Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO

Deɛ Ɛsɛ sɛ Wuhunu Fa Adwenemyareɛ Ho

Deɛ Ɛsɛ sɛ Wuhunu Fa Adwenemyareɛ Ho

Bere a dɔkota ka kyerɛɛ Claudia sɛ wanya adwenemyareɛ pɛ, ɔkaa sɛ, “Ná ɛte sɛ nea yɛatua me ahome. Yareɛ yi ho aniwuo nti, na menhu deɛ menyɛ me ho koraa.”

Claudia kunu Mark ka sɛ, “Ɛkyɛree paa ansa na yɛregye asɛm no atom. Nanso, mehunuu sɛ na ɛsɛ sɛ mede biribiara to nkyɛn na mekyekye me yere werɛ.”

SƐ WƆKA sɛ wo anaa wo ho nipa bi anya adwenemyareɛ a, wobɛte nka sɛn? Anigyesɛm ne sɛ, wɔtumi sa adwenemyareɛ. Ma yɛnsusu nneɛma kakraa bi ho; wohu a ɛbɛma woate adwenemyareɛ ase yie. *

Sɛnea Adwenemyareɛ Teɛ Ankasa

“Wiase baabiara a wobɛkɔ no, adwenemyareɛ ka nnipa ɔpepem pii, na ɛha wɔn abusuafoɔ ne wɔn a wɔhwɛ wɔn no nyinaa. Sɛ woyi nnipa nnan biara a, ɛyɛ dɛn ara a wɔn mu baako bɛnya adwenemyareɛ wɔ n’asetena mu. Adwenemhaw na ɛtaa kɔfa adwenemyareɛ ba wɔ wiase baabiara. Adwene mu basaayɛ ka adwenemyareɛ ho, na ɛno nso ha adwene paa. . . . Ɛwom sɛ nnipa pii anya adwenemyareɛ deɛ, nanso wɔntaa nka ho asɛm. Bio nso, nkurɔfoɔ bu wɔn ani gu wɔn so, na wɔmfa wɔn asɛm nyɛ hwee.”—Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO).

Sɛnea WHO ka no, esiane yareɛ no ho aniwuo nti, nnipa pii a wɔanya adwenemyareɛ nhwehwɛ ayaresa.

Ɛwom sɛ wɔtumi sa adwenemyareɛ dodoɔ no ara deɛ, nanso kuo bi bɔ amanneɛ sɛ, afe a etwaam wɔ United States no, mpanimfoɔ dodoɔ a wɔanya adwenemyareɛ ne mmɔfra a wɔanya bi no mu bɛyɛ fã ankɔhwehwɛ ayaresa.—The National Alliance on Mental Illness.

Sɛnea Yɛbɛte Adwenemyareɛ Ase

Dɛn ne adwenemyareɛ? Adwenemyareɛ ho animdefoɔ ka sɛ, sɛ obi ntumi nnwennwene nneɛma ho yie, ɔntumi nhyɛ ne ho so, na ɔyɛ nneɛma basabasa a, na ɛkyerɛ sɛ wanya yareɛ no bi. Yareɛ no mma ɔntumi ne afoforɔ mmɔ, na ɔntumi nyɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ n’asetena mu.

Ɛnyɛ mmerɛwyɛ anaa subammɔne a obi wɔ nti na ɔnya adwenemyareɛ

Obi wɔ hɔ a, sɛ yareɛ no ka ne ho a, ɛkyɛ ansa na ate akɔ; obi nso wɔ hɔ a, ɛnkyɛ. Ne nyinaa gyina adwenemyareɛ kõ a ayɛ onipa no ne n’asetenam nsɛm so. Ɛbɛtumi ayɛ obiara; ɔbaa anaa ɔbarima, abɔfra anaa ɔpanin, sikani anaa hiani, ɔman anaa abusua a obi fi mu anaa asɔre a ɔkɔ mfa ho. Ɛnyɛ mmerɛwyɛ anaa subammɔne a obi wɔ nti na ɔnya adwenemyareɛ. Sɛ obi nya ayaresa a ɛfata a, ne ho bɛtumi atɔ no, na ɔbɛtumi ayɛ nneɛma a mfasoɔ wɔ so pii ma n’ani agye wɔ n’asetena mu.

Sɛnea Wɔsa Adwenemyareɛ

Adɔkotafoɔ bɛtumi asa adwenemyareɛ pii. Enti sɛ obi nya bi a ɛsɛ sɛ ɔdi kan kɔhunu dɔkota a ɔnim adwuma paa ma ɔyɛ ne mu nhwehwɛmu.

Nanso esiane sɛ obi nnom aduro mma ɔyarefoɔ nti, sɛ obi ho bɛtɔ no a, gye sɛ ɔtie adɔkotafoɔ asɛm. Wei hwehwɛ sɛ wɔne afoforɔ bɔ wɔn yareɛ no ho nkɔmmɔ. Sɛ obi pɛ sɛ wɔsa no yareɛ a, ɔbɛtumi ne adwenemyareɛ ho ayaresafoɔ abɔ ho nkɔmmɔ ma wɔaboa no ma wate ne yareɛ no ase. Adɔkotafoɔ bɛtumi aboa no ma wadi ne haw bi so, na wɔahyɛ no nkuran ma wakɔ so adi akwankyerɛ a wɔde ama no no so. Sɛ nea ɔyare no rekɔhunu dɔkota, na sɛ obusuani anaa adamfo bi a ɔbɛhyɛ no nkuran na waboa no ka ne ho a, ɛbɛtumi aboa no paa.

Bere a nnipa pii tee adwenemyareɛ ase yie na wɔdii akwankyerɛ a ayaresafoɔ de maa wɔn so no, wɔahu sɛnea wɔbɛyɛ wɔn adeɛ wɔ yareɛ no ho. Mark a yɛkaa n’asɛm no kaa sɛ, “Ansa na wɔrehu sɛ me yere anya adwenemyareɛ no, na yɛnni ho nimdeɛ ahe biara. Nanso, yɛasua sɛ yɛrennwennwen nneɛma pii ho nha yɛn ho, na sɛ tebea biara sɔre a yɛhwɛ di ho dwuma. Ɛde bɛsi saa bere yi, adɔkotafoɔ, yɛn abusuafoɔ, ne yɛn nnamfonom aboa yɛn paa.”

Sɛ obi nya bi a ɛsɛ sɛ ɔdi kan kɔhunu dɔkota a ɔnim adwuma paa ma ɔyɛ ne mu nhwehwɛmu

Claudia gye nea ne kunu ka no nyinaa tom. Ɔkaa sɛ, “Mfiaseɛ no, metee nka sɛ m’awieeɛ ara ne no. Ɛwom sɛ yareɛ no ama yɛn nyinaa ho kyere yɛn deɛ, nanso akwansideɛ biara nni hɔ a yɛrentumi nnyina ano. Nea aboa me ne sɛ metie adɔkotafoɔ ne nnipa a wɔhwɛ me no nyinaa. Afei nso, me ne afoforɔ bɔ, na memfa nneɛma pii nha me ho.”

Yɛne Onyankopɔn Abusuabɔ Ho Hia

Bible nka sɛ, sɛ obi ne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ a, ne yareɛ nyinaa bɛtu ayera. Nanso Bible nkyerɛkyerɛ ahyɛ mmusua pii a wɔwɔ wiase baabiara den na akyekye wɔn werɛ. Ɛma yɛn awerɛhyem sɛ yɛn Bɔfoɔ a ɔdɔ yɛn no ani gye ho sɛ ɔbɛkyekye wɔn a “wɔn akoma abubuo” ne “wɔn a wɔn honhom abotoɔ” no werɛ.Dwom 34:18.

Ɛwom sɛ Bible nyɛ ayaresa nwoma deɛ, nanso ɛma yɛn akwankyerɛ pa a ɛbɛtumi aboa yɛn ma yɛagyina ɛyaw ne awerɛhoɔ ano. Afei nso, ɛbɛtumi ama yɛanya daakye ho anidasoɔ; saa bere no yareɛ ne yaw nyinaa bɛfiri asase so. Onyankopɔn Asɛm hyɛ bɔ sɛ: “Saa berɛ no anifirafoɔ ani bɛbue na asotifoɔ aso ate asɛm. Ɛberɛ no mu na apakye bɛhuri sɛ ɔforoteɛ na mum kɛtrɛma de anigyeɛ abɔ ose.”Yesaia 35:5, 6.

^ nky. 5 Nea ɛbɛyɛ na yɛn adwene ntu mfra no, yɛde “adwenemyareɛ” bɛgyina hɔ ama adwenemyareɛ ahodoɔ nyinaa wɔ asɛm yi mu.

^ nky. 32 Nyan! nkamfo aduroyɛ biara nkyerɛ. Ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ hu sɛ ayaresa biara a wɔbɛhwehwɛ no ne Bible nnyinasosɛm ahodoɔ hyia.

^ nky. 40 Afei hwɛ asɛm a wɔato din “Adwennwene—Deɛ Ɛbɛma Afiri Wo So” wɔ May 2014 Nyan! mu.