Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | WOBƐTUMI AFA ONYANKOPƆN ADAMFOƆ

Ɛyɛ a Wo ne Onyankopɔn Bɔ Nkɔmmɔ?

Ɛyɛ a Wo ne Onyankopɔn Bɔ Nkɔmmɔ?

Nnamfo deɛ, hokwan biara a wɔbɛnya no, wɔn mu biara bɔ mmɔden sɛ ɔbɛte ne yɔnko nka. Wɔtumi bɔ nkɔmmɔ wɔ tɛlɛfon anaa kɔmputa so, anaasɛ wɔtwerɛ wɔn ho krataa. Onyankopɔn nso, sɛ yɛne n’adamfofa bɛdi mu a, ɛsɛ sɛ yɛtaa ne no bɔ nkɔmmɔ. Nanso yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

Sɛ yɛbɔ mpaeɛ a, ɛkyerɛ sɛ yɛne Yehowa rebɔ nkɔmmɔ. Nanso ɛnyɛ yɛn tipɛn ne Onyankopɔn. Enti sɛ yɛne no rebɔ nkɔmmɔ a, ɛsɛ sɛ yɛhu kwampa a yɛbɛfa so ne no akasa. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yɛne Onyankopɔn a ɔbɔɔ soro ne asase ne emu nneɛma nyinaa na ɛrekasa. Enti ɛsɛ sɛ yɛne no kasa obuo ne nidie mu. Sɛ Onyankopɔn bɛtie yɛn mpaebɔ aso pa mu a, ɛnneɛ ɛhia sɛ yɛdi ɛho akwankyerɛ so. Akwankyerɛ no mu mmiɛnsa na ɛdidi so yi.

Nea ɛdi kan, Yehowa Nyankopɔn nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpaeɛ. Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ Yesu, “ɔhoteni,” anaa ohoni biara mpaeɛ. (Exodus 20:4, 5) Bible ka no pefee sɛ: “Momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim adeɛ nyinaa mu.” (Filipifoɔ 4:6) Nea ɛtɔ so mmienu, sɛ yɛrebɔ mpaeɛ a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ wɔ Onyankopɔn Ba Yesu Kristo din mu. Yesu ankasa kaa sɛ: “Obiara mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam me so.” (Yohane 14:6) Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, ɛsɛ sɛ yɛn mpaebɔ ne Onyankopɔn apɛdeɛ hyia. Bible ka sɛ: “Biribiara a yɛbisa sɛdeɛ n’apɛdeɛ teɛ no, ɔtie yɛn.” *1 Yohane 5:14.

Nnamfo pa taa bɔ nkɔmmɔ. Wei ka bi a, na wei nso aka bi

Nanso, sɛ nnipa mmienu fa adamfoɔ na sɛ da biara baako nko ara na ɔkasa a, ɛbɛyɛ dɛn na adamfofa no agyina? Yɛne Onyankopɔn adamfofa nso, saa ara na ɛteɛ. Ɛsɛ sɛ yɛma ɔno nso kasa kyerɛ yɛn. Ɔkasa nso a, ɛsɛ sɛ yɛtie. Wonim ɔkwan a Onyankopɔn fa so ne yɛn kasa?

Yehowa Nyankopɔn nam n’Asɛm Bible so na ɛkasa kyerɛ yɛn nnɛ. (2 Timoteo 3:16, 17) Dɛn na ɛma yɛka saa? Wo deɛ ma yɛnyɛ mfatoho bi: Fa no sɛ wowɔ hɔ ara na wonyaa krataa fii w’adamfo paa hɔ. Wokenkan wie a, ebia wode anigyeɛ bɛkeka akyerɛ nkurɔfoɔ sɛ, “Mate m’adamfo nka o!” Nanso woante ne nne, twerɛ na ɔtwerɛɛ wo. Bible te sɛ saa krataa no. Sɛ wokenkan a, na worema Onyankopɔn akasa akyerɛ wo. Ɛno nti, Gina a yɛkaa ne ho asɛm wɔ Ɔwɛn-Aban yi ahyɛase no kaa sɛ, “Sɛ Onyankopɔn bɛfa me adamfoɔ a, ɛnneɛ Bible a ɛte sɛ ‘krataa’ a watwerɛ ama yɛn no, ɛsɛ sɛ mekenkan.” Ɔtoaa n’asɛm no so sɛ, “Bible a mekenkan no da biara no ama me ne Onyankopɔn adamfofa no mu ayɛ den.” Wo nso ɛ? Wokenkan Onyankopɔn Asɛm Bible no da biara? Woyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ wo nso woama Yehowa rekasa akyerɛ wo, na ɛno bɛma mo adamfofa no asɔ.

^ nky. 5 Sɛ wopɛ Onyankopɔn adamfofa ho nsɛm pii a, hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 17. Yehowa Adansefoɔ na wɔtintimii.