Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | WOMA W’ABAM BU NTƐM?

Ɔhaw No: Adwennwene

Ɔhaw No: Adwennwene

WO HAW ne sɛn? Awerɛhoɔ na ahyɛ wo so? Obi na ahyɛ wo abufuo? Anaa woanya obi ho menasepɔ? Sɛ woma nneɛma saa hyɛ wo so a, ɛbɛgye w’adwene ne w’ahoɔden nyinaa na worenya bere mfa nyɛ nneɛma a ɛho hia mpo. Ɛnneɛ, dɛn na wobɛtumi ayɛ wɔ ho? *

NHWƐSO A ƐWƆ BIBLE MU: DAWID

Ɔhene Dawid faa ɔhaw pii mu na wei maa ɔteetee na ɔdii yaw. Nanso wamma n’abam ammu. Dɛn na ɛboaa no? Dawid de n’asɛm nyinaa maa Onyankopɔn. (1 Samuel 24:12, 15) Afei nso, nea ɔfaa mu nyinaa ɔkyerɛw too hɔ. Ná Dawid gyidi mu yɛ den, enti na ɔmfa mpaebɔ nni agorɔ. *

NEA GREGORY YƐE

Sɛnea yɛadi kan aka no, Gregory anya adwenemyare bi a ɛreteetee no. Ɔka sɛ: “Na mema nneɛma hyɛ me so dodo, enti daa na mahaw.” Dɛn na aboa no? Tie n’anom asɛm: “Memaa me yere ne me nnamfo boaa me. Afei mekɔhuu dɔkota na mesuaa me yareɛ no ho adeɛ pii. Mehuu sɛ ɛhia sɛ mehwɛ me ho so yie. Meyɛɛ saa no, me ho baee me na yareɛ no anhunahuna me bio. Ɛwom ara a na ayi ne ti kakra. Nanso seesei menim nea ɛkɔtwetwe yareɛ no ba ne nea mɛyɛ de asɔ ano.”

“Anigyeɛ akoma sa yareɛ.”—Mmebusɛm 17:22

NEA WOBƐTUMI AYƐ

Sɛ adwennwene reteetee wo a, sɔ wei hwɛ:

  • Kyerɛw nea ɛreyɛ wo no ho asɛm to hɔ.

  • Ka ho asɛm kyerɛ wo busuani anaa w’adamfo paa.

  • Sɛ nneɛma pɛ sɛ ɛhyɛ wo so a, nnyegye so. Sɛ ɛyɛ wo sɛ wotɔ sin wɔ biribi mu a, bisa wo ho sɛ, ‘Saa na ɛte ankasa anaa me na mebu me ho saa?’

  • Mma adwennwene, abufuo, anaa obi ho menasepɔ nhyɛ wo so. Nnwennwene nneɛma ho nha wo ho. Fa saa bere no yɛ biribi papa. *

Nea Ɛhia sɛ Wohyɛ no Nsow: Mpɛn pii no, ɛnyɛ nneɛma a yɛrefa mu na ɛde adwennwene ba, na mmom sɛnea yɛhu no.

^ nky. 3 Yareɛ bɛtumi de adwennwene abɛsoa wo so. Sɛ ɛba saa a, ɛsɛ sɛ wopɛ ano aduro. Nyan! nyɛ nwoma a yɛde bɔ aduro anaa ayaresa pɔtee bi ho dawuru. Sɛ wopɛ ayaresa bi a, ɛsɛ sɛ wo ara wohwehwɛ mu si ho gyinae.

^ nky. 5 Nnwom nwoma no mu nsɛm pii yɛ Dawid mpaebɔ.

^ nky. 13 Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a wɔato din “Sɛnea Wobɛdi Dadwene So” wɔ July 1, 2015 Ɔwɛn-Aban mu.