Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere a Wo Ho Nipa Bi Yare

Bere a Wo Ho Nipa Bi Yare

“Bere a wɔgyee Paapa too ayaresabea no, wɔyɛɛ ne mogya mu nhwehwɛmu. Da a wɔrebɛyi no no, yɛsrɛɛ dɔkota no sɛ ɔnka nea ɔhuiɛ nkyerɛ yɛn. Dɔkota no ka kyerɛɛ yɛn sɛ biribiara yɛ kama, nanso ɔsan hwɛɛ mu bio. Nea ɔhuiɛ no maa ne ho dwirii no! Sɛɛ na nneɛma mmienu bi nkɔ yie koraa. Ɔpaa yɛn kyɛw na ɔma yɛkɔhuu dɔkota foforo. Seesei Paapa ho yɛ na ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛanka yɛn ano antom.”—Maribel.

Ansa na mobɛkɔ akɔhu dɔkota no, kyerɛw nea ɛreha yarefo no ne aduro a ɔfa

Sɛ obi yare na ɔredi ayaresabea akɔneaba anaa wɔgye no to hɔ a, ɛyɛ den paa. Nea ɛtoo Maribel no ma yɛhu sɛ, sɛ obi kɔ tebea a ɛte saa mu na ne nnamfo anaa abusuafo sɔ ne mu a, ɛboa paa; ɛbɛtumi mpo agye no nkwa. Ɛnneɛ, sɛ wo ho nipa bi yare a, wobɛyɛ dɛn aboa no?

Ansa na ɔbɛkɔ akɔhu dɔkota. Boa ɔyarefo no ma ɔnkyerɛw nea ɛreyɛ no, nnuro a ɔrefa ne nea ɛkeka ho nyinaa nto hɔ. Nsɛm a ɔpɛ sɛ ɔbisa dɔkota no nyinaa nso, monkyerɛw nka ho. Boa no ma ɔnkaakae sɛnea ɛyɛeɛ a yareɛ no baeɛ. Afei ɔnhwɛ sɛ ebi ayɛ ne busuani bi pɛn anaa. Nnya adwene sɛ dɔkota no nim yareɛ no ho nsɛm dada anaa ɔno ara bɛbisa ho nsɛm nyinaa.

Sɛ dɔkota no rekasa a tie, na wonte biribi ase a, bisa na yɛ kyerɛwtohɔ

Bere a mowɔ dɔkota no nkyɛn. Sɛ ɔka biribi a, monhwɛ sɛ mote ase yie. Monte biribi ase a, mommisa; mommfa mo adwene mmmu biribiara. Ma ɔyarefo no nkasa, na sɛ ɔnte biribi ase a, ɔmmisa. Sɛ dɔkota no rekasa a, tie no yie na yɛ kyerɛwtohɔ. Ma ɔnkyerɛ akwan a ɔbɛtumi afa so asa yareɛ no. Ɛdu baabi a, ɛho bɛhia sɛ woma ɔyarefo no hu sɛ ɔbɛtumi akɔhu dɔkota foforo atie nea ɔno nso wɔ ka.

Wo ne ɔyarefo no nsan nhwɛ akwankyerɛ a dɔkota no de ama ne nnuro a ɛsɛ sɛ mo nsa ka

Bere a moakɔhu dɔkota no aba. Wo ne ɔyarefo no nsusu nsɛm a dɔkota no kaeɛ ho. Boa no ma ne nsa nka nnuro a dɔkota akyerɛw ama no nyinaa. Hwɛ sɛ mobɛnya aduro papa atɔ. Afei hwɛ ma ɔmfa n’aduro bere-ano bere-ano. Sɛ nnuro no bi ne ne ho nnye a, bɔ dɔkota no amanneɛ ntɛm ara. Ka ne koma to ne yam, na hyɛ no nkuran ma ɔnni akwankyerɛ biara a dɔkota no de ama no so. Sɛ ɛhia sɛ ɔsan kɔhu dɔkota no a, hwɛ sɛ ɔbɛyɛ saa. Biribiara a ɛhia sɛ ɔhu fa ne yareɛ no ho no, boa no na ɔnhu.

Bere a Mowɔ Ayaresabea

Hwɛ sɛ moahyehyɛ krataa biara pɛpɛɛpɛ

Ma w’ani nna hɔ, mma wo bo ntu. Sɛ obi yare na ɔkɔ ayaresabea a, mpɛn pii no ɔyɛ hahaaha. Enti worekɔgya obi a ɔte saa a, mmɔ hu; mmom ma w’ani nna hɔ. Wei bɛma obiara ho abae no na moakwati mfomso nketenkete. Sɛ morehyehyɛ krataa bi a, hwɛ sɛ biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ. Ma ɔyarefo no kwan ma ɔno ankasa nsi ne gyinae. Nanso sɛ yareɛ no mu yɛ den ma enti ɔntumi nyɛ hwee a, ɛnneɛ hwɛ biribi a wakyerɛw ato hɔ na di so. Sɛ ne busuani bi wɔ hɔ anaa wapaw obi sɛ ɔnhwɛ n’ayaresa ho nsɛm a, ɛnneɛ ma n’aso nte ntɛm. *

Wohu biribi wɔ ɔyarefo no ho a, to wo bo ase kyerɛkyerɛ mu kyerɛ dɔkota no

Nsuro sɛ wobɛkasa. Sɛ asɛm bi ha wo anaa wonte biribi ase a, ka. Sɛ adɔkotafo ne nɛɛsefo hu sɛ wodi wo ho ni na wobu adeɛ a, ɛbɛka wɔn ma wɔate wɔn ani ahwɛ ɔyarefo no. Wokɔ ayaresabea pii a, wobɛhu sɛ ɛnyɛ dɔkota baako pɛ na ɔhwɛ yarefo. Enti sɛ dɔkota baako ka biribi na ɛdu ɔfoforo so a, wobɛtumi ama no ahu asɛm a dɔkota a ɔdi kan no kaeɛ. Wonim ɔyarefo no, enti sɛ ne kasa anaa ne nneyɛe bi asesa a, wobɛtumi ama dɔkota no ahu.

Nea ɛsɛ sɛ woyɛ biara yɛ, nanso hwɛ na wantwitware wɔn ananmu

Da obuo adi na kyerɛ anisɔ. Wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ ayaresabea no brɛ paa. Enti nya tema ma wɔn. (Mateo 7:12) Ma wɔnhu sɛ wobu wɔn na w’ani sɔ ntetee ne osuahu a wɔanya ne adwuma a wɔreyɛ nyinaa. Wei bɛhyɛ wɔn nkuran na wɔayi wɔn yam ayɛ adwuma.

Obiara nni hɔ a ɔbɛtumi akwati yareɛ. Nanso sɛ yɛn adamfo anaa yɛn busuani bi yare na yɛboa no sɛnea yɛbɛtumi a, yareɛ no remmunkam ne so.—Mmebusɛm 17:17.

^ nky. 8 Ɔman biara ne sɛnea wɔdi nsɛm a ɛte saa ho dwuma. Hwɛ sɛ ɔyarefo no akyerɛw n’ayaresa ho nsɛm ato hɔ, na biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ.