Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wubetumi Ahu Onyankopɔn Din

Sɛnea Wubetumi Ahu Onyankopɔn Din

Sɛnea Wubetumi Ahu Onyankopɔn Din

ƆKENKANFO bi kyerɛw krataa a edi so yi kɔmaa nsɛmma nhoma bi sɛnkyerɛwfo sɛ: “Mede me nkwa nna nyinaa asusuw asɛmmisa yi ho akɔ akyiri, na migye di sɛ wubetumi de ho mmuae ama me. Onyankopɔn din ne dɛn? Yudafo ka sɛ edin no ankasa ayera bere tenten ni. Kristofo frɛ No Yesu. Nkramofo frɛ No Allah. . . . Enti Onyankopɔn din ne dɛn?” Wotintim mmuae yi kaa asɛmmisa no ho wɔ nsɛmma nhoma no mu sɛ: “Sɛnea tete Hebrifo nkyerɛkyerɛ te no, Onyankopɔn yɛ ade nyinaa so tumfoɔ, ne saa nti, Ɔrentumi nnya edin biako. Nanso merema wo awerɛhyem sɛ edin biara a wufi obu mu de bɛfrɛ no no, Obegye wo so.”

Anibiannaso su a ɛte saa a wɔda no adi wɔ Onyankopɔn din ho no abu so nnɛ. Ɛwom sɛ nnipa pii ani gye nyamesom ho de, nanso wɔn a wogye Bible no di no nsusuw ɔsɛmpɔw a ɛfa Onyankopɔn din ho no ho ahe biara. Nanso Onyankopɔn te nka dɛn wɔ ho? So obu no asɛm ketewaa bi?

Ɛyɛ Aniberesɛm

Wode susuw nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Bible no bɔ Onyankopɔn din ankasa Yehowa no mpɛn pii no ho hwɛ. Edin kronkron no pue mpɛn 7,210 wɔ New World Translation of the Holy Scriptures no mu! * Ɛyɛ Onyankopɔn ankasa na ɔde honhom kaa Bible akyerɛwfo no ma wɔkyerɛw ne din no fann saa. Odwontofo Asaf a ɔyɛ akyerɛwfo no mu biako kyerɛwee sɛ: “Na wonhu sɛ wo a wo din de Iehowa no, wo ara nko ne ɔsorosoroni, asase nhina so.” (Dwom 83:19) * Dawid nso kyerɛwee wɔ dwom no mu sɛ: “Yɛn de, yɛkamfo Iehowa, yɛn Nyankopɔn din.”—Dwom 20:8.

Bible kyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn hwehwɛ yɛn koma mu na ohu sɛnea yɛte nka wɔ ne din no ho no. Odwontofo no kae sɛ: “Sɛ yɛn werɛ afi yɛn Nyankopɔn din a, . . . ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔbɛhwehwɛ? Na ɔno na onim komam ahintasɛm.” (Dwom 44:20, 21) Odiyifo Yesaia kyerɛwee sɛ: “Monkamfo Iehowa, mommɔ ne din! momma wonhu ne nneyɛe, aman mu! momma wɔnkae sɛ ne din ama so!”—Yesaia 12:4.

Onyankopɔn ankasa kae sɛ: “Na wɔahu sɛ me din ne Iehowa!” (Yeremia 16:21) Bere foforo nso ɔkae sɛ: “Na mɛyɛ me din kokuroko . . . na amanaman no ahu sɛ mene Iehowa.” (Hesekiel 36:23) Nsɛm a ɛtete sɛɛ twe adwene si bere a Yehowa de abufuw ne wɔn a wɔnkyerɛ obu mma ne din no bedi no so. Onyankopɔn bu asɛm a ɛfa ne din ho no aniberesɛm.

Yehowa Nyankopɔn Ne Wo Ntam Kwan Nware

Ɔkwan bɛn na wubetumi afa so ahu Onyankopɔn din? Dɛn na Onyankopɔn din a wubehu no kyerɛ? Bible no bua sɛ: “Wɔn a wonim wo din de wɔn ho bɛto wo so.” (Dwom 9:10) Ɛda adi sɛ Onyankopɔn din a wubehu no kyerɛ biribi kyɛn sɛ wubehu din no kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ wunya ne mu ahotoso. Ɛno kyerɛ sɛ wubehu Onyankopɔn ko a ɔyɛ na wasua ne su ne ne nsusuwii ho ade. Eyi bɛka wo ma wode wo ho ato no so.

Ɛnam Bible a wobɛkenkan na wasua no yiye no nkutoo so na wubetumi ate Onyankopɔn kõ a Yehowa yɛ no ase. Ɔhyɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ wɔn a wɔdɔ no na wɔkyerɛ obu ma ne din no ho ban. Onyankopɔn ka obi a ɔyɛ saa no ho asɛm sɛ: “Na sɛ ɔfam me ho yi, megye no, mɛma no so, na onim me din. Osu frɛ me, na megye no so, me ne no bɛtra ahohia mu, meyi no na mahyɛ no anuonyam. Mɛma wadi nkwa tenten amee, na mama wahu me nkwagye.”—Dwom 91:14-16.

Hwɛ abusuabɔ soronko a ɛda Yehowa Nyankopɔn ne wɔn a wonim ne din no ntam! Wo nso wubetumi ne no anya abusuabɔ a ɛte saa. Wɔ mpae a wufi komam bɔ mu no, mma ɛnyɛ wo den sɛ wobɛbɔ ne din. Obegye wo so, efisɛ Bible ka sɛ, “ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware.”—Asomafo no Nnwuma 17:27.

[Ase hɔ nsɛm]

^ New World Translation of the Holy Scriptures a Yehowa Adansefo na wotintimii no yɛ Bible nkyerɛase a wɔde nsɛmfua a wɔka nnɛ asi dedaw a wɔmfa nni dwuma bio no ananmu. Nea ɛma nkyerɛase yi da nsow koraa ne din kronkron no a wɔasan de ahyɛ baabi a ɛsɛ sɛ ɛhyɛ wɔ Bible mu no. Ɛde besi nnɛ no, wɔatintim Bible mũ no anaa ne fã bi bɛboro ɔpepem 122 wɔ kasa 45 mu.

^ Kyerɛwnsɛm a Yehowa din pue wom wɔ asɛm yi mu no fi Akuapem Twi Bible Dedaw no mu gye sɛ yɛkyerɛ sɛ efi nkyerɛase foforo bi mu.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 11]

Onyankopɔn Nim Wo Din

Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mede wo din minim wo.” (Exodus 33:12) Nkyɛkyerɛ a na ɛredɛw ho asɛm a wonim yiye no si eyi so dua. Bible no ka sɛ Onyankopɔn “fi nkyɛkyerɛ no mu frɛe sɛ: Mose, Mose!” (Exodus 3:4) Eyi yɛ mpɛn dodow bi a Onyankopɔn de nnipa din ankasa frɛɛ wɔn no ho nhwɛso biako pɛ. Ɛda adi sɛ amansan Bɔfo no ani gye yɛn ho sɛ ankorankoro.

Bible no ka sɛ Onyankopɔn nim nsoromma ɔpepepem pii no mu biara din. (Yesaia 40:26) Ɛnde mpɛn ahe ara na ɔnhwɛ nnipa a wɔsom no no ma ɛmmoro so! Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ “[Yehowa, NW] nim wɔn a wɔyɛ ne de.” (2 Timoteo 2:19) Eyi nkyerɛ sɛ wɔbɛkyere ne din agu wɔn tirim ara kɛkɛ. Onyankopɔn nim n’asomfo yiye. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yenya Onyankopɔn din ne ne su ahorow no ho nimdeɛ a ɛkɔ akyiri.

Bible mu nhoma a etwa to no ka sɛnkyerɛnne kwan so nhoma bi a Onyankopɔn kyerɛw wɔn a wonim ne din na wɔasom no fi teteete no nyinaa din wom ho asɛm. Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn bɛma wɔn a wɔakyerɛw wɔn din wɔ mu no daa nkwa nti, wɔfrɛ no “nkwa nhoma.” (Adiyisɛm 17:8) Eyi yɛ akwanhwɛ a ɛyɛ anigye ma wɔn a wonim Onyankopɔn din no.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 12]

Wɔbɔɔ Onyankopɔn Din

● Dwom bi a Mose toe bere tiaa bi ansa na Israel redu Bɔhyɛ Asase no so: “Iehowa din na mɛbɔ.”—5 Mose 32:3.

● Dawid nsɛm a ɔka kyerɛɛ ɔbran Goliat: “Mede asafo Iehowa, . . . din na mereba wo nkyɛn!”1 Samuel 17:45.

● Hiob nsɛm a ɔkae bere a ɔhweree n’ahode nyinaa na ne mma nyinaa nso wuwui mpofirim no: “Iehowa din na nhyira nka no!”Hiob 1:21.

● Hebri Kyerɛwnsɛm no mu asɛm a ɔsomafo Petro fa kae wɔ ne kasa mu: “Obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa, NW] din no, wobegye no nkwa.”Asomafo no Nnwuma 2:21.

● Odiyifo Yesaia ka sɛ: “Monkamfo Iehowa, mommɔ ne din! . . . momma wɔnkae sɛ ne din ama so!”Yesaia 12:4.

● Bere a Yesu Kristo rekyerɛ n’asuafo mpaebɔ no: “Enti mommɔ mpae sɛ: ‘Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.’”Mateo 6:9, 10.

● Bere a Yesu Kristo rebɔ Onyankopɔn mpae no: “Mayi wo din makyerɛ.”Yohane 17:6.

● Bere a na Onyankopɔn ne ne man rekasa no: “Mene Iehowa, me din ne no, na meremfa m’anuonyam memma obi.”Yesaia 42:8.