Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE NO ADWENE

Adwuma

Adwuma

Wɔkyerɛw Bible no nyɛ nnɛ, nanso emu afotu ntwam da. Enti nea ɛka fa adwuma ho no da so ara yɛ nokware.

Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yɛnya wɔ adwuma ho?

NEA NKURƆFO KA

Nnɛ adwuma ho yɛ na, enti wonya bi a ɛsɛ sɛ woku wo ho yɛ, efisɛ ɛno ne wo biribiara! Adwene a ɛte saa ama ebinom de wɔn werɛ nyinaa ahyɛ wɔn adwuma mu. Wɔnnwene wɔn apɔmuden ho na kampɛsɛ wɔn abusua.

NEA BIBLE KA

Bible ma yɛnya adwuma ho adwempa. Ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ adwumaden, na ɛkasa tia akwadworɔ. (Mmebusɛm 6:6-11; 13:4) Nanso ɛnka sɛ yɛnkum yɛn ho mma adwuma. Mmom ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛyɛ adwuma a, yɛnnye bere nhome. Ɔsɛnkafoɔ 4:6 ka sɛ: “Ɔhome nsa mã yɛ sene ɔbrɛ ne adehunu nsa mã mmienu akyiridie.” Enti ɛnsɛ sɛ yɛma adwuma gye yɛn ti na yɛbu yɛn ani gu yɛn akwahosan so anaa yɛto yɛn abusua agyaagyaamu. Woma adwuma ku wo a, mfaso biara nni so!

“Onipa wɔ hɔ yi, biribi pa bi nni hɔ mma no sɛ ɔbɛdidi na wanom na wama ne kra ahunu adepa, ne brɛ mu.”Ɔsɛnkafoɔ 2:24.

Ɛnneɛ, adwuma bɛn na wobɛyɛ?

NEA NKURƆFO KA

Sɛ akatua no yɛ a, ɛnneɛ adwuma no yɛ. Saa adwene yi ne sika anibere nti ebinom de wɔn ho ahyɛ nnwuma bi a mmara mma kwan mpo mu. Afoforo nso bu nkurɔfo fa so.

Ebinom de adwuma pɔtee bi asi wɔn ani so, na sɛ wɔannya ɛno a wɔmpɛ adwuma foforo biara. Afoforo nso pɛ adwuma a ɛbɛma yɛahu sɛ wɔn ne asomasi anaa ɔbenten. Sɛ wɔannya biribi saa a, wɔntene wɔn ho nyɛ adwuma foforo biara, na daa na wɔrebɔ “laselase.” Woma wɔn adwumapa mpo a wɔrenyɛ, efisɛ wɔbu no sɛ ɛmfata wɔn.

NEA BIBLE KA

Adwuma a ɛma obi bɔ nkurɔfo apoo anaa ɛdi afoforo awu deɛ, Bible kasa tia. (Leviticus 19:11, 13; Romafoɔ 13:10) Obi yɛ adwumapa a, afoforo nya so mfaso na ɛboa no ma ‘ɔkura ahonim pa mu.’—1 Petro 3:16.

Bible ma yɛhu sɛ yɛyɛ adwuma de hwɛ yɛn ho ne yɛn mmusua, na yɛmfa mpɛ din. Ampa, obiara pɛ sɛ ɔyɛ adwuma a n’ani gye ho, nanso ɛnsɛ sɛ yɛma adwuma gye yɛn adwene nyinaa.

“Me papa nni ne ho adagyeɛ koraa. Ɔyɛ adwuma na ɔsan wɔ asɛyɛde pii wɔ Yehowa Adansefo asafo no mu. Nanso ɔhwɛ yɛ ne nyinaa kama. Nokwasɛm ne sɛ ɔnya bere ma me ne me nuabaa ne yɛn maame, na ɔtoto biribiara pɛpɛɛpɛ.”—Alannah.

Daa nneɛma boɔ kɔ soro, enti sɛnea yɛbɛhwɛ yɛn ho ne yɛn mmusua bɛtumi agya yɛn adwennwene. Nanso Bible tu yɛn fo sɛ yɛnyɛ yɛn ho awiɛmfoɔ. Ɛka sɛ: “Sɛ yɛwɔ yɛn ano aduane ne deɛ yɛde kata yɛn ho a, yɛbɛma ɛno ara adɔɔso ama yɛn.” (1 Timoteo 6:8) Nea Bible reka yi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde nneɛma kame yɛn ho. Mmom ɛsɛ sɛ yɛhu nneɛma a yɛhia na yɛanyɛ atotɔ atotɔ.—Luka 12:15.

NEA ƐSƐ SƐ WOYƐ

Ma w’ani mmere adwuma, na mfa nni agorɔ. Sɛ ɛyɛ adwuma a w’ani nnye ho anaa wosusu sɛ ɛba fam mpo a, yi wo yam yɛ no yie. Adwumaden bɛma woanya akomatɔyam, na sɛ woyi wo yam yɛ a, w’ani bɛgye.

Bere a woreyɛ wei nyinaa no, hwɛ sɛ woremma adwuma nnye wo ti. Ɛwom ara a, gye bere home na dwodwo wo ho. Nanso kae sɛ woyere wo ho yɛ adwuma a, ɛnna wohu paa sɛ ahomegye yɛ dɛ. Afei nso sɛ yɛtumi yɛ adwuma hwɛ yɛn ho ne yɛn mmusua a, ɛma yɛn ani gye, na yɛn abusuafo ne afoforo di yɛn ni.—2 Tesalonikafoɔ 3:12.

“Monnnwennwene nnka sɛ, ‘Ɛdeɛn na yɛbɛdie?’ anaasɛ, ‘Ɛdeɛn na yɛbɛnom?’ anaasɛ, ‘Ɛdeɛn na yɛbɛhyɛ?’ . . . Na mo soro Agya nim sɛ mohia saa nneɛma yi nyinaa.”—Mateo 6:31, 32.