Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BIBLE NO ADWENE

Onyankopɔn Maa Ebinom Soo Dae

Onyankopɔn Maa Ebinom Soo Dae

Enti Onyankopɔn afa dae so ne nnipa akasa pɛn?

“[Onyankopɔn diyifo] Daniel soo dae . . . wɔ ne mpa so. Saa bere no, ɔkyerɛw ɔdae no too hɔ. Ɔkaa asɛm no nyinaa.”—Daniel 7:1.

NEA BIBLE KA

Onyankopɔn afa akwan pii so aka ne nsɛm akyerɛ nnipa. Bere a wɔrekyerɛw Bible no, ɛtɔ da a na ɔfa dae so ne nnipa kasa. Nanso ɛnte sɛ dae a yɛda a yɛso no; wunhu ne ti nhu ne nkɔn. Dae a Onyankopɔn maa nnipa soe no deɛ, na emu da hɔ na ntease wom, na na ɔde ka asɛm paa kyerɛ nnipa. Ɛho nhwɛso ni: Odiyifo Daniel soo dae bi huu mmoa bi a na wogyina hɔ ma amammui tumidi; efi Babilon tumidi so besi yɛn bere yi so. (Daniel 7:1-3, 17) Ná Yosef a ofi Nasaret yɛ Yesu papa wɔ asase so, na Onyankopɔn faa dae so ka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa ne yere ne ne ba Yesu nguan nkɔ Egypt. Ɛno nti Ɔhene Herode otirimɔdenfo no annya Yesu ankum no. Bere a Herode wui no, Nyankopɔn san faa dae so ka kyerɛɛ Yosef. Saa bere no ara nso ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa ne yere ne ne ba no nsan nkɔ ne kurom.—Mateo 2:13-15, 19-23.

 Ɛnnɛ nso Onyankopɔn fa dae so ne yɛn kasa anaa?

“Monnyɛ ade nntra nea wɔakyerɛw.”—1 Korintofo 4:6.

NEA BIBLE KA

Dae a ɛwɔ Bible mu no, ɛka Nyankopɔn asɛm a wada no adi akyerɛ nnipa no ho. Bible ka wɔ 2 Timoteo 3:16, 17 sɛ: “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ, trenee mu nteɛso, na Onyankopɔn nipa afata koraa a wɔasiesie no yiye ama adwuma pa biara.”

Bible no ‘siesie yɛn yiye,’ efisɛ biribiara a ɛsɛ sɛ yehu fa Onyankopɔn ho no, ɛda no adi kyerɛ yɛn—ne suban, n’abrabɔ ho mmara, ne dwuma a ɔde yɛn di sɛnea ɛbɛyɛ a nea enti a ɔbɔɔ asase yi bɛyɛ hɔ. Enti Onyankopɔn mfa dae so ne nnipa nkasa bio. Enti sɛ yɛpɛ sɛ yehu nea ebesi daakye ne nea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ a, ɛnsɛ sɛ ‘yɛyɛ biribiara tra nea wɔakyerɛw no,’ kyerɛ sɛ nea wɔakyerɛw no Bible mu no. Bio nso onipa desani biara betumi anya Bible no bi asua nneɛma a Onyankopɔn ada no adi akyerɛ yɛn no; dae a ɛwom nso ka ho.

Dae ne anisoadehu a ɛwɔ Bible mu no, adɛn nti na wobɛtumi de wo ho ato so?

“Nea efi Onyankopɔn hɔ na nnipa kae sɛnea honhom kronkron kaa wɔn no.”—2 Petro 1:21.

NEA BIBLE KA

Dae ne anisoadehu a ɛwɔ Bible mu no, dodow no ara yɛ nkɔmhyɛ a na ɛbɛbam daakye. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Bible mu no, ɛma yehu sɛ Kyerɛwnsɛm no yɛ nokware, na akyerɛwfo no nso yɛ anokwafo. Nea wɔkyerɛwee no, ɛbaa mu pɛpɛɛpɛ? Wo deɛ, yɛnyɛ ho nhwɛso. Daniel 8:1-7 ka anisoadehu bi. Bere a Babilon Ahenni rebɛkɔ awiei na ɔkyerɛwee.

Ɔkaa odwennini ne ɔpapo bi ho asɛm. Ɔkyerɛe sɛ ɔpapo no pem odwennini no hwee hɔ tiatiaa no so. Daniel amfa ne tirim ankyerɛ dae no ase. Onyankopɔn somaa ɔbɔfo bi ma ɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: “Odwennini a wohunuu no a ɔwɔ mmɛn mmienu no gyina hɔ ma Media ne Persia ahemfo. Ɔpapo a ne ho wɔ nwi bebree no nso gyina hɔ ma Hela hene.” (Daniel 8:20, 21, Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ, Asante Twi) Wohwɛ abakɔsɛm mu a, Media ne Persia tuu Babilon adeɛ so bedii wiase nyinaa so. Afei bɛyɛ mfe ahanu akyi, Hela hene, Alexander Ɔkɛseɛ nso tuu Media ne Persia. Sɛnea saa asɛm no baa mu no yɛ nwonwa paa, na ɛkyerɛ sɛ Bible mu nkɔmhyɛ ne dae a ɛwom yɛ nokware turodoo. Eyi nko ara nti, Bible da nsow wɔ nhoma kronkron a aka nyinaa ho, na yetumi de yɛn ho to so.