Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wonim?

So Wonim?

Tete nneɛma a wɔahu foa Bible so?

Asiria hene Sargon II a wɔka ne ho asɛm wɔ Yesaia 20:1

Wɔtintimii asɛm bi wɔ nwoma bi mu, na ɛkyerɛ sɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no bobɔ nnipa “bɛyɛ 50” a wɔtenaa ase ankasa din. Ɛnnɛ, nneɛma a wɔatutu fam ahu kyerɛ sɛ saa asɛm no yɛ nokware. Efisɛ, Yuda ne Israel ahemfo 14 ka nnipa a nwoma no ka wɔn ho asɛm no ho. Wɔn mu bi ne Dawid ne Hesekia a Bible ka wɔn ho nsɛm pii, ne nnipa afoforo te sɛ Menahem ne Peka a Bible nka wɔn ho nsɛm pii no. Nwoma no san ka ahemfo 5 a wɔdii ade wɔ Egypt, ne ahemfo 19 a wɔdii ade wɔ Asiria, Babilon, Moab, Persia, ne Siria ho asɛm. Nanso, ɛnyɛ ahemfo nko ara na Bible aka wɔn ho asɛm a wɔasan ahu wɔn din wɔ tete nneɛma mu. Wɔahu asɔfo mpanimfoɔ, ɔkyerɛwfo, ne mpanimfoɔ afoforo a Bible ka wɔn ho asɛm nso din wɔ tete nneɛma mu; wɔnyɛ nnipa a wɔagye din te sɛ ahemfo no.—Biblical Archaeology Review.

Asɛm a wɔtintimii no ka sɛ “animdefo dodow no ara gye tom” sɛ saa nnipa a Bible bobɔ wɔn din no yɛ nnipa a wɔtenaa ase ankasa. Saa ara nso na Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ka nnipa pii a wɔtenaa ase tete no ho asɛm. Ɛnnɛ, tete nneɛma a wɔahu foa so sɛ, wɔyɛ nnipa a wɔtenaa ase ankasa. Wɔn mu bi ne: Herode, Pontio Pilato, Tiberio, Kaiafa, ne Sergio Paulo.

Bere bɛn na gyata ase hyee wɔ Israel asase so?

Ntayaa a wɔde ayɛ mfonini fɛfɛɛfɛ wɔ tete Babilon

Ɛwom sɛ ɛnnɛ gyata biara nni Israel asase so deɛ, nanso Kyerɛwnsɛm no ka gyata ho asɛm bɛyɛ mpɛn 150. Wei kyerɛ sɛ na Bible akyerɛwfo no nim wɔn ho nsɛm. Gyata ho asɛm a wɔkae no dodow no ara yɛ kasakoa deɛ, nanso kyerɛwtohɔ no ma yɛhu sɛ wɔhuu gyata ankasa. Wɔkyerɛ sɛ Samson, Dawid, ne Benaia mu biara kum gyata. (Atemmufoɔ 14:5, 6; 1 Samuel 17:34, 35; 2 Samuel 23:20) Agyata nso kunkum nnipa bi.—1 Ahemfo 13:24; 2 Ahemfo 17:25.

Tete no, na wɔtumi hu gyata bi a wɔfrɛ no Asiatic lion anaa Panthera leo persica wɔ Asia Kumaa ne Greece kɔsi Palestina, Siria, Mesopotamia, ne India atifi atɔe fam. Ná mmoa yi ho yɛ hu na na wɔsom bo paa ma wɔn, enti mpɛn pii no na wɔhu wɔn ho mfonini wɔ baabi a wɔkora tete nneɛma so a wɔfrɛ hɔ Near Eastern no. Tete Babilon no, na wɔde ntayaa ayeyɛ agyata mfonini fɛfɛɛfɛ agu afasu ho wɔ ɔkwan titiriw a na ɛwɔ hɔ no ho.

Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ ntɔkwa a ɛkɔɔ so wɔ Kristofo ne Palestinafo ntam wɔ mfe 900 a atwam ni no maa wɔkunkum agyata pii. Bɛyɛ mfe 700 a atwam ni no, na ɛte sɛ nea agyata a wɔwɔ hɔ no ase ahye koraa. Nanso bɛyɛ mfe 200 a atwam ni no, wɔkyerɛ sɛ ɛwom ara a na wɔhu gyata wɔ Mesopotamia ne Siria. Saa ara nso na bɛyɛ mfe 100 ni no, na wɔhu bi wɔ Iran ne Iraq.