Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Onipa Nhunumu Twentwɛn N’abufuo Ase”

“Onipa Nhunumu Twentwɛn N’abufuo Ase”

Kookyi bi a na ɔhwɛ baskɛtbɔɔl so wɔ sukuu bi mu antumi anni n’abufuo so, enti wɔpamoo no.

Nea abɔfra bi pɛ a wannya nti, ne bo fuiɛ ma ɔkekaa mu dendeenden.

Abarimaa bi yɛɛ ne dan mu basaa ma ɛkɔfaa ɔham baa ɔne ne maame ntam.

YƐN nyinaa ahu obi a ne bo afu pɛn. Yɛn nso, ɛyɛ a yɛn bo tumi fu. Yɛnim sɛ abufuo nyɛ adepa, nanso sɛ obi yɛ biribi a yɛsusu sɛ ɛmfa kwan mu a, yɛn bo tumi fu. Apɔmuden kuo bi mpo deɛ, wɔka sɛ “abufuo nyɛ adebɔne, na mfasoɔ mpo wɔ so.”American Psychological Association.

Asɛm bi a Onyankopɔn honhom kaa Kristo somafoɔ Paulo ma ɔtwerɛeɛ nti, anhwɛ a wobɛka sɛ saa kuo no asɛm no tɔ asom. Nea ɔtwerɛɛ no kyerɛ sɛ ɛtɔ da a yɛn bo tumi fu. Ɛka sɛ: “Mo bo mfu, nanso monnyɛ bɔne; mommma awia nnkɔtɔ mo so mo abufuo mu.” (Efesofoɔ 4:26) Ɛnneɛ, sɛ yɛn bo fu a, ɛsɛ sɛ yɛma ɛda adi anaa ɛsɛ sɛ yɛka hyɛ?

WO BO FU A WOAYƐ BƆNE?

Bere a Paulo de abufuo ho afotuo rema no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔdwontofoɔ bi asɛm wɔ ne tirim. Ɔdwontofoɔ no twerɛɛ sɛ: “Mo bo fu a, monnyɛ bɔne.” (Dwom 4:4) Nanso, asɛm a Onyankopɔn honhom kaa Paulo ma ɔkaeɛ no, adwene bɛn paa na na ɛwɔ akyi? Paulo toaa n’asɛm no so sɛ: “Momma wɔnyi menasepɔ nyinaa ne abufuo ne bobɔne ne nkekamu ne kasatia mfiri mo mu, ɛne adebɔne biara.” (Efesofoɔ 4:31) Nea na Paulo rekyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ Kristofoɔ hyɛ wɔn ho so wɔ abufuo ho. Apɔmuden kuo bi asɛm a yɛaka dada no, ɛtoa so sɛ: “Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, sɛ wo bo fu na woanka anhyɛ a, ɛma abufuo no yɛ kɛse, na ɛmmoa.”

Ɛnneɛ yɛbɛyɛ dɛn ‘ayi abufuo’ ne ɛho nsunsuanso bɔne no nyinaa afi yɛn mu? Onyansafoɔ Solomon a ɔdii tete Israel so hene no twerɛɛ sɛ: “Onipa nhunumu twentwɛn n’abufuo ase, na ɛyɛ animuonyam ma no sɛ ɔbɛbu n’ani agu bɔne soɔ.” (Mmebusɛm 19:11) Sɛ obi bo fu a, ɛbɛyɛ dɛn na “nhunumu” atumi aboa no?

SƐNEA NHUNUMU BƐTUMI ATWENTWƐN ABUFUO ASE

Obi a ɔwɔ nhunumu nhwɛ nneɛma aniani kɛkɛ. Mmom no, ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛhu asɛm bi mu yie. Ɛnneɛ asɛm a yɛbɛhu mu yie no bɛboa yɛn sɛn bere a yɛn bo afu no?

Sɛ obi yɛ biribi a ɛntwa yie a, ɛbɛtumi ama yɛn bo afu. Nanso, sɛ yɛanhyɛ yɛn ho so na yɛyɛ basabasa a, ɛbɛwie aseɛ no na akɔfa ɔhaw abrɛ yɛn anaa afoforɔ. Sɛnea obi sɔ gya na wanhwɛ no yie a ɛbɛtumi ahye ne fie no, saa ara nso na yɛn bo fu na yɛanni so a, ɛbɛtumi asɛe yɛn din na asɛe yɛne afoforɔ ntam. Ɛbɛtumi mpo asɛe yɛne Onyankopɔn ntam. Enti sɛ yɛhu sɛ yɛn bo refu a, ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase hwehwɛ nea asi no mu yie. Ɛno bɛma yɛahu asɛm no ani so yie na yɛatumi ahyɛ yɛn abufuo so.

Solomon papa, Ɔhene Dawid sei, ɛkaa dɛ anka ɔrekɔkum ɔbarima bi a wɔfrɛ no Nabal. Anka ɛno bɛma wadi mogya ho fɔ, nanso obi boaa no ma ɔdwenee nneɛma ho kɔɔ akyiri. Nea ɛbaeɛ ne sɛ, bere a Nabal nnwan wɔ Yudea sare so no, Dawid ne mmarima a wɔka ne ho no bɔɔ wɔn ho ban. Ná Nabal retwitwa ne nnwan ho nwi, na Dawid soma kɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔn aduane. Asɛm a Nabal ka kyerɛɛ Dawid ne sɛ: “Memfa m’aduane ne me nsuo ne me nam a makum atwitwa ama me nnwan ho twitwafoɔ no mma mmarima a mennim deɛ wɔfire mpo?” Adapaatwa paa nie! Dawid tee ara pɛ na ɔfaa mmarima 400 kaa ne ho sɛ wɔrekɔkunkum Nabal ne ne fiefoɔ nyinaa.1 Samuel 25:4-13.

Nabal yere Abigail tee nea aba no, ɔsiim sɛ ɔrekɔhyia Dawid. Bere a Abigail huu Dawid ne ne mmarima no, ɔbɔɔ ne mu ase kaa sɛ: “Ma w’afenaa nkasa w’asom, na tie w’afenaa asɛm.” Afei ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ Nabal agyimi, na sɛ ɔdi n’akyi kɔhwie mogya gu a, ɔbɛnu ne ho.1 Samuel 25:24-31.

Ɛdeɛn na ɛwɔ Abigail asɛm no mu a ɛmaa Dawid nyaa nhunumu a enti wanyɛ basabasa? Nea ɛdi kan, Dawid bɛhuu sɛ agyimisɛm ne Nabal na ɛte, enti sɛnea ɔyɛɛ n’adeɛ no, saa ara na ne suban teɛ. Afei, Dawid huu sɛ, ɔka sɛ ɔretua Nabal bɔne so ka a, ɔbɛtumi adi mogya ho fɔ. Wo nso, sɛnea Dawid bo fui no, biribi bɛtumi ama wo bo afu. Ɛba saa a, deɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Apɔmuden adwumakuo bi ka sɛnea wobɛhyɛ w’abufuo so ho asɛm sɛ: “Twe mframa kɔ wo mu na kan fi 1 kɔsi 10.” (Mayo Clinic) Enti sɛ wo bo fu a, twɛn na susu nea akɔfa ɔhaw no aba no ho. Nsunsuanso a nea wopɛ sɛ woyɛ no de bɛba nso, dwen ho. Ma nhunumu ntwentwɛn w’abufuo ase anaa ɛntu aseɛ koraa.1 Samuel 25:32-35.

Ɛnnɛ nso, nnipa pii de nhunumu ayɛ adwuma ma wɔatumi ahyɛ wɔn abufuo so. Baako ne aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Sebastian. Bere a ɔdii mfie 23 no, na ɔda afiase wɔ Poland man mu. Bible a ɔsuaeɛ nti, ɔhuu sɛnea ɔbɛhyɛ n’abufuo so. Ɔkaa sɛ: “Medi kan susu ɔhaw no ho. Afei mebɔ mmɔden sɛ mede Bible mu afotuo bɛdi ho dwuma. Mabɛhu sɛ nhoma biara nni hɔ a ɛbɛtumi aboa wo te sɛ Bible.”

Bible mu afotusɛm bɛtumi aboa wo ama woahyɛ wo ho so

Saa ara na aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Setsuo nso yɛeɛ. Ɔkaa sɛ: “Kane no, sɛ nkurɔfoɔ gyegye me wɔ adwumam a, na meteɛteɛm gu wɔn so. Nanso, ɛfi bere a mesuaa Bible no, obi yɛ me biribi a, menteɛteɛm bio. Mmom no, medi kan susu ho sɛ: ‘Hwan na mfomsoɔ no fi no? Ɛnyɛ me ara me mfomsoɔ?’” Saa a Setsuo yɛeɛ nti, ɔtumi twentwɛnee n’abufuo ase, na biribi ha no nso a, ɔtumi di so.

Ɛyɛ den paa sɛ yɛbɛdi abufuo so, nanso tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu nti, yɛbɛtumi adi so koraa. Sɛ wode Bible mu afotusɛm a nyansa wom no di dwuma na wobɔ Onyankopɔn mpaeɛ srɛ ne mmoa a, wo nso wobɛtumi ama nhunumu atwentwɛn w’abufuo so, na woadi so mpo.