Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Dɛn na ɛbɛboa mmɔfra ama wɔadɔ Onyankopɔn?

Wo ne wo ba nsua adebɔ ho adeɛ ma ɔnhu Onyankopɔn na ɔnnɔ no

Sɛ wo mma bɛdɔ Onyankopɔn a, gye sɛ wɔhu biribi a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn te ase na ɔdɔ wɔn. Sɛ wɔbɛnya ɔdɔ ama Onyankopɔn a, ɛsɛ sɛ wɔhu no yie. (1 Yohane 4:8) Nneɛma a ɛhia sɛ wɔnya ho mmuaeɛ no bi ni: Dɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ nnipa? Adɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu kɔ so? Dɛn na Onyankopɔn bɛyɛ ama yɛn daakye?Kenkan Filipifoɔ 1:9.

Wopɛ sɛ wo mma dɔ Onyankopɔn a, ma wɔnhu sɛ wo nso wodɔ no. Ɛba saa a, wɔbɛsuasua wo.Kenkan Deuteronomium 6:5-7; Mmebusɛm 22:6.

Wobɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ wo mma ama aka wɔn koma?

Onyankopɔn Asɛm wɔ tumi. (Hebrifoɔ 4:12) Enti boa wo mma ma wɔnnya mu nteaseɛ a ɛfata. Sɛ Yesu rekyerɛkyerɛ nkurɔfoɔ a, na ɔtaa bisa wɔn nsɛm sɛnea ɛbɛyɛ a asɛm no bɛka wɔn koma. Afei nso na ɔtie wɔn na ɔkyerɛkyerɛ Twerɛnsɛm mu kyerɛ wɔn. Sɛ wo nkyerɛkyerɛ bɛka wo mma koma a, ɛsɛ sɛ wosua akwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛeɛ no.Kenkan Luka 24:15-19, 27, 32.

Sɛ mmɔfra no sua Bible na wɔhu sɛnea ɛfi tete Onyankopɔn ne nnipa adi nsɛm a, ɛbɛma wɔahu no yie na wɔadɔ no. Nneɛma bi wɔ www.ps8318.com/tw a ɛbɛtumi aboa mmɔfra ma wɔayɛ saa.Kenkan 2 Timoteo 3:16.