Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Ne Armagedon Ko No?

Dɛn Ne Armagedon Ko No?

Nea Bible aka

 Armagedon ko no yɛ ɔko a etwa to a nnipa aban ahorow ne Onyankopɔn bɛko. Ɛnnɛ mpo, saa aban ahorow yi ne wɔn akyitaafo sɔre tia Onyankopɔn, kyerɛ sɛ, wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ ne tumi ase. (Dwom 2:2) Armagedon ko no de nnipa tumidi bɛba awiei.—Daniel 2:44.

 Asɛmfua “Armagedon” pue baako pɛ wɔ Bible mu; ɛwɔ Adiyisɛm 16:16. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm no ma yehu sɛ, “baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri mu sɛ Armagedon” no, ɛhɔ na “asaase nyinaa so ahemfo” bɛboaboa ‘wɔn ho ano ama ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn da kɛse no mu ko no.’—Adiyisɛm 16:14.

 Henanom na wɔbɛko wɔ Armagedon? Yesu Kristo bedi ɔsoro asafodɔm bi anim ama wɔadi Onyankopɔn atamfo so nkonim. (Adiyisɛm 19:11-16, 19-21) Saa atamfo yi bi ne wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn tumidi, ne wɔn a wobu Onyankopɔn animtiaa.—Hesekiel 39:7.

 Armagedon ko no bɛkɔ so wɔ Mediterranea Apuei fam anaa? Daabi. Armagedon ko no renkɔ so wɔ baabi pɔtee, na mmom ɛbɛkɔ so wɔ asaase nyinaa so.—Yeremia 25:32-34; Hesekiel 39:17-20.

 Armagedon a ɛtɔ da a wɔkyerɛw no “Har–Magedon” (Hebri mu Har Meghiddohnʹ) no kyerɛ “Megido Bepɔw.” Bere bi, na kurow bi wɔ tete Israel a wɔfrɛ no Megido. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ, wodii ako akɛse wɔ mpɔtam hɔ. Ebi wɔ hɔ a ɛho asɛm wɔ Bible mu. (Atemmufo 5:19, 20; 2 Ahene 9:27; 23:29) Nanso, yɛrentumi nka sɛ Armagedon yɛ beae pɔtee bi a ɛbɛn tete Megido. Sɛ wokɔ baabi a na tete Megido wɔ no a, bepɔw kɛse biara nni hɔ. Yesreel Asaasetraa a ɛbɛn hɔ no mpo, ɛhɔ nyɛ baabi a ɛtrɛw kɛse a asraafo a wɔbɛko atia Onyankopɔn no nyinaa bɛkɔ hɔ. Enti Armagedon yɛ biribi a ɛbɛkɔ so wɔ wiase nyinaa. Ɛyɛ ɔko a etwa to a amanaman no bɛboaboa wɔn ho ano ako atia Onyankopɔn tumidi.

 Sɛn na nneɛma bɛkɔ so wɔ Armagedon ko no mu? Ɛwom sɛ yennim sɛnea Onyankopɔn de ne tumi bɛyɛ adwuma, nanso yenim sɛ ɔwɔ akode a ɔde ayɛ adwuma bere bi a atwam. Ebi ne asukɔtweaa, asaasewosow, osu kɛse, ogya ne sɔfe, anyinam, ne yare. (Hiob 38:22, 23; Hesekiel 38:19, 22; Habakuk 3:10, 11; Sakaria 14:12) Anyɛ yiye koraa no, Onyankopɔn atamfo no bi adwene betu afra ama wɔakunkum wɔn ho, nanso wobehu paa sɛ ɛyɛ Onyankopɔn na ɔne wɔn reko.—Hesekiel 38:21, 23; Sakaria 14:13.

 Armagedon bɛsɛe wiase anaa? Ɛrensɛe yɛn asaase yi, efisɛ asaase de, nnipa bɛtena so daa. (Dwom 37:29; 96:10; Ɔsɛnkafo 1:4) Armagedon renhyew nnipa ase, mmom ɛbɛbɔ nnipa ho ban, efisɛ “nnipakuw kɛse bi” a wɔyɛ Onyankopɔn asomfo benya nkwa.—Adiyisɛm 7:9, 14; Dwom 37:34.

 Bible de asɛmfua “wiase” gyina hɔ ma asaase, nanso ɛtɔ da a, ɛde gyina hɔ ma abɔnefo a wɔsɔre tia Onyankopɔn. (1 Yohane 2:15-17) Enti sɛ Bible ka sɛ Armagedon de “wiase awiei” bɛba a, nea ɛkyerɛ ne sɛ abɔnefo na wɔn awiei bɛba.—Mateo 24:3, Akuapem Twi Bible.

 Bere bɛn na Armagedon bɛba? Bere a na Yesu reka “ahohiahia kɛse” a ɛbɛkɔ akowie Armagedon ko no mu ho asɛm no, ɔkaa sɛ: “Ɛdefa saa da no ne dɔn no ho de, obiara nnim, ɔsoro abɔfo ne Ɔba no nso nnim, gye Agya no nko ara.” (Mateo 24:21, 36) Nanso, Bible ma yehu sɛ bere a Yesu aba n’ahenni mu a aniwa nhu no no, saa bere no mu na Armagedon bɛba. Saa bere no fii ase afe 1914.—Mateo 24:37-39.