Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 5

Dɛn Nti na Onyankopɔn Bɔɔ Asase?

Dɛn Nti na Onyankopɔn Bɔɔ Asase?

1. Dɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ asase?

Yehowa bɔɔ asase maa mmarima ne mmea. Ɛyɛ yɛn fie. Enti, wɔammɔ nnipa baanu a wodi kan a wɔne Adam ne Hawa no sɛ wɔnwo nhyɛ ɔsoro mã, efisɛ na Onyankopɔn abɔ abɔfo dedaw sɛ wɔntena soro. (Hiob 38:4, 7) Mmom no, Onyankopɔn de ɔbarima a odi kan no kɔtenaa paradise bi a emu yɛ anigye a wɔfrɛ hɔ Eden turo mu. (Genesis 2:15-17) Yehowa maa Adam ne ne mma a na ɔbɛwo wɔn no anidaso sɛ wɔbɛtena asase so daa.​—Kenkan Dwom 37:29; 115:16.

Mfiase no, Eden turo no nkutoo na na ɛyɛ paradise. Ná nnipa baanu a wodi kan no bɛwo ahyɛ asase so mã. Bere bi akyi no, na wobedi asase nyinaa so na wɔayɛ no paradise. (Genesis 1:28) Wɔrensɛe asase da. Ɛbɛyɛ nnipa fie bere nyinaa.​—Kenkan Dwom 104:5.

Hwɛ video a yɛato din Dɛn Nti Na Onyankopɔn Bɔɔ Asase?

2. Dɛn nti na seesei asase nyɛ paradise?

Adam ne Hawa yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden, enti Yehowa pam wɔn fii turo no mu. Paradise yerae, na onipa biara ntumi nsan mfa mmae bio. Bible ka sɛ: “Asase mpo, ɔde ahyɛ ɔbɔnefo nsa.”—Hiob 9:24.​—Kenkan Genesis 3:23, 24.

So Yehowa ayi n’adwene afi nea enti a ɔbɔɔ nnipa guu asase so no so? Dabi! Ɔno ne ade nyinaa so tumfoɔ. Nea ɔka biara ba mu. (Yesaia 45:18) Ɔbɛsan de nnipa aba asetena a mfiase no na ɔpɛ sɛ wonya no mu bio.​—Kenkan Dwom 37:11, 34.

3. Ɛbɛyɛ dɛn na wɔasan de Paradise aba?

Wɔbɛsan de Paradise aba asase so bere a Yesu redi ade sɛ Onyankopɔn Hene no. Yesu bedi Onyankopɔn abɔfo anim ma wɔasɛe wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn nyinaa wɔ ɔko bi a wɔfrɛ no Harmagedon mu. Ɛno akyi no, Yesu de Satan bɛto afiase mfe 1,000. Onyankopɔn nkurɔfo benya nkwa wɔ ɔsɛe no mu efisɛ Yesu bɛkyerɛ wɔn kwan na wabɔ wɔn ho ban. Wobenya daa nkwa wɔ Paradise wɔ asase so.​—Kenkan Adiyisɛm 20:1-3; 21:3, 4.

4. Bere bɛn na amanehunu befi hɔ?

Bere bɛn na Onyankopɔn beyi bɔne afi asase so? Yesu de “sɛnkyerɛnne” bi a ɛbɛma yɛahu bere a awiei no abɛn no mae. Nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ no betumi atɔre nnipa ase, na ɛma yehu sɛ seesei yɛte “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” mu.​—Kenkan Mateo 24:3, 7-14, 21, 22.

Wɔ mfe 1,000 a Yesu befi soro adi asase so tumi no mu no, obeyi amanehunu nyinaa afi hɔ koraa. (Yesaia 9:6, 7; 11:9) Yesu bedi Hene, na wasan ayɛ Ɔsɔfo Panyin, na ɔbɛpopa wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no bɔne. Enti, Onyankopɔn nam Yesu so beyi yare, nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ, ne owu afi hɔ.​—Kenkan Yesaia 25:8; 33:24.

5. Henanom na wɔbɛtena Paradise a ɛbɛba no mu?

Sɛ wokɔ Ahenni Asa so a, wubehyia nnipa a wɔdɔ Onyankopɔn na wɔpɛ sɛ wosua sɛnea wɔbɛsɔ n’ani wɔ hɔ

Nnipa a wɔyɛ osetie ma Onyankopɔn na wɔbɛtena Paradise. (1 Yohane 2:17) Yesu somaa n’akyidifo no sɛ wɔnkɔhwehwɛ ahobrɛasefo na wɔnkyerɛkyerɛ wɔn sɛnea wobetumi asɔ Onyankopɔn ani. Ɛnnɛ, Yehowa rekyerɛkyerɛ nnipa ɔpepem pii na ama wɔanya Paradise a ɛbɛba asase so no mu atena. (Sefania 2:3) Wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa ahorow so no, nkurɔfo sua sɛ wɔbɛyɛ okununom ne agyanom pa, ne ɔyerenom ne ɛnanom pa. Mmofra ne awofo nyinaa bom som, na wosua sɛnea wobenya asɛmpa no so mfaso.​—Kenkan Mika 4:1-4.