Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nneɛma Bɛn Na Esisi a Ɛbɛkyerɛ Sɛ Yɛwɔ “Awiei Mmere” Anaa “Nna a Edi Akyiri” No Mu?

Nneɛma Bɛn Na Esisi a Ɛbɛkyerɛ Sɛ Yɛwɔ “Awiei Mmere” Anaa “Nna a Edi Akyiri” No Mu?

Nea Bible ka

 Bible ka nsɛm a ebesisi, sɛnea nneɛma bɛyɛ, ne suban a nkurɔfo da no adi a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛwɔ “wiase yi awiei bere” mu. (Mateo 24:3) Bible frɛ saa bere no “awiei mmere” anaa “nna a edi akyiri.”—2 Timoteo 3:1; Daniel 8:19.

Nsɛm bɛn na Bible no kaa sɛ ebesisi wɔ “awiei mmere no” mu?

 Bible kaa sɛ nneɛma bebree bɛbom asisi, na ɛyɛ “nsɛnkyerɛnne” a ɛbɛma yɛahu sɛ yɛwɔ awiei mmere no mu. (Luka 21:7) Yɛnhwɛ saa nneɛma no bi:

 Akokoakoko bɛkɔ so wɔ wiase baabiara. Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ: “Ɔman bɛsɔre atia ɔman, na ahenni asɔre atia ahenni.” (Mateo 24:7) Adiyisɛm 6:4 nso kaa biribi a ɛte saa ho asɛm. Ɛkaa sɛ obi a ɔte ɔpɔnkɔ so a ogyina hɔ ma akodi beyi ‘asomdwoe afi asaase so.’

 Ɔkɔm. Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ: ‘Ɔkɔm bɛba.’ (Mateo 24:7) Adiyisɛm nhoma no san kaa obi a ɔte ɔpɔnkɔ foforo so ho asɛm. Ɔno de, ɔbɛma ɔkɔm aba mmeae bebree wɔ wiase yi mu.—Adiyisɛm 6:5, 6.

 Asaasewosow akɛse. Yesu kaa sɛ “asaasewosow bɛba mmeaemmeae.” (Mateo 24:7; Luka 21:11) Asaasewosow akɛseakɛse a ebesisi wɔ wiase no, ɛbɛma nnipa ahu amane. Na nnipa a ebekunkum wɔn no de, ebi nsii da.

 Yare. Yesu kaa sɛ, nsanyare a edi awu anaa “ɔyaredɔm” betu atese.—Luka 21:11, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe.

 Nsɛmmɔnedi. Ɛwom sɛ nsɛmmɔnedi kɔɔ so wɔ wiase nyɛ nnɛ, nanso Yesu kaa sɛ awiei mmere yi mu de, nsɛmmɔnedi anaa ‘amumɔyɛ bɛdɔɔso.’—Mateo 24:12.

 Nnipa bɛsɛe asaase no. Adiyisɛm 11:18 ka too hɔ sɛ, nnipa ‘bɛsɛe asaase no.’ Ɛnyɛ aturuturasɛm anaa nneɛma bɔne a nnipa bɛyɛ no nko ara na ɛbɛsɛe asaase no, mmom wɔbɛyɛ nneɛma de asɛe abɔde a atwa yɛn ho ahyia no.

 Nnipa suban bɛsɛe akɔ akyiri. Bible no kaa wɔ 2 Timoteo 3:1-4 sɛ, nnipa bɛyɛ “bonniayɛ, wobedi nkurɔfo huammɔ, . . . nkurɔfo rentumi ne wɔn nyɛ apam, ɔbɛsɛe nkurɔfo din, wɔrentumi nhyɛ wɔn ho so, wobedi atirimɔdensɛm, wɔbɛyɛ wɔn a wɔmpɛ papa, wobeyi nkurɔfo ama, wɔbɛyɛ asoɔden, wɔbɛyɛ ahomaso.” Saa subammɔne yi, nnipa beyi no adi ama aboro so, na ɛbɛkyerɛ sɛ ampa, yɛte “mmere a emu yɛ den” mu.

 Mmusua mu bɛpaapae. Bible kaa wɔ 2 Timoteo 3:2, 3 sɛ, awiei mmere no mu no, nnipa ‘rennya tema’ mma wɔn mmusua, na mmofra nso ‘rentie wɔn awofo asɛm.’

 Ɔdɔ a nkurɔfo wɔ ma Onyankopɔn no bɛsa. Yesu ka too hɔ sɛ: “Nnipa dodow no ara dɔ ano bedwo.” (Mateo 24:12) Nea na Yesu repɛ akyerɛ ne sɛ, ɔdɔ a nkurɔfo wɔ ma Onyankopɔn no ano bedwo. 2 Timoteo 3:4 nso kaa sɛ, nnipa a ɛte saa no, “sɛ́ anka wɔbɛdɔ Onyankopɔn no, anigye mmom na wɔbɛpɛ.”

 Nyaatwom bɛkɔ so wɔ ɔsom ahorow mu. Bible kaa wɔ 2 Timoteo 3:5 sɛ, nnipa pii bɛka sɛ wɔsom Onyankopɔn, nanso wɔrenyɛ nea Onyankopɔn pɛ.

 Nnipa bɛte Bible nkɔmhyɛ ase yiye. Nkɔmhyɛ bi wɔ Daniel nhoma no mu a ɛma yehu sɛ, “awiei bere no” mu no, nnipa bebree bɛte Bible no ase yiye. Nkɔmhyɛ ahorow a yɛreka ho asɛm yi nyinaa nso ka ho bi.—Daniel 12:4.

 Wɔbɛka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ: “Wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa yi wɔ asaase so nyinaa.”—Mateo 24:14.

 Nnipa pii bɛyɛ anibiannaso ne fɛwdifo. Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ, ɛmfa ho adanse bebree a ɛbɛkyerɛ sɛ awiei no abɛn no, nnipa beree bebu wɔn ani agu so. (Mateo 24:37-39) Sɛ yɛkan 2 Petro 3:3, 4 a, ɛma yehu sɛ nnipa bɛyɛ nea ɛsen saa. Ɛka sɛ nsɛm a ɛresisi a ɛkyerɛ sɛ awiei no abɛn no, nnipa bebree bedi ho fɛw, na wɔbɛka sɛ saa nsɛm no nkyerɛ hwee.

 Nkɔmhyɛ ahorow no nyinaa bɛbam. Yesu kaa sɛ, awiei mmere no mu no, nkɔmhyɛ no nyinaa bɛbom asisi. Ɛnyɛ emu kakraa bi pɛ anaa dodow no ara na ɛbɛbam kɛkɛ.—Mateo 24:33.

Yɛte “awiei mmere” no mu anaa?

 Aane. Nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase ne sɛnea Bible bu mmere no kyerɛ sɛ afe 1914 na awiei bere no fii ase. Saa afe no na Wiase Ko a edi kan no nso yii ne ti. Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase no ma yehu sɛ yɛwɔ awiei mmere no mu no a, hwɛ video a edidi so yi:

 Afe 1914 na Onyankopɔn Ahenni no fii ase dii ade wɔ soro, na nneɛma a edii kan yɛe no bi ne sɛ, wotuu Satan ne n’adaemone no fii soro beguu asaase so na wɔrennya kwan nkɔ soro bio. (Adiyisɛm 12:7-12) Suban ne nneyɛe bɔne a nkurɔfo reyi no adi wɔ wiase mu no nyɛ kwa; Satan na ɛhyɛ akyi. Wei ma yehu sɛ yɛwɔ awiei mmere no “mmere a emu yɛ den” mu.—2 Timoteo 3:1.

 Sɛnea nneɛma mu ayɛ den no ama nnipa bebree adwene atu afra. Seesei asomdwoe nni nnipa ntam, na ɛno nso agya nkurɔfo tipae. Nea ebinom suro koraa ne sɛ anhwɛ a ɛbɛyɛ kakra nnipa rentumi ntena wiase yi mu mpo bio.

 Ɛwom, nnipa bebree wɔ hɔ a, nea ɛrekɔ so wɔ wiase no haw wɔn de, nanso wɔwɔ anidaso sɛ nneɛma bɛyɛ yiye daakye. Wogye di paa sɛ ɛrenkyɛ koraa Onyankopɔn Ahenni beyi wiase haw nyinaa afi hɔ. (Daniel 2:44; Adiyisɛm 21:3, 4) Wɔde ntoboase retwɛn sɛ Onyankopɔn bedi ne bɔhyɛ ahorow so, na wɔma asɛm a Yesu kae yi kyekye wɔn werɛ paa. Ɔkaa sɛ: “Nea obemia n’ani agyina mu akosi awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.”—Mateo 24:13; Mika 7:7.