Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | AWIEEƐ NO ABƐN?

“Awieeɛ No”—Dɛn na Ɛkyerɛ?

“Awieeɛ No”—Dɛn na Ɛkyerɛ?

Sɛ wote sɛ wɔreka sɛ, “Awieeɛ no abɛn!” a dɛn na ɛba wo tirim? Ɛyɛ a ɔsɔfo bi a okura Bible gyina asɔredan mu a n’ani abere rekasa denneennen ho adwen na ɛba wo tirim? Anaasɛ akwakoraa bi a n’abɔdwesɛ kuhaa a ɔgyina mantwea baabi ahyɛ atade yuu de abɔsoɔ abɔ ne mu, na okura mfonini bi de rekyerɛ sɛnea atemmu da anaa awieeɛ no bɛyɛ ho asɛm na ɛba wo tirim? Sɛ biribi saa ba nkurɔfo adwenem mu a, ɛtumi ma ebinom koma tu. Ebinom nso wɔ hɔ a wɔnnye nni sɛ biribi saa bɛba, na afoforo nso fa no aseresɛm.

Bible ka sɛ: “Awieeɛ no bɛba.” (Mateo 24:14) Wɔsan frɛ “awieeɛ no” sɛ, “Onyankopɔn da kɛseɛ” anaa “Harmagedon.” (Adiyisɛm 16:14, 16) Asɛm no ne sɛ, nyamesomfo dodow no ara nhu nea awieeɛ no kyerɛ, na nnipa pii nso bɔ wɔn srɛ mu ka ho asɛm huhuuhu. Nanso, Bible ma yɛhu nea awieeɛ no kyerɛ pefee ne nea ɛnkyerɛ. Onyankopɔn Asɛm no san boa yɛn ma yɛhu paa sɛ awieeɛ no abɛn. Nea ɛyɛ anigye koraa ne sɛ, ɛkyerɛ nea yɛyɛ a yɛbɛnya yɛn ti adidi mu! Nanso, momma yɛnni kan nhwɛ atosɛm a nkurɔfo ka fa awieeɛ no ho no bi, na ɛno akyi yɛahwɛ nea awieeɛ no kyerɛ ankasa. Sɛ Bible ka “awieeɛ” a, dɛn paa na ɛkyerɛ?

NEA AWIEEƐ NO NKYERƐ

  1. AWIEEƐ NO—ƐNKYERƐ SƐ OGYA REBƐTƆ AHYE ASASE DWERƐBEE.

    Bible ka sɛ: “[Onyankopɔn de] asase atim ne nnyinasoɔ so; na ɛrenhinhim da biara da.” (Dwom 104:5) Saa asɛm yi ne Bible mu nsɛm foforo ma yɛhu sɛ Onyankopɔn rensɛe asase no, na ɔremma kwan mma obiara nso nsɛe no da!—Ɔsɛnkafoɔ 1:4; Yesaia 45:18.

  2. AWIEEƐ NO—ƐREMMA KƐKƐ!

    Bible no ma yɛhu sɛ Onyankopɔn ahyɛ bere pɔtee a awieeɛ no bɛba. Yɛkenkan sɛ: “Ɛfa saa da anaa dɔn no ho deɛ, obiara nnim, abɔfoɔ a wɔwɔ ɔsoro ne Ɔba no mpo nnim, gye Agya no. Monkɔ so nhwɛ, monkɔ so nwɛn, ɛfiri sɛ monnim berɛ a wɔahyɛ no.” (Marko 13:32, 33) Enti, ɛda adi sɛ Onyankopɔn (“Agya no”) ‘ahyɛ berɛ’ pɔtee a awieeɛ no bɛba ato hɔ.

  3. AWIEEƐ NOƐNYƐ NNIPA ANAA NNEƐMA BI A ƐWƆ WIM NA ƐDE BƐBA.

    Dɛn na ɛde awieeɛ no bɛba? Adiyisɛm 19:11 ka sɛ: “Mehunuu sɛ ɔsoro abue, na hwɛ! ɔpɔnkɔ fitaa bi nie. Na wɔfrɛ deɛ ɔte ne soɔ no Ɔnokwafoɔ a wɔwɔ Ne mu ahotɔsoɔ.” Nkyekyɛm 19 no toa so sɛ: “Na mehunuu akekaboa no ne asase so ahemfo ne wɔn asafodɔm a wɔaboaboa wɔn ho ano sɛ wɔne deɛ ɔte ɔpɔnkɔ no soɔ no ne ne dɔm rebɛko.” (Adiyisɛm 19:11-21) Ɛwom sɛ nsɛm a wɔaka wɔ ha no bebree yɛ kasakoa deɛ, nanso yɛtumi hu sɛ Onyankopɔn bɛsoma abɔfodɔm ama wɔabɛsɛe n’atamfo nyinaa.

Awieeɛ no ho asɛm a Bible ka no yɛ anigyesɛm, na ɛnyɛ asɛm a ɛtu koma

NEA AWIEEƐ NO KYERƐ

  1. AWIEEƐ NO BƐYI ABAN AHOROW A ADI NNIPA HUAMMƆ NO AFI HƆ.

    Bible kyerɛ sɛ: “Ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahennie [aban] bi so. Wɔrensɛe no da, na wɔrennya ahennie no mma ɔman foforɔ biara. Ɛbɛbubu ahennie hodoɔ no nyinaa ama no asã, na ɛno deɛ, ɛbɛgyina daa.” (Daniel 2:44) Sɛnea yɛhuu wɔ asɛm a ɛtɔ so 3 a yɛadi kan aka ho asɛm no mu no, wɔbɛsɛe “asase so ahemfo ne wɔn asafodɔm” a “wɔaboaboa wɔn ho ano sɛ wɔne deɛ ɔte ɔpɔnkɔ no soɔ no ne ne dɔm rebɛko” no.—Adiyisɛm 19:19.

  2. AWIEEƐ NO BƐYI AKOKOAKOKO, AWUDISƐM NE ATƐNKYEA AFI HƆ.

    ‘Onyankopɔn bɛma akodie agyae akɔsi asase ano.’ (Dwom 46:9) “Ateneneefoɔ na wɔbɛtena asase so, na wɔn a asɛm nni wɔn ho na wɔbɛka soɔ. Abɔnefoɔ deɛ, wɔbɛtwa wɔn afiri asase so; na nkontompofoɔ nso, wɔbɛyi wɔn afiri so.” (Mmebusɛm 2:21, 22) “Hwɛ! mereyɛ nneɛma nyinaa foforɔ.”—Adiyisɛm 21:4, 5.

  3. AWIEEƐ NO BƐYI ƆSOM AHOROW A ADI ONYANKOPƆN NE NNIPA HUAMMƆ NO NYINAA AFI HƆ.

    “Adiyifoɔ no hyɛ nkɔntorɔ; asɔfoɔ no nso, wɔde wɔn ahoɔden di nkurɔfoɔ so. . . . Na awieeɛ no, mobɛyɛ dɛn?” (Yeremia 5:31) “Nnipa bebree bɛka akyerɛ me sɛ, ‘Awurade, Awurade, yɛanhyɛ nkɔm wo din mu, na yɛantu adaemone wo din mu, na yɛanyɛ ahoɔdenneɛ bebree wo din mu anaa?’ Ɛnna afei mɛpae mu aka akyerɛ wɔn sɛ: ‘Mennim mo da! Momfiri me so nkɔ, mo a moyɛ mmaratodeɛ!’”—Mateo 7:21-23.

  4. AWIEEƐ NO BƐYI NNIPA A WƆAFA WIASE BƆNE YI ABƆ WƆN BO NO NYINAA AFI HƆ.

    Yesu Kristo kaa sɛ: “Deɛ enti a wɔbu atɛn ne sɛ hann no aba wiase, nanso nnipa dɔ sum sene hann, ɛfiri sɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne.” (Yohane 3:19) Bible ka ɔsɛe bi a ɛbaa wɔ ɔnokwafo Noa bere so no ho asɛm. Ɛka sɛ: “Nsuo yiri sɛee wiase a na ɛwɔ hɔ saa berɛ no. Na ɛnam asɛm korɔ no ara so na wɔakora ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi so ama egya de retwɛn atemmuo ne amumuyɔfoɔ sɛeɛ da.”—2 Petro 3:5-7.

Hyɛ no nsow sɛ wɔde ‘atemmuo ne ɔsɛeɛ da’ a ɛbɛba no totoo ɔsɛe a ɛbaa “wiase” wɔ Noa bere so no ho. Wiase bɛn na wɔsɛee no no? Wɔansɛe asase a yɛte so yi, na mmom ‘wɔsɛee’ “amumuyɔfoɔ”; Onyankopɔn atamfo no. Saa ara nso na Onyankopɔn “atemmuo” a ɔde reba no mu no, nnipa a wɔyɛ Onyankopɔn atamfo no nko ara na wɔbɛsɛe wɔn. Nanso, Onyankopɔn nnamfo deɛ, wɔbɛnya wɔn ti adidi mu te sɛ Noa ne n’abusua no.—Mateo 24:37-42.

Wo deɛ, hwɛ sɛnea asase so bɛyɛ anigye bere a Onyankopɔn ayi nnipa abɔnefo nyinaa afi hɔ no! Ɛda adi sɛ awieeɛ no ho asɛm a Bible ka no yɛ anigyesɛm, na ɛnyɛ asɛm a ɛtu koma. Nanso ebia wobɛbisa sɛ: ‘Enti Bible ma yɛhu bere a awieeɛ no bɛba? Enti abɛn paa? Mɛyɛ dɛn anya me ti adidi mu?’