Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BIBLE NO ADWENE

Adwenemhaw

Adwenemhaw

Dɛn ne adwenemhaw?

“Mayɛ basaa, na me mu akuntun aboro so; da mũ nyinaa mede awerɛhow nenam.”Dwom 38:6.

NEA NHWEHWƐMUFO KA

Ɛwom wom a, obiara tumi yɛ basaa, nanso adwenemhaw a emu yɛ den yɛ yare a ne ko yɛ den a ɛhaw nnipa pii wɔ wɔn asetenam. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ ɛnyɛ animdefo nyinaa na wɔn adwene hyia wɔ sɛ ebia obi redi awerɛhow “kɛkɛ” anaasɛ “ɔyare” ankasa ho. Nanso, sɛ yɛka sɛ obi di awerɛhow ma ɛboro so na ɛtɔ bere bi mpo a ɛma ɔte nka sɛ ɔnsɛ hwee na obu ne ho fɔ dodo a, mfomso biara nni ho.

NEA BIBLE KA

Bible ka mmarima ne mmea pii a wodii awerɛhow ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, ɛka sɛ Hanah ‘kra werɛ howee’—kasasin a wɔakyerɛ ase “koma a abubu” ne “ahohia kɛse.” (1 Samuel 1:10) Bere bi odiyifo Elia werɛ howee araa ma ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ onye ne kra mfi ne nsam!1 Ahene 19:4.

Wɔkyerɛkyerɛɛ afeha a edi kan Kristofo no sɛ ‘wɔnkyekye akra a wɔahaw werɛ.’ (1 Tesalonikafo 5:14) Nhoma bi ka sɛ, asɛm “akra a wɔahaw” no betumi akyerɛ wɔn a “asetenam dadwen bunkam wɔn so bere tiaa bi mu.” Ɛda adi pefee sɛ, ɛtɔ da a, na mmarima ne mmea anokwafo a Bible ka wɔn ho asɛm no di awerɛhow.

 Sɛ obi wɔ adwenemhaw a, efi no anaa?

“Abɔde nyinaa kɔ so penepene, na wohu amane.”—Romafo 8:22.

NEA BIBLE KA

Bible kyerɛkyerɛ sɛ nnipa baanu a wodi kan no atuatew na ɛde yare bae. Sɛ nhwɛso no, Dwom 51:5 ka sɛ: “Amumɔyɛ mu na wɔwoo me, na bɔne mu na me maame nyinsɛn me.” Na Romafo 5:12 kyerɛkyerɛ mu sɛ “ɛnam onipa biako [onipa a odi kan, Adam] so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, ma owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” Esiane sɛ yenyaa sintɔ fii Adam mu nti, yɛn mu biara tumi yare na yetumi haw. Ne saa nti, Bible ka sɛ, “abɔde nyinaa kɔ so penepene, na wohu amane.” (Romafo 8:22) Nanso, Bible no ma yɛn anidaso bi a dɔkota biara ntumi mfa mma yɛn—Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa wiase foforo a asomdwoe wom, a yare, basabasayɛ ne adwenemhaw nyinaa befi hɔ.Adiyisɛm 21:4.

Wobɛyɛ dɛn agyina adwenemhaw ano?

“Yehowa bɛn wɔn a wɔn koma abubu; ogye wɔn a wɔn honhom abotow.”Dwom 34:18.

NEA ENTI A ƐHO HIA

Ɛnyɛ bere nyinaa na wubetumi adi wo nsɛm tebea ho dwuma, na ɛtɔ da a, nneɛma bɔne betumi aba w’akwan mu. (Ɔsɛnkafo 9:11, 12) Nanso, wubetumi ayɛ nneɛma bi a mfaso wɔ so sɛnea ɛbɛyɛ a awerɛhow remmunkam wo so.

NEA BIBLE KA

Bible ka sɛ wɔn a wɔyare no hia ɔyaresafo. (Luka 5:31) Enti sɛ adwenemhaw a emu yɛ den haw wo a, mfomso biara nni ho sɛ wobɛkɔ ayaresabea akɔhwehwɛ mmoa. Bible san si hia a mpaebɔ ho hia so dua. Sɛ nhwɛso no, Dwom 55:22 ka sɛ: “Dan w’adesoa to Yehowa so, na obeso wo mu. Ɔremma ɔtreneeni nhinhim da.” Mpaebɔ nyɛ biribi a ɛbɛma woate nka sɛ wo ho atɔ wo kɛkɛ; mmom no, ɛyɛ nkitaho ankasa a wo ne Yehowa Nyankopɔn a ‘ɔbɛn wɔn a wɔn koma abubu’ no nya.Dwom 34:18.

Sɛ woka w’asɛm kyerɛ w’adamfo bi a ɔbɛn wo paa a, ebetumi aboa wo. (Mmebusɛm 17:17) Daniela a ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo no ka sɛ, “Me yɔnko gyidini bi korɔkorɔɔ me ma mekaa adwenemhaw a manya no ho asɛm kyerɛɛ no. Ɛwom sɛ bere tenten ni na na mempɛ sɛ mɛka ho asɛm akyerɛ obiara de, nanso mibehui ntɛm ara sɛ ɛno mmom na ehia paa sɛ meyɛ. Sɛnea me ho tɔɔ me wɔ ɛno akyi no yɛɛ me nwonwa paa.”