Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

Ná nkoa asetena te sɛn wɔ tete Roma Ahemman mu?

Kɔnmuade a na wɔde to Roma nkoa kɔn mu

Nnipa pii bɛyɛɛ nkoa wɔ Roma Ahemman no mu. Ebinom wɔ hɔ a, wɔfaa wɔn nnommum wɔ ɔko mu. Afoforo nso de, nnipa bi na wɔkyeree wɔn tɔn wɔn kɔɔ nkoasom mu. Sɛ wɔtɔn wɔn saa a, na wɔn akyi ayera koraa.

Nkoa no bebree wɔ hɔ a, wɔde wɔn yɛɛ adwumaden tuu agude ara kosii sɛ wowuwui. Ebinom nso de, wɔn ti yɛɛ yiye ma wɔde wɔn yɛɛ afumdwuma anaa fie nnwuma. Nkoa no bi wɔ hɔ a, na wotumi de dade kɔnmuade sɛn wɔn kɔn mu. Ná wɔkyerɛw biribi wɔ kɔnmuade no so de kyerɛ sɛ, sɛ akoa no guan a, obiara a ɔbɛkyere no akɔma ne wura no benya akyɛde. Sɛ akoa bi taa guanguan ma wɔkyere no a, na wotumi de dade hyɛ ogya mu de kyerɛw biribi gu ne moma so de kyerɛ sɛ ɔyɛ oguanfo.

Bible nhoma a wɔato din Filemon no ma yehu sɛ ɔsomafo Paulo maa akoa Onesimo a waguan no san kɔɔ ne wura Filemon hɔ. Mmara mu de, na Filemon wɔ hokwan sɛ ɔtwe Onesimo aso paa, nanso Paulo srɛɛ Filemon sɛ ɔmfa n’ani nto no, na ɔmfa ɔdɔ nnye Onesimo “fɛw so.”—Filemon 10, 11, 15-18.

Ɛyɛɛ dɛn na tete Foinike gyee din wɔ tankɔkɔɔ aduru yɛ mu?

Foinike yɛ tete kurow, na baabi a ɛnnɛ Lebanon wɔ no, ɛhɔ baabi na na ɛwɔ. Saa bere no, sɛ yɛka tankɔkɔɔ aduru a, kurow a ɛba obiara tirim ne Foinike. Ná wɔfrɛ aduru no Tiro tankɔkɔɔ aduru, efisɛ na wɔyɛ wɔ Foinike kurow Tiro. Tete Israel hene Solomon de “tankɔkɔɔ” siesiee asɔrefie a osii no mu. Odwumfo bi a ofi Tiro na ɔyɛɛ saa tankɔkɔɔ no.—2 Beresosɛm 2:13, 14.

Tiro tankɔkɔɔ aduru no, na ɛho adwuma yɛ den, na ɛno ka ho bi paa na na ɛsom bo kɛse no. Edi kan, na mpataayifo kɔ po koyi adɔde bi a wɔfrɛ no murex. * Ná woyi adɔde no bebree, efisɛ ansa na wobenya atade biako ho aduru no, na wobehia adɔde no bɛyɛ 12,000. Wonya adɔde no wie a, wotutu wɔn akyi konkuro no. Afei woyiyi wɔn yam ade a wonya aduru no fi mu no de nkyene fra, na wɔhata no nnansa. Ɛno akyi no, wohwie ne nyinaa gu ade mu de ɛpo nsu fra. Wɔkata so, na wɔaka ase gya nna kakra.

Nea ɛboa maa Foinikefo tumi yɛɛ Tiro tankɔkɔɔ tɔnee mfe ɔhaha pii ne sɛ, na wonim aguadi, na afei nso wɔko dii nkurow pii so. Nhwehwɛmufo akohu Tiro tankɔkɔɔ aduru no ho nneɛma bi wɔ nkurow a atwa Mediterranea Po no ho ahyia no bi mu. Wokohuu bi mpo wɔ atɔe fam tɔnn wɔ Spain kurow Cádiz mu.

^ nky. 8 Adɔde yi akyi konkuro tenten bɛyɛ sɛntimita 5 kosi 8.