Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Da a Wobɛda Ma Aso Wo

Da a Wobɛda Ma Aso Wo

Da a Wobɛda Ma Aso Wo

MFE 50 a atwam ni no, wɔanya sɛnea nna te mu ntease a ɛkɔ anim kɛse. Nea wɔasua ahu no abɔ adwene a ɛnteɛ a na nnipa kura bere tenten no agu. Emu biako ne ka a wɔka sɛ sɛ obi da a, nipadua no dwumadi ahorow brɛ ase, enti bere a obi ada no ɛte sɛ nea ɔnyɛ hwee.

Aduruyɛ mu nhwehwɛmufo nam sɛnea amemene no yɛ adwuma a wɔasua ho ade no so ahu sɛ nna wɔ afã horow na edi kyinhyia pii. Enti sɛ anka onipa amemene nyɛ hwee bere a yɛada no, edu nna no afã bi a, ɛyɛ adwuma denneennen. Nna a eye hwehwɛ sɛ yɛbɛfa afã horow yi mu mpɛn anan anaa nea ɛboro saa anadwo biara, na amemene no yɛ adwuma kyɛ kakra wɔ kyinhyia no mu biara mu.

Sɛnea Nna Yɛ Nwonwa Fa

Nna a wɔda anadwo no wɔ afã abien: nea wɔtaa frɛ no REM nna (bere a ani kesua no twa kurukuru, anaa daeso bere) ne nna a ɛnyɛ REM (nea wɔnso dae). Wubetumi akyerɛ sɛ ebia obi ada REM nna bere a wuhu sɛ n’ani kesua twa kurukuru wɔ n’ani akyi nam no mu no.

Yebetumi akyɛ nna a ɛnyɛ REM nna mu anya afã horow anan. Sɛ wotɔ wo kɛtɛ so a, wo de nkakrankakra hyɛn ɔfã a edi kan no mu—anikum ma nna wiawia wo nkakrankakra. Sɛ edu saa bere yi a, wo ho dwudwo na w’amemene no ahoɔden kɔ soro ba fam na ɛyɛ adwuma ntɛmntɛm. Anadwo biara sɛ efi ase a, edi bɛyɛ anibu 30 kosi simma 7. Sɛ wohyɛn ɔfã a ɛto so abien—nna ankasa—a ebegye wo anadwo no mu nkyem anum mu biako no mu a, amemene no ahoɔden no ano yɛ den. Sɛ ɛba saa wɔ nna no mu a, w’adwene betumi akyin nneɛma pii so, nanso sɛ w’aniwa gu so mpo a worentumi nhu biribiara esiane sɛ wunnim nea ɛrekɔ so nti.

Nea edi so ne ɔfã a ɛto so abiɛsa ne anan—bere a obi ada hatee no. Sɛ ɛba saa a, amemene no ahoɔden brɛ ase. Saa bere yi na ɛyɛ den sɛ wobenyan wo no, efisɛ na wo mogya dodow no ara reyɛ adwuma wɔ wo ntini mu. Sɛ saa bere a egye bɛyɛ anadwo no mu nkyem abien no du so a, nipadua no siesie nneɛma a atõtõ wom no, na saa bere yi na mmofra nipadua tumi nyin. Ehia sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ, sɛ abofra anaa ɔpanyin anna hatee a, ɔbɛsɔre afi nna mu no na ɔte nka sɛ wabrɛ, wayɛ basaa, anaa mpo wahaw.

Awiei koraa no, REM nna a ɛsono sɛnea ɛte koraa no na ɛde ɔfã biara ba awiei. Sɛ edu daeso bere a ɛtaa si bɛyɛ simma 90 biara no a, mogya pii fa amemene no mu na ɛma ɛyɛ adwuma te sɛ nea wasɔre afi nna mu ara pɛ. Nanso worentumi nkeka wo ho. Ɛte sɛ nea saa bere a wuntumi nkeka wo ho yi bɔ wo ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a worenyɛ nneɛma a woreso ho dae no mfa mpira wo ho anaasɛ afoforo.

Ɛte sɛ nea bere biara a REM, anaa daeso bere yi bedu so no, kyinhyia no kyɛ kakra, na eyi boa ma adwene no tumi yɛ adwuma yiye. Amemene no yɛ nneɛma a wode asie w’adwene mu bere tiaa mu no mu nhwehwɛmu te sɛ kɔmputa de yiyi nneɛma a enhia no fi mu, na akora nea wubehia de adi dwuma daakye no so. Abɛda adi sɛ sɛ daeso bere no so twitwa a, ebetumi de nkate mu haw aba. Sɛ nhwɛso no, wɔn a nnakorokoro wɔ wɔn so no nsõ dae nkyɛ, na ɛma wɔn dadwen yɛ kɛse.

Ɛnde, sɛ bere nyinaa yɛn nna nso yɛn (sɛ yɛn ankasa de kame yɛn ho anaa biribi nti yentumi nna) ma enti yɛde nna ho ka a, dɛn na ɛbɛba yɛn so? Sɛ yɛn nna anso yɛn a, yɛrentumi nnu REM nna a etwa to a ɛkyɛ sen biara a ɛno na ɛboa ma yɛn adwene yɛ adwuma yiye no mu. Sɛ yɛn nna twitwa sisi ntiantia a, yɛntaa nna nkɔ akyiri na asiesie yɛn nipadua. Wɔn a wɔde nna ho ka pii no adwene ntumi nkyere nsɛm nkyɛ, wɔn werɛ taa fi ade, wontumi nkyerɛkyerɛ nsɛm mu yiye, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobesusuw nneɛma ho yiye, na ɛyɛ wɔn den sɛ wɔbɛbɔ wɔn tirim ayɛ ade.

Dɛn na ɛma nipadua no hwehwɛ nna? Nneɛma pii na ɛka bom ma yetumi da sɔre daa. Ɛda adi sɛ adwene no mu ahoɔdennuru wɔ dwuma a edi wɔ eyi mu. Afei nso ehon ntini nkwammoaa no aboa ano wɔ amemene no mu, na ɛda adi sɛ ɛboa ma yetumi da. “Ntini nwonwaso” yi bɛn faako a aniwa ntini no hyia no. Ne saa nti, hann tumi ka wo nna. Hann a ano yɛ den betumi anyan wo afi nna mu, na esum ma wutumi da.

Wo nipadua mu ɔhyew nso ka ho bi. Sɛ wo ho yɛ hyew paa—ne titiriw anɔpa anaa anwummere—a, na wutumi keka wo ho yiye. Sɛ wo ho hyew no dwo a, ɛma w’ani fi ase kum. Nhwehwɛmufo gye tom sɛ ɛsono sɛnea obiara nna ne ne sɔre te.

Bere Tenten Ahe na Ɛsɛ sɛ Wode Da?

Nyansahufo kyerɛ yɛn sɛ, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ɛsɛ sɛ onipa biara de bɛyɛ nnɔnhwerew awotwe da anadwo biara. Nanso nhwehwɛmu a wɔayɛ kyerɛ nso sɛ ɛsono nna dodow a obiara hia.

Nokwaredi a wode bɛyɛ wo ho mu nhwehwɛmu no betumi akyerɛ sɛ ebia wo da yiye anaasɛ wode nna ho ka. Animdefo dodow no ara gye nna pa ho sɛnkyerɛnne a edidi so yi tom.

◼ Wotɔɔ hɔ ara na wada, bere a womfa nnuru anaa wo ho nyeraw wo.

◼ W’ani ntaa nte wɔ ɔdasum, na sɛ mpo w’ani te a, wutumi san da ntɛm ara.

◼ Wotaa sɔre wɔ bere koro mu anɔpa bere a dɔn biara nnyan wo.

◼ Sɛ wunya sɔre a na wasɔre, na wote nka sɛ wo ho asisi wo ho so.

Nyansahyɛ a Mfaso Wɔ So

Na wɔn a ɛwom wom a, na nnakorokoro akye wɔn no nso ɛ? Animdefo bi de nyansahyɛ ahorow yi ma:

1. Sɛ worekɔda a, nnom nsã anaa anonne a ɛpam anikum te sɛ kɔfe anaa tii. Nnipa pii di mfomso susuw sɛ sɛ wɔnom nsã a, ebetumi aboa wɔn ma wɔada. Nanso nhwehwemu kyerɛ sɛ nsã betumi ama wo nna atetew w’ani so ma worentumi nna bio.

2. Gyae sigaretnom. Nhoma bi ka sɛ: “Ɛyɛ den ma wɔn a wɔnom sigaret no sɛ wɔn ani bekum ma wɔada efisɛ sigaret ma mogya bɔ kɛse, na ɛma koma bɔ ntɛmntɛm, na ɛkanyan adwene no ahoɔden a ɛde yɛ adwuma no. Wɔn a wɔnom sigaret no taa nyan wɔ ɔdasum, esiane wɔn ho a ebia etutu wɔn nti.”

3. Sɛ worekɔda a, nyɛ biribi a ɛbɛkanyan wo nipadua anaa w’adwene. Apɔw-mu-teɛteɛ boa ma wutumi da de, nanso aka kakra ma wakɔda no, ɛnsɛ sɛ woteɛteɛ w’apɔw mu. Sɛ worekɔda na sɛ wususuw nsɛm a emu yɛ duru ho a, ɛbɛyɛ den ama wo sɛ w’ani bekum na watumi ada.

4. Hwɛ hu sɛ baabi a woda no ayɛ dinn, esum wɔ hɔ, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ ɛhɔ dwo kakra. Ɛdefa dede ho no, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe a agye din paa no kyerɛe sɛ nnipa a na wɔte bɛn wimhyɛn gyinabea bi no kae sɛ wɔnte wimhyɛn nka bio. Bere a wɔde afiri bi yɛɛ wɔn nna mu nhwehwɛmu no, wohui sɛ wɔn adwene no akyere wimhyɛn dede a ɛyɛe bere a ɛresi fam ne bere a na ɛretu no nyinaa! Nhwehwɛmufo no kae sɛ, nnipa a wɔhwehwɛɛ wɔn mu no nna so tewee dɔnhwerew biako anadwo biara sen wɔn a wɔte baabi a dede nni no. Sɛ wɔde ade hyehyɛɛ wɔn asom anaa wɔfaa kwan foforo bi so tew dede no so a, anka ebetumi aboa wɔn ma wɔada yiye. Ebinom ka sɛ dede a ano nyɛ den, te sɛ nea efi anyinam afiri a ɛbɔ mframa mu no boa ma wɔnte abɔnten so dede.

5. Hwɛ yiye wɔ nnuru a ɛma wɔda a wobɛfa no ho. Adanse pii ama ada adi sɛ nnuru a wɔfa ansa na wɔatumi ada no tumi ka nipa hɔ, na sɛ wɔfa ma ɛkyɛ a entumi nyɛ adwuma yiye, na epira nipadua no. Ne yiye mu paa de, ɛsɛ sɛ wɔfa nnuru a ɛte saa bere tiaa bi.

Esiane sɛ adwennwen betumi ama wanya nnakorokoro nti, wɔkyerɛ sɛ ade biako a ɛbɛma watumi ada yiye ne sɛ ansa na wobɛda no, to w’adwenem na fa asomdwoe da. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, pia da no mu nsɛmnsɛm nyinaa to nkyɛn na yɛ biribi a ɛbɛma w’ani agye, te sɛ akenkan. Ɛda adi sɛ mfaso pii wɔ Bible afotu yi so: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe . . . bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so.”—Filipifo 4:6, 7.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 26, 27]

Adwene a Ɛnteɛ a Nkurɔfo Kura

1. Sɛ wonom anonne a etumi pam anikum a, wubetumi aka kar atwa kwantenten a w’ani renkum.

Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ mpɛn pii no, afirikafo di mfomso susuw sɛ wɔn ani so da hɔ paa. Sɛ ɛsɛ sɛ ɔkwan biara so woka kar twa kwantenten anadwo a, ɛyɛ papa sɛ bere ne bere mu no wubegyina baabi a asiane nni na w’ayi w’ani so kakra (bɛyɛ simma 15 kosi 30), na afei wanantew anaa watu mmirika kakra bere a woteɛteɛ wo nan ne wo nsa mu no.

2. Sɛ mintumi nna a, nea ehia ara ne sɛ meyi m’ani so kakra.

Ɛwom, nanso animdefo susuw sɛ nea eye paa ne sɛ wubenya bere tenten ada nnɔnhwerew 24 biara. Bere tiaa bi a wode beyi w’ani so (bɛyɛ simma 15 kosi 30) no betumi aboa ma w’ani so ada hɔ awiabere a anihaw aba no, na ɛrensɛe da a wobɛda akyɛ anadwo no. Nanso sɛ aka bɛyɛ nnɔnhwerew anan ma woada anadwo na sɛ wuyi w’ani so kakra a, ebetumi asɛe w’anadwo nna.

3. Dae a yɛsõ a yɛkae no na ɛmma yentumi nna yiye.

Dae horow (nea yɛtaa sõ wɔ REM nna mu) a yɛsõ no yɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ yɛdaa yiye, na mpɛn pii no, yɛsõ dae mpɛn anan anaa nea ɛboro saa anadwo biara. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ dae horow a yɛkae no yɛ nea yɛso bere a na yɛrenyan afi nna mu, sɛ ebia yenyanee bere a na dae no rekɔ so anaasɛ bere a dae no baa awiei no ankyɛ na yenyanee. Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ yɛsõ dae bɔne a, ebetumi ahaw yɛn adwene na ama ayɛ den sɛ yɛbɛsan ada.

[Mfonini wɔ kratafa 24, 25]

Sɛ woda yiye anadwo a, ɛma w’ani so da hɔ da mũ nyinaa

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Afei de, nyansahufo ahu sɛ nna di kyinhyia na ɛwɔ afã horow

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Hwɛ yiye wɔ nnuru a ɛma wɔda a wobɛfa no ho

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Ɛyɛ den ma wɔn a wɔnom sigaret no sɛ wɔtɔ hɔ a wɔbɛda