Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMABUN

Wobɛyɛ Dɛn Adi Sɔhwɛ So?

Wobɛyɛ Dɛn Adi Sɔhwɛ So?

ƆHAW NO

“Ɛyɛ a mmaayewa bi ka sɛ memfa me telefon nɔma mma wɔn, na wɔde wɔn ho bɛma me. Wɔbisa me a, memfii wɔn; metwam kɔ me baabi. Nanso akyiri yi biribi tumi ba me tirim sɛ, ‘Na sɛ́ mede ma wɔn a, ɛnyɛ hwee?’ Wohwɛ paa nso a, wotumi hu sɛ mmaayewa no bi ho yɛ fɛ paa. Anhwɛ a, wobɛka sɛ, ‘Mede ma no a na ayɛ dɛn?’”—Carlos, * 16.

Ɛyɛ a wo nso sɔhwɛ tumi to wo te sɛ Carlos? Sɛ saa na ɛte a, nsuro, wobɛtumi adi nkonim.

NEA ƐSƐ SƐ WOHU

Sɛ woma sɔhwɛ yi wo a, wo ara na ɛbɛha wo

Sɔhwɛ bɛtumi ato obiara; ɛbɛtumi ato mpanyimfo mpo. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, sɔhwɛ bɛtumi afa akwan pii so aba. Ná ɔsomafo Paulo anyin nanso ɔkyerɛw sɛ: “M’ani gye Onyankopɔn mmara ho yiye, nanso mihu mmara foforo bi wɔ m’akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara.” (Romafo 7:22, 23) Ná sɔhwɛ no mu yɛ den nanso Paulo gyinaa pintinn, wampa aba, enti wo nso wobɛtumi adi nkonim. Sɛ wohwɛ mu paa a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ woma bɔne fa wo dommum? (1 Korintofo 9:27) Seesei a woyɛ ɔbabun yi, sɛ wosua sɛnea wobɛtumi adi sɔhwɛ so a, ɛbɛma dadwen pii afi wo so nnɛ, na wonyin a, ɛbɛboa wo paa.

TV ne radio ne nnwom sɛe asɛm no. Bible ma yɛte ase sɛ “mmerantebere mu akɔnnɔ” ano yɛ den. (2 Timoteo 2:22) Nanso sini ne TV so dwumadi, nnwom, ne nhoma a yɛtɔn ma mmabun no, ɛma mmabun nya ntease bi sɛ, sɛ woanni sɔhwɛ so a, ɛnyɛ hwee na ɛno nso ma akɔnnɔ bɔne no mu yɛ den. Yɛmfa no sɛ worehwɛ sini bi, ɛnna woahu ɔbaa ne barima bi a wɔse wɔdɔ wɔn ho. Wohu no saa a, ɛkyerɛ sɛ nea ɛbɛyɛ biara ɔne no bɛda. Nanso Bible kyerɛ sɛ, yɛka ɔbaa ne barima paa a, ɛne wɔn a wɔtwe wɔn ho fi “ɔhonam akɔnnɔ” ho. (1 Petro 2:11) Wei nyinaa kyerɛ sɛ, sɛ wopɛ a, wobɛtumi adi sɔhwɛ so. Nanso wobɛyɛ no sɛn?

 NEA WOBƐTUMI AYƐ

Dɛn na ɛtumi wo? Sɛ kɔnmuade bɛte a, ɛte ne pɔ so—baabi a ahi anaa baabi a abue kakra. Saa na ɛte wɔ nnipa ho. Nea ɛtumi wo no, woanhwɛ yiye a ɛno ara na ɛbɛyi wo ahwe. Enti wohwɛ a nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wohwɛ wo ho yiye wɔ ho?Bible mu asɛm: Yakobo 1:14.

Da wo ho so. Sɛ wowɔ hɔ a, fa w’ani bu nneɛma bi a ɛbɛtumi ayɛ sɔhwɛ ama wo. Sɛ sɔhwɛ no ba a, dɛn na wobɛyɛ? Dwene ho to hɔ.—Bible mu asɛm: Mmebusɛm 22:3.

Ma w’adwene nsi wo pi. Bible ka sɛ bere a obi kae sɛ Yosef ne no mmɛbu brabɔne no, Yosef kae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na matumi adi amumɔyɛsɛm a ɛte sɛɛ na mayɛ bɔne atia Onyankopɔn?” (Genesis 39:9) Sɛnea Yosef kae sɛ “Ɛbɛyɛ dɛn na matumi” no kyerɛ sɛ na ɔnim papa ne bɔne. Na wo nso ɛ?

Fa nnamfo pa. Wofa nnamfo a wo ne wɔn gyidi yɛ baako a, ɛbɛyi sɔhwɛ pii afi w’akwan mu. Bible ka sɛ: “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo.”Mmebusɛm 13:20.

Hwɛ yiye na woamfa wo ho ankɔto sɔhwɛ mu. Nea ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye wɔ ho no, ebi ni:

  • Sɛ woyɛ barima a, hwɛ yiye na wo ne ɔbaa bi nko ara ankɔhyɛ baabi; woyɛ ɔbaa nso a, hwɛ yiye saa.

  • Sɛ wobɛkɔ Intanɛt so a, hwɛ yiye na bere a wode kɔ so ne baabi a ɛwɔ no antwetwe wo amma woanhwɛ ponografi.

  • Nnipa bi wɔ hɔ a, wotie wɔn kasa hwɛ wɔn nneyɛe a, ɛma bɔne koraa yɛ akɔnnɔ. Saa nnipa no, twe wo ho fi wɔn ho.

Wo ara nso wohwɛ a, dɛn na woyɛ a ɛremma wonkɔ sɔhwɛ mu?—Bible mu asɛm: 2 Timoteo 2:22.

Bɔ ho mpae. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mommɔ mpae na moankɔ sɔhwɛ mu.” (Mateo 26:41) Asɛm no ara ne sɛ Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ wogyina pintinn wɔ sɔhwɛ mu, na ɔbɛtumi ama woadi nkonim nso. Bible se: “Ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mubetumi, na mmom ɔbɛma kwan abɛda sɔhwɛ no ho a mode befi mu, na moatumi agyina ano.”1 Korintofo 10:13.

^ nky. 4 Yɛasesa din no.