Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Amanaman Ntam Ayɔnkofa De Wiase Asomdwoe Bɛba?

So Amanaman Ntam Ayɔnkofa De Wiase Asomdwoe Bɛba?

Bible no Adwene

So Amanaman Ntam Ayɔnkofa De Wiase Asomdwoe Bɛba?

WOPƐ sɛ akodi nyinaa ba awiei? Ɛnde na ɛsɛ sɛ ɔkwan biara so no wɔfa amanaman ntam ayɔnkofa so nya ɔmanko ne amanaman ntam akodi ano aduru. Nnipa pii te nka sɛ sɛ wiase atumfoɔ ka wɔn tiri pam ho a, wobetumi ayi akodi afi hɔ. Nanso ɛda adi sɛ, w’ani nnye nea afi amanaman ntam nsɛnni mu aba no ho. Mfehaha pii ni a aman mpanyimfo de wɔn nsa ahyehyɛ apam ase, ahyehyɛ tirimbɔ, na wɔayɛ nhyiam ahorow, nanso ɔhaw no pii da so ara wɔ hɔ.

Bible no wɔ pii ka wɔ amanaman ntam ayɔnkofa ne asomdwoe ho. Ɛma nsɛmmisa a edidi so yi ho mmuae: Nneɛma bɛn na ɛnnɛ ɛmma wontumi mfa amanaman ntam ayɔnkofa so nnya asomdwoe? So ɛsɛ sɛ Kristofo de wɔn ho hyɛ amanaman ntam nsɛnni mu? Ɔkwan bɛn so na awiei koraa no, ɛbɛma yɛanya asomdwoe mapa?

Dɛn na Ɛmma Wonnya Asomdwoe?

Bible mu nsɛm pii kyerɛ sɛnea nnipa baanu ntam nkitahodi betumi de asomdwoe aba. Sɛ nhwɛso no, Abigail nam anifere kwan so amma Dawid ne n’asraafo antɔ ne fiefo so were. (1 Samuel 25:18-35) Yesu buu bɛ bi faa ɔhene bi a ne ho kyeree no ma enti otuu abɔfo ma wɔkɔpataa ɔne n’atamfo ntam akodi ho. (Luka 14:31, 32) Yiw, Bible gye tom sɛ nnipa ntam nkitahodi betumi ama akodi agyae. Ɛnde, dɛn nti na asomdwoe ho nhyehyɛe ahorow ntumi nnii tebea no ho dwuma ahe biara yi?

Bible no hyɛ too hɔ sɛ yɛn bere yi bɛyɛ bere bɔne. Esiane Satan Ɔbonsam nkɛntɛnso bɔne nti, nnipa bɛyɛ “apamsɛefo, . . . wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman.” (2 Timoteo 3:3, 4; Adiyisɛm 12:12) Bio nso Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ “ɔko ne akosɛm” na ɛbɛhyɛ nneɛma nhyehyɛe yi awiei agyirae. (Marko 13:7, 8) Hena na obetumi agye kyim sɛ eyi mmuu so nnɛ? Esiane saa nti, so ɛyɛ nwonwa sɛ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛma asomdwoe aba amanaman ntam no nkosii hwee?

Afei nso susuw nokwasɛm yi ho hwɛ: Bere a ebia aman mpanyimfo bɔ mmɔden biara sɛ wobesiw akodi ahorow ano no, wɔn mu biara atirimpɔw ankasa ne sɛ ɔbɛhwehwɛ ne man no nkutoo yiyedi. Eyi ne ade titiriw a ehia aman mpanyimfo paa. So ɛsɛ sɛ Kristofo de wɔn ho hyehyɛ nsɛm a ɛtete saa mu?

Kristofo ne Amanaman Ntam Ayɔnkofa

Bible no tu fo sɛ: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.” (Dwom 146:3) Eyi kyerɛ sɛ ɛmfa ho adwempa a wiase mpanyimfo kura no, wonni tumi anaa hokwan a ɛbɛma yɛanya akodi ano aduru a ɛtra hɔ daa.

Bere a na wɔredi n’asɛm wɔ Pontio Pilato anim no, Yesu kae sɛ: “M’ahenni mfi wi yi ase. Sɛ m’ahenni fi wi yi ase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafo no nsa; nanso m’ahenni mfi ha.” (Yohane 18:36) Mpɛn pii no, ɔman ho nitan ne amammuisɛm mu pɛsɛmenkominya na edi akoten wɔ asomdwoe ho nhyehyɛe ahorow mu. Ne saa nti, nokware Kristofo kwati sɛ wɔde wɔn ho bɛhyehyɛ wiase yi ntawntawdi ne mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔnam ayɔnkofa so besiesie wɔn ntam no mu.

Ɛno kyerɛ sɛ nsɛm a ɛrekɔ so wɔ wiase no mfa Kristofo ho? So amane a adesamma hu no mfa wɔn ho? Dabi. Nea ɛne no bɔ abira no, Bible ka Onyankopɔn nokware asomfo ho asɛm sɛ wɔyɛ nnipa a “wosisi apini” na wodi nneɛma bɔne a ɛrekɔ so no ho “nkɔmmɔ.” (Hesekiel 9:4) Mmom no Kristofo ani da Onyankopɔn so sɛ ɔno na ɔde asomdwoe a wahyɛ ho bɔ no bɛba. So wodwen sɛ sɛ ɔko nni hɔ a, na ɛkyerɛ sɛ asomdwoe aba? Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ saa ma aboro so. (Dwom 46:8, 9) Ɛbɛsan ahwɛ ama asase sofo nyinaa anya ahobammɔ a edi mu ne ahotɔ. (Mika 4:3, 4; Adiyisɛm 21:3, 4) Amanaman ntam ayɔnkofa anaa “asomdwoe ho nhyehyɛe” a nnipa bɔ mmɔden yɛ no ntumi mma asomdwoe mapa a ɛte saa mma da.

Bible nkɔmhyɛ ne abakɔsɛm mu osuahu ma ɛda adi pefee sɛ yɛn ho a yɛde bɛto asomdwoe ho nhyehyɛe a nnipa yɛ so no renkosi hwee. Wɔn a wɔde wɔn ho to Yesu Kristo so na wogyina Onyankopɔn Ahenni akyi no benya asomdwoe mapa a wɔhwehwɛ no. Bio nso, wobenya asomdwoe a enni awiei daa!—Dwom 37:11, 29.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 15]

Ɛmfa ho adwempa a wiase mpanyimfo kura no, wonni tumi anaa hokwan a ɛbɛma yɛanya akodi ano aduru a ɛtra hɔ daa

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 14]

Ase hɔ: Photo by Stephen Chernin/Getty Images