Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | AWIEEƐ NO ABƐN?

Awieeɛ No Nnipa Pii Bɛnya Nkwa—Wobɛtumi Anya Nkwa

Awieeɛ No Nnipa Pii Bɛnya Nkwa—Wobɛtumi Anya Nkwa

Bible ma yɛhu sɛ awieeɛ no de ɔsɛe bɛba. Ɛka sɛ: “Ahohiahia kɛseɛ a, ɛfiri wiase mfitiaseɛ bɛsi seesei ebi nsiiɛ . . . bɛba. Nokorɛm no, sɛ wɔantwa nna no so a, ɔhonam biara nni hɔ a wɔbɛgye no nkwa.” (Mateo 24:21, 22) Nanso, Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ nnipa pii bɛnya nkwa. Bible ka sɛ: “Wiase . . .  retwam, na deɛ ɔyɛ adeɛ a Onyankopɔn pɛ no tena hɔ daa.”—1 Yohane 2:17.

Wiase bɔne yi retwam, enti sɛ wopɛ sɛ wonya wo ti didi mu na ‘wotena hɔ daa’ a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Wohwɛ a, ɛsɛ sɛ wofiri ase boaboa honam fam nneɛma bi ano de twɛn? Dabi. Bible kyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Yɛkenkan sɛ: “Ɛsiane sɛ yeinom nyinaa bɛnane nti, monhunu nnipa ko a ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu, berɛ a motwɛn na moma Yehowa da no ba yɛ ntɛm mo adwenem no.” (2 Petro 3:10-12) “Yeinom nyinaa” a Bible ka sɛ ɛbɛnane no yɛ aban ahorow a ɛredi wiase bɔne yi so ne wɔn a wɔtaa saa aban no akyi na wɔpo Onyankopɔn no nyinaa. Sɛ yɛboaboa nneɛma ano sɛ dɛn mpo a, ɛrentumi nnye yɛn nkwa wɔ ɔsɛe a ɛreba no mu.

Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛbɛnya yɛn ti adidi mu a, gye sɛ yɛbata Yehowa Nyankopɔn ho na yɛsua sɛnea yɛbɛbɔ yɛn bra ma asɔ n’ani. (Sefania 2:3) Ɛnnɛ, adanse bebree wɔ hɔ a ɛma yɛhu sɛ awieeɛ no abɛn, nanso nnipa dodow no ara abu wɔn ani agu so; ɛnsɛ sɛ yɛdi saa nkurɔfo no akyi, na mmom ɛsɛ sɛ ‘yɛma Yehowa da no ba yɛ ntɛm wɔ yɛn adwenem.’ Yehowa Adansefo bɛtumi afi Bible mu akyerɛ wo sɛnea wobɛtumi anya nkwa wɔ ɔsɛe a ɛreba no mu.