Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsuro—Wubetumi Adi Sɔhwɛ So!

Nsuro—Wubetumi Adi Sɔhwɛ So!

“Me de, manyɛ m’adwene sɛ merekɔhwɛ ponografi. Mewɔ Intanɛt so; mehu ara ne sɛ biribi abɛtɔ so. M’ani baa me ho so na maklik so ma abue.”—CODY. *

“Ababaawa sɔɔnɔ bi fii ase de ne ho hyehyɛɛ me wɔ adwumam. Da koro bi de, ɔka kyerɛɛ me sɛ yɛnkɔ hotɛl bi ‘nkɔsɛpɛw yɛn ho.’ Ɔkaa saa pɛ na mihuu nea ɔrepɛ akyerɛ.”—DYLAN.

“HENA na ɛwoɔ sɔ gu n’ano a, ɔntafere?” Nnipa pii taa ka saa asɛm yi de kyerɛ adwene a wokura wɔ bɔne ho, kyerɛ sɛ, wɔn komam paa de, sɛ bɔne de ne ho ba a, wɔremma entwam nkɔ. Nanso ebinom de, wohu bɔne sɛ ɔtamfo a ɔtaataa wɔn. Ɛkaa wɔn nko a, anka wɔadi ne so nkonim. Wo nso ɛ? Sɛ bɔne ba w’akwan mu a, wubegyigye so anaa wobɛko adi so?

Ɛwom, nneɛma nketenkete bi wɔ hɔ a, yɛyɛ a enye, nanso ɛnhyɛ da mfa ɔhaw kɛse bi mmrɛ yɛn. Fa no sɛ biribi nti wɔaka akyerɛ wo sɛ nwe bisket pii, nanso ɛwom ara a na wo kɔn adɔ ama woawia wo ho awe kakra. Ebia ɛremfa ɔhaw kɛse biara mmrɛ wo. Nanso, sɔhwɛ bi wɔ hɔ a, sɛ wugyigye so a, nsunsuanso a ɛde bɛba no nye koraa, ɛnkanka nea ɛfa nna mu ɔbrasɛe ho no. Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Obiara a . . . [ɔsɛe] aware no nni ti; nea ɔyɛ saa no sɛe ɔno ara ne kra.” —Mmebusɛm 6:32, 33.

Sɛ biribi regyigye wo akɔ bɔne mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Bible ka sɛ: “Eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, sɛ mo ho bɛtew, sɛ mobɛtwe mo ho afi aguamammɔ ho; sɛ mo mu biara behu sɛnea ɔbɛhyɛ n’ankasa nipadua so wɔ ahotew ne nidi mu.” (1 Tesalonikafo 4:3, 4) Wobɛyɛ dɛn ahyɛ wo ho so saa? Yɛnhwɛ nneɛma abiɛsa bi a ebetumi aboa wo.

Nea Edi Kan: Hwɛ Yiye na W’ani Ansum Wo Afiri

Sɛ yɛde yɛn ani hwɛ nneɛma a ɛtwetwe nna ho akɔnnɔ a, ebetumi ama adwemmɔne aba yɛn tirim. Yesu ma yehu sɛ obi de n’ani hwɛ biribi a, ne kɔn tumi dɔ dekode no. Enti ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbea anya akɔnnɔ ama no no asɛe aware dedaw ne koma mu.” Ɔtoaa asɛm no so de kasakoa  yɛɛ adwuma sɛ: “Sɛ w’aniwa nifa reto wo hintidua a, tu na tow kyene.” (Mateo 5:28, 29) Dɛn na Yesu repɛ akyerɛ? N’asɛm no kyerɛ sɛ, sɛ yebetumi ako atia bɔne a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nan si fam, na yesi yɛn bo sɛ yɛrenhwɛ biribiara a ɛbɛma yɛanya akɔnnɔ bɔne.

Sɛ w’ani bɔ mfonini a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ so a, yi w’ani ntɛm ara

Yɛmfa no sɛ obi de kanea a ano yɛ den paa ato w’ani. Dɛn na wobɛyɛ? Wubeyi w’ani anaasɛ wobɛhan w’ani ahwɛ? Anka ntɛm pa ara wubeyi w’ani ato nkyɛn, ɛnte saa? Saa ara na sɛ w’ani bɔ mfonini a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ so wɔ kɔmputa so, television so, nhoma mu, anaa wode w’ani kann hu biribi saa a, ɛsɛ sɛ woyɛ. Yi w’ani ntɛm na ansɛe w’adwene. Juan yɛ obi a bere bi na ponografi hwɛ aka ne hɔ. Ɔka sɛ: “Sɛ mihu ɔbea bi a ne ho yɛ fɛ a, ɛyɛ a na mepɛ sɛ mehwɛ no san hwɛ no bio. Enti mebɔ mmɔden yi m’ani na meka kyerɛ me ho sɛ: ‘Bɔ Yehowa mpae! Bɔ mpae no seesei ara!’ Mebɔ mpae wie a, ɛnkyɛ na saa adwene no afi me tirim.”—Mateo 6:9, 13; 1 Korintofo 10:13.

Afei susuw ɔbarima nokwafo Hiob ho hwɛ. Ɔkae sɛ: “Apam na me ne m’aniwa ayɛ. Enti ɛbɛyɛ dɛn na matumi de m’adwene akɔ ɔbaabun so?” (Hiob 31:1) Wo nso, adɛn nti na wunsi wo bo sɛ wobɛyɛ nea Hiob yɛe no bi?

Sɔ eyi hwɛ: Sɛ w’ani twa mfonini a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ so a, yi w’ani ntɛm ara. Yɛ w’ade te sɛ Bible kyerɛwfo a ɔbɔɔ mpae yi: “Mma m’aniwa nnhwɛ ahuhude.”—Dwom 119:37.

Nea Ɛto so Abien: Hwɛ Yiye na W’adwene Annaadaa Wo

Wɔwoo yɛn nyinaa wɔ bɔne mu, enti ɛtɔ da a, yɛn kɔn tumi dɔ bɔne. Bible ka sɛ: “Nea ɛsɔ obi hwɛ ne n’ankasa akɔnnɔ a ɛtwetwe no na ɛto no brada. Afei sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne.” (Yakobo 1:14, 15) Wobɛyɛ dɛn na nneɛma annye wo nsam saa?

Sɛ adwemmɔne ba wo tirim a, gyae nea woreyɛ biara na bɔ mpae

Sɛ adwemmɔne ba wo tirim a, kae sɛ wopɛ a na wubedi akyi. Enti kõ di saa akɔnnɔ no so. Sɛ adwene bi ba wo tirim na sɛ ɛnyɛ papa a, nsosɔ so; yi fi wo tirim koraa. Troy yɛ ɔbarima bi a ɔhwɛɛ Intanɛt so ponografi araa ma ɛkaa ne hɔ. N’asɛm a ɔkae ni: “Sɛ adwemmɔne ba me tirim a, na mimia m’ani paa yi fi me tirim. Nea na meyɛ ne sɛ midwinnwen nneɛma pa ho mmom. Ná ɛnna fam. Ɛtɔ da bi a, metare a na awae. Nanso mitumi dii adwemmɔne  so.” Bere a ɔbea bi a wɔfrɛ no Elsa yɛ abeawa no, na akɔnnɔ bɔne taa ba ne tirim. Nea ɔkae ne sɛ: “Ade a ɛboaa me ma midii adwemmɔne so nkonim ne sɛ, na mentena hɔ kwa; daa na mewɔ biribi yɛ. Afei nso na metaa bɔ Yehowa mpae.”

Sɔ eyi hwɛ: Sɛ adwemmɔne ba wo tirim a, gyae nea woreyɛ biara na bɔ mpae. Nea ɛbɛyɛ na woako atia adwemmɔne no, nea ɛsɛ sɛ wudwinnwen ho ne “biribiara a ɛyɛ nokware, biribiara a ɛsom bo, biribiara a ɛteɛ, biribiara a ɛho tew, biribiara a ɛyɛ fɛ, biribiara a wɔka ho asɛm pa, ɔbra pa biara a ɛwɔ hɔ ne biribiara a ɛsɛ ayeyi.”—Filipifo 4:8.

Nea Ɛto so Abiɛsa: Hwɛ W’anammɔn Yiye

Sɛ bɔne ba obi tirim, na sɛ ade ko no de ne ho ba a, wanhwɛ yiye a, ebeyi no ntɛm. (Mmebusɛm 7:6-23) Dɛn na wobɛyɛ na woantɔ bɔne mu?

‘Mehwɛ sɛ nnipa wɔ fie ansa na makɔ Intanɛt so’

Bible ma yɛn saa afotu pa yi: “Onitefo ne nea ohu mmusu na ɔde ne ho hintaw, na ogyimfo de, ɔfa mu, na onya ho asotwe.” (Mmebusɛm 22:3) Enti hwɛ w’anammɔn yiye. Nneɛma a ebetumi de wo akɔ bɔne mu no, di kan fa ho adwene na twe wo ho fi ho. (Mmebusɛm 7:25) Filipe yɛ ɔbarima bi a kan no na ɔtaa hwɛ ponografi. Seesei wagyae hwɛ, na ɔka sɛ: “Mede yɛn abusua kɔmputa no asi baabi a obiara behu nea mereyɛ wɔ so. Afei nso, mede biribi agu kɔmputa no so sɛnea ɛbɛyɛ a mekɔ Intanɛt so a, biribi bɔne biara nyi ne ti. Mehwɛ nso sɛ nnipa wɔ fie ansa na makɔ Intanɛt so.” Troy a yɛadi kan aka n’asɛm no nso ka sɛ: “Menhwɛ sini a ɛtwetwe nna ho akɔnnɔ, na nnipa a wodi nna ho nkɔmmɔ wɔ kwan a ɛmfata so nso, me ne wɔn mmɔ. Mempɛ sɛ mɛyɛ biribiara de afrɛfrɛ bɔne.”

Sɔ eyi hwɛ: Hyɛ da tena ase hwehwɛ wo mu na hu nea ɛwɔ wo ho a ebetumi ama woayɛ bɔne, na da wo ho so.—Mateo 6:13.

MMA W’ABAM MMMU!

Fa no sɛ woayere wo ho denneennen sɛ wubedi sɔhwɛ bi so, nanso nea wuhui ara ne sɛ wahwe ase. Dɛn na wobɛyɛ? Ɛba saa a, mma w’abam mmmu. Bible ka sɛ: “Ɔtreneeni hwe ase mpɛn ason mpo a, ɔbɛsɔre.” (Mmebusɛm 24:16) Yɛn soro Agya no mpɛ sɛ wode ahwease yɛ nna. Ɔpɛ sɛ ‘wosɔre.’ Wobɛma ɔdɔ Nyankopɔn no aboa wo? Ɛnde kɔ so bɔ no mpae. Sua Bible no, na ɛbɛma wo gyidi ayɛ den. Yere wo ho kɔ Kristofo nhyiam daa, na ɛbɛma wo ahoɔden a wode bɛko atia sɔhwɛ. Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ: “Mɛhyɛ wo den. Mɛboa wo.” Ma saa asɛm no nkyekye wo werɛ.—Yesaia 41:10.

Cody a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no, ɔtoa so ka sɛ: “Mebrɛɛ mu paa ansa na meretumi agyae ponografi hwɛ. Mitumi yere me ho ara gyae, na asan agye agu, nanso Onyankopɔn boaa me ma mitumi gyaee koraa.” Dylan nso, yɛaka ne ho asɛm dedaw, na ɔka sɛ: “Midii agorɔ kakraa bi a, anka me ne ababaawa a me ne no wɔ adwumam no dae. Nanso me de me nan sii fam ka kyerɛɛ no sɛ ‘Ɛremma so!’ Ahonim pa a mewɔ no ma me ho tɔ me. Minim sɛ nea meyɛe no nti, Yehowa pɛ m’asɛm paa, na ɛno hia me sen biribiara.”

Wo nso, sɛ woyere wo ho na woamma sɔhwɛ anni wo so a, Onyankopɔn bɛpɛ w’asɛm paa!—Mmebusɛm 27:11.

^ nky. 2 Wɔasesa edin ahorow no.