔ. Esiane sɛ wɔatow no abɛtɔ asase so nti onim sɛ “ne bere a aka yɛ tiaa.” (Adiyisɛm 12:12) Ɔkwan biara so wɔbɛsɛe Satan, na ɛno yɛ asɛmpa ma yɛn!

WƆN A WOFI ASASE SO

‘Yesu tɔɔ nnipa fii abusua ne kasa ne nkurɔfo ne ɔman biara mu maa Onyankopɔn, na ɔyɛɛ wɔn ahemman ne asɔfo maa yɛn Nyankopɔn, na wobedi asase so ahene.’​—Adiyisɛm 5:9, 10.

Sɛnea wonyanee Yesu ma ofii asase so kɔɔ soro no, saa ara na wɔbɛyɛ ebinom nso. Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo anokwafo no sɛ: “Merekɔ akosiesie baabi ama mo . . . mɛba bio na magye mo aba me nkyɛn, na baabi a mewɔ no, mo nso moaba hɔ.”​—Yohane 14:2, 3.

Biribi titiriw nti na nnipa binom rekɔ soro. Wɔne Yesu bedi ade wɔ n’Ahenni mu na wobedi nnipa a wɔbɛtena asase so nyinaa so, na wɔahyira wɔn. Saa Ahenni yi na Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae no. Ɔkaa sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew. W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.”​—Mateo 6:9, 10.

DƐN NA WƆN A WƆWƆ SORO NO BƐYƐ?

“[Me ɔsomafo Yohane] metee nne kɛse bi fii ahengua no so sɛ: ‘Hwɛ! Onyankopɔn ntamadan wɔ adesamma mu . . . Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.’”​—Adiyisɛm 21:3, 4.

Anisoadehu yi ma yehu bere a Onyankopɔn Ahenni a Yesu ne wɔn a wɔanyan wɔn di so no bɛsɛe Satan nniso, na wɔama asase no adan paradise. Nneɛma a ɛma nnipa di yaw ne awerɛhow nyinaa befi hɔ. Owu mpo befi hɔ.

Na nnipa mpempem pii a wɔawuwu a wɔrennyan wɔn nkɔ soro no nso ɛ? Daakye, wɔbɛsan atena ase daa wɔ asase a adan Paradise no so.​—Luka 23:43.

Anisoadehu yi nyinaa ma yehu sɛ Yehowa Nyankopɔn, ne Ba Yesu Kristo, abɔfo anokwafo, ne nnipa a wɔatɔ wɔn afi asase so no nyinaa dwen yɛn ho paa, na wɔpɛ sɛ esi yɛn yiye. Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea wɔbɛyɛ no ho nsɛm pii a, kɔ yɛn wɛbsaet, www.ps8318.com/tw, na twe nhoma a wɔato din Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? no